Kɔ a Yɛbɛsan Akɔ a Yɛn Botae ne sɛ Yɛrekofi Bible Adesua Ase
1 Sɛ yehu onigyeni bi nea edi kan a, ehia sɛ yɛyɛ ade fefeefe na ama anigye yi akɔ so. Sankɔhwɛyɛ betumi ama yɛabɔ Bible mu nkɔmmɔ a egye nkwa na yɛayɛ Bible adesua tẽẽ. Susuw nyansahyɛ ahorow yi a ɛbɛma yɛayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn no ho.
Wɔ nsrahwɛ a edi kan no awiei no, wubetumi ato nhyɛase ama sankɔhwɛ denam eyi a wubebisa no so:
▪ “So woasusuw nea enti a nyamesom ahorow pii wɔ hɔ no ho pɛn?” Sɛ wosan kɔ hɔ a, wubetumi aka sɛ: “Bere a etwa to a mebaa ha no, mibisaa nea enti a nyamesom ahorow pii wɔ hɔ no ho asɛm. Nneɛma pii nti na ɛte saa. Mɛpɛ sɛ mekenkan anigyesɛm bi a mihui bere a merehwehwɛ asemmisa yi mu no.” Bue Reasoning nhoma no kratafa 322, na kenkan ɔfã a ɛwɔ asɛmti ketewaa a ɛne “Why are there so many religions?” no.
2 So wobetumi ahu Onyankopɔn wɔ nyamesom ahorow nyinaa mu? Sɛ Onyankopɔn bɛtra nyamesom bi mu a, ɛsɛ sɛ ɛsow aba pa.
Sɛ wubefi sankɔhwɛ ase a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Ɛsɛ sɛ nyamesom ka obi abrabɔ dɛn? Nea Yesu kae wɔ Mateo 7:17-20 no de akwankyerɛ ahorow a wɔhwɛ kwan sɛ nokware som bedi akyi ma.” Kenkan kyerɛwsɛm no tẽẽ fi Mankind’s Search for God nhoma no kratafa 12 nkyekyem 19 no awiei. Afei bisa ofiewura no sɛ dɛn na ohu wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 13 no mu. “Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii gye Onyankopɔn di de, nanso pii de wɔn nnwuma pa no.” Afei kenkan nkyekyem 20 no mu ɔkasamu abien a edi kan no. “Saa basabasayɛ yi ma yehu nyamesom ahorow a wonni akwankyerɛ a Yesu de mae sɛ yɛnnɔ yɛn ho yɛn ho ne yɛn atamfo mpo akyi no. Da a mɛsan aba no, ebia yebetumi asusuw nea sɛ nyamesom bi resow aba pa a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ no ho.”
3 Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔhwehwɛ nokware Nyankopɔn no? Asemmisa yi a mubefi Mankind’s Search for God nhoma no mu ankasa asusuw ho no betumi ama woanya Bible adesua.
Sɛ wubefi nkɔmmɔbɔ ase a, wubetumi aka sɛ:
◼ Esiane sɛnea sikasɛm te mprempren nti, nnipa bisa sɛ ebia wobetumi anya daakye ho adwempa anaa. Mahu sɛ Bible no hyɛ nkuran yiye bere a ɛka daakye ho asɛm no. Ma me ne wo nkenkan Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:21, 22, 25 no. [Kenkan kyerɛwsɛm no na ka ho asɛm tiawa.] Mankind’s Search for God nhoma no bua eyi ho nsemmisa bi a ɛyɛ anigye, ɛyɛ saa fi kratafa 372 nkyekyem 17.” Afei fa nkyekyem 17-20 yɛ Bible adesua nhyehyɛe no ho ɔyɛkyerɛ. “Dapɛn a ɛreba no, mɛpɛ sɛ yesusuw asemmisa a ɛne sɛ, Dɛn ne wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Bible mu no fapem?”
4 Fa bere a aka no di dwuma nyansam fa nya adanse a mprempren wɔredi no fefeefe wɔ asase so amanaman nyinaa mu no mu kyɛfa. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:21 ho.) Sankɔhwɛyɛ a ne botae ne sɛ yebefi Bible adesua ase no betumi ama wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no anya daa nkwa.