Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/93 kr. 1
  • Brochure Ahorow a Yɛde Bɛhwehwɛ Anigyefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Brochure Ahorow a Yɛde Bɛhwehwɛ Anigyefo
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Mankind’s Search for God Bɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Yɛ Ɔsɛmpakafo Adwuma
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1993
km 8/93 kr. 1

Brochure Ahorow a Yɛde Bɛhwehwɛ Anigyefo

1 Brochure ahorow yɛ nnwinnade a tumi wom. Brochure nam nkratafa 32 pɛ so betumi de Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow asi hɔ pintinn, na abɔ nsusuwii ne nkyerɛkyerɛ a ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ bɔ abira agu.—2 Kor. 10:5.

2 Ɔbarima bi kenkan Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa brochure no wiei no, ɛkaa no ma ɔkyerɛw sɛ: “Minhuu ahyehyɛde bi a ɛte sɛɛ da. . . . Ɛyɛ nwonwa sɛ wubehu nnipa a wobu Onyankopɔn apɛdeyɛ aniberesɛm kɛse saa wɔ bere a nyamesom mu nyaatwomyɛ abu so kɛse yi mu.” Ɔkɔmfo bi a ɔwɔ Afrika suaa Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! brochure no. Tumi bɛn na enyaa wɔ ne so? Ogyaee akɔmfosɛm no, ɔmaa mmea a ɔne wɔn te no fii ne nkyɛn kɔe ma ɛkaa ne yere panyin nkutoo. Wɔde wɔn aware no kɔhyɛɛ mmara ase.

3 So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di brochure no yɛ nokware no adwinnade a wɔakyerɛw no yiye, ntease wom na etu mpɔn. Bere a The Sunday Gleaner a ɛwɔ Jamaica, West Indies, no nyamesom ho sɛnkyerɛwfo reka ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ nhoma . . . a Adansefo no de ahokokwaw akyerɛw no yiye, na mprempren Baasakorofo—anaa Baanukorofo biara—nni ahotɔ. Nhomawa no afa nsɛm pii afi abakɔsɛm ne nyamekyerɛ nhoma ahorow mu aka de akyerɛ sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mfi Bible no mu. . . . Ɛyɛ den yiye ma nyamesom ho sɛnkyerɛwfo yi sɛ obehu sɛnea obi a ɔntaa nkɔ asɔre—anaa nea ɔtaa kɔ asɔre mpo—betumi abua nsɛm a tumi wom a ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ agu a Adansefo no aboaboa ano de kasa tia adwene a ɛne sɛ Yesu ne Nyankopɔn no.”

4 Fa Di Dwuma Yiye: Sɛ nnwinnade fɛfɛ a wogye tom yi betu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yɛde ma nnipa a wɔbɛkenkan. Esiane sɛ yɛwɔ brochure ahorow a ɛsono asɛmti a emu biara ka ho asɛm nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de nea yebu no sɛ ɛfata onii a yedi no adanse no sen biara no ma no. Yɛn brochure ahorow no mu nsɛm a yebehu, na yɛde ahorow ahorow ahyɛ yɛn nneɛma mu bɛma ayɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛde bedi dwuma yiye, sɛ́ ɛyɛ asɛnka mu, fie, anaa baabi foforo no.

5 Sɛ nhwɛso no, sɛ wo ne obi a ontumi nhu nea Kristoman Baasakoro no kyerɛ anaa ebia osusuw sɛ Yesu ne Nyankopɔn no kasa a, brochure bɛn na wode bedi dwuma? Sɛ obi bisa nea enti a ɔdɔ Nyankopɔn ma amanehunu pii ho kwan a, brochure bɛn na ebedi n’ahiade ho dwuma? Sɛ obi ka sɛ ehia sɛ yenya nniso a nnipa no benya mu mfaso a, brochure bɛn na ebetumi afata ama no?

6 Brochure a wode bedi dwuma a wubehu akyi no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkanyan onipa no anigye wɔ emu nsɛm ho. Sɛ tebea no ma kwan a, fa asɛm anaa mfonini bi a ebetumi akanyan n’anigye ma wakenkan asɛm no kyerɛ no. Anaasɛ wubetumi ne no akenkan nkyekyem biako anaa abien, ne emu kyerɛw nsɛm a wɔamfa mu nsɛm amma mu no na moasusuw asɛm no ho. Wɔnam saa kwan yi so afi Bible adesua pii ase.

7 Yɛn brochure ahorow no de mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so ma, na ɛma wɔn a wosi akyide a wɔyɛ wɔ wiase no mu ho apini no nya anidaso. (Fa toto Hesekiel 9:4 ho.) Nnipa a wɔte sɛ nguan bɛkyerɛ nhoma a ɛte sɛɛ mu nkrasɛm no ho anisɔ. Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛde brochure ahorow no bedi dwuma yiye wɔ afe no nyinaa mu wɔ yɛn som adwuma no afã horow nyinaa mu bere a yɛhwehwɛ anigyefo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena