Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow So
1 Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ wobɛka nokware no akyerɛ afoforo na wone wɔn akyɛ Ahenni ho asɛmpa no! (Aso. 15:3) Nanso yɛn bere a yɛde bɛyɛ eyi no sua. Nyansa mu no, Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ma yenya Bible sua mmoa ahorow a yebetumi agyaw ama anigyefo na aboa wɔn ma wɔanya nkɔso bio. Yɛpɛ sɛ yɛda mmoa ahorow yi adi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
2 September mu no yɛde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti, “Nea Ɛma Wonya Anigye” no na ebedi dwuma na yɛde nhomawa ahorow yi mu biara ama: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, anaasɛ The Divine Name That Will Endure Forever. Ansa na yɛbɛkɔ asɛnka no, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛbɛda Bible mmoa ahorow yi adi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ne sɛnea ɛne yɛn Nkɔmmɔbɔ asɛmti a egyina anigye so no behyia no ho.
NYANSAHYƐ AHOROW BI
3 Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!: Saa nhomawa yi tumi kanyan mmofra ne wɔn a wontumi nkenkan ade pii no kɛse. Wɔde nɔma ahyɛ mfonini ne kyerɛw nsɛm ahorow no agyirae na ayɛ mmerɛw sɛ wobehu. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada no adi? Sɛ́ nea wode wie wo nkɔmmɔbɔ a ɛfa anigye ho no, wubetumi aka sɛ: “So wobɛpɛ sɛ wunya anigye wɔ asase so da bi? [Ma ommua.] Hwɛ nnipa a wɔn ani agye mfonini fɛfɛ a ɛwɔ Bible sua mmoa yi mu no. [Dan kɔ mfonini 49 so na kenkan nsɛm a ɛwɔ mfonini no atifi no.] Saa nhomawa yi bɛboa wo ma woasua sɛnea Bible no betumi aboa wo ma wone nnipa a wɔwɔ anigye sɛɛ no atra ase na moanya asetra mu anigye daa wɔ asase so. Ɛbɛyɛ wo de bere a woatua ntoboa ¢50 no.”
4 Wɔ nnianim asɛm tiaa bi akyi no, ɔdawurubɔfo kumaa bi betumi de nhomawa no ama denam eyi a ɔbɛka no so: “Yɛde nhomawa yi a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn de anigye bɛbrɛ nnipa wɔ asase so no rema nkurɔfo. Hyɛ akyi no a ɛkyerɛ sɛnea nnipa a wɔwɔ anigye nya asetra mu anigye ankasa no nsow. Migye di sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan pii fa eyi ho na wohwehwɛ mfonini ne kyerɛw nsɛm ahorow a ɛwɔ nhomawa yi mu no mu. Ɛbɛyɛ wo de bere a woatua ntoboa ¢50 no.”
5 Nniso a Ɛde Paradise Bɛba: Saa nhomawa yi twe adwene si Onyankopɔn Ahenni—Yesu nkrasɛm no ne yɛn de no asɛmti—no so. Akwan horow abien a wubetumi afa so de nhomawa yi atõa wo nkɔmmɔbɔ a egyina anigye so no mu ni:
6 “Wɔn a wɔn ani sɔ Onyankopɔn Asɛm na wodi so ampa no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya asetra a anigye wom wɔ Onyankopɔn nniso ase. Eyi ne nniso a ɛde Paradise tebea horow bɛba asase so nyinaa no. Wɔakyerɛkyerɛ mu yiye wɔ nhomawa yi mu na wubetumi agye no ¢50 pɛ. Hyɛ nea wɔka fa saa nniso yi ho no nsow wɔ kratafa 3.” Afei kenkan nkyekyem no.
7 Anaasɛ, “Ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn Asɛm so no ani gye mprempren nko, na mmom wɔhwɛ kwan sɛ wobenya anigye a ɛsen biara. Saa Bible sua mmoa yi kyerɛ nea enti a wɔn a wodi Onyankopɔn Asɛm so no benya anigye no wɔ kratafa 29. [Fa nsɛmpɔw atitiriw a ɛwɔ kratafa 29 no kyerɛ ofiewura no.] Migye di sɛ w’ani begye sɛ wobɛkenkan eyi ho ade pii. Wubetumi agye nhomawa a etumi kyerɛkyerɛ yi ¢50.”
8 The Divine Name That Will Endure Forever: Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ anigye hwehwɛfo hu anigye Nyankopɔn, Yehowa. no ho ade yiye. Enti wubetumi ada nhomawa no adi wɔ saa kwan yi so: “Nea ɛbɛyɛ na obi ahu Onyankopɔn Asɛm na wadi so no, ɛsɛ sɛ ohu Onyankopɔn ankasa yiye. Eyi ne ade biako a enti yɛde Bible sua mmoa a etumi kyerɛkyerɛ yi rema nkurɔfo no. [Fa nhomawa no kyerɛ.] Ɛnyɛ sɛ ɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn din mu nko na mmom ɛkyerɛ bo a Onyankopɔn din no a wobehu no som nso wɔ kratafa 31 ha. [Kenkan nkyekyem 1.] Eyi yɛ wo de a ɛho ntoboa yɛ ¢50.”
9 Ebia wubehu akwan afoforo a etu mpɔn a wode bɛda nhomawa ahorow yi adi wɔ asɛnka mu ɔsram yi. Siesie wo ho yiye, na ɛmmra sɛ Yehowa bɛma woanya anigye wɔ asɛmpa no a wobɛka akyerɛ denam nhomawa ahorow so no mu.