Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/98 kr. 8
  • Adanse a Yebedi ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adanse a Yebedi ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • “Eyi Ne Daa Nkwa”
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Boa Afoforo ma Wonsua Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, ho Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 6/98 kr. 8

Adanse a Yebedi ‘Nnipa Ahorow Nyinaa’

1 Sɛ yehyia nnipa a wɔn amammerɛ anaa wɔn som gu ahorow a, yɛkae sɛ Yehowa pɛ ne sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.’ (1 Tim. 2:4) Nea ɛka nkratawa ne nhomawa pii a wɔahyɛ da ayɛ ho no, yɛwɔ nhoma atitiriw abien a yebetumi de adi dwuma bere biara aboa ankorankoro a wɔn som nkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn ne Kristo ho nokware no.

2 Mankind’s Search for God nhoma no ma yehu wiase ɔsom atitiriw no mfiase, na yɛnam so betumi aboa nkurɔfo wɔ baabiara ma wɔde wɔn gyidi ahorow atoto nea Bible no kyerɛkyerɛ fa nokware Nyankopɔn koro ho no ho. Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛreka Yesu Kristo asetra ho asɛm a, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no betumi aboa obi ma wahu Onyankopɔn Ba no yiye na wabɛn no, sɛnea ɛyɛe wɔ nnipa pii fam wɔ afeha a edi kan mu no. (Yoh. 12:32) Bere biara a ɛfata no, ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ nyansahyɛ ahorow a edidi so yi hwɛ bere a wode nhoma no rekyerɛ no.

3 Sɛ wususuw sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wode “Onipa a Ɔsen Biara” nhoma no ma obi a, wubetumi abisa sɛ:

◼ “Sɛ wususuw Yesu Kristo ho a, dɛn na ɛba w’adwenem? [Twɛn ma ommua.] Abakɔsɛm akyerɛwfo pii bu Yesu sɛ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn. [Fa nhwɛso a efi Onipa a Ɔsen Biara nhoma no nnianim nsɛm mu ma.] Bible kyerɛ sɛ na Yesu asetra yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua.” Kenkan 1 Petro 2:21 ne Onipa a Ɔsen Biara nhoma no nnianim nsɛm no kratafa a etwa no nkyekyem a edi kan no. Sɛ woma ofiewura no nya Yesu ho ade a obesua ho anigye wie a, fa nhoma no ma no. Ansa na wubefi hɔ no, kenkan Yohane 17:3 na bisa sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya saa nimdeɛ a ɛma daa nkwa yi?” Yɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ wobɛsan aba de mmuae no abrɛ no.

4 Sɛ wosan kɔ kɔkyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya nimdeɛ a ɛma nkwa yi mu a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Mehyɛɛ bɔ sɛ mɛsan aba abɛkyerɛ wo sɛnea yebetumi anya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no.” Fa Nimdeɛ nhoma no ma no, na fa ti a edi kan no kyerɛ no sɛnea wosua no.

5 Sɛ wopɛ sɛ wode “Mankind’s Search for God” nhoma no ma a, wubetumi abisa sɛ:

◼ “Bere a asɔre ahorow pii wɔ hɔ nnɛ no, so woasusuw sɛnea yebetumi ahu emu nea Onyankopɔn pene so ho pɛn?” Sɛ obua a, bue Mankind’s Search for God nhoma no kratafa 377. Munsusuw nkyekyem 7 no ho, na bisa sɛ ofiewura no gye tom sɛ ɛsɛ sɛ nokware som ka mmusua ne adesamma nyinaa bom anaa. Monkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no mu biako, na munsusuw nsɛntitiriw foforo a ɛwom no bi ho sɛnea bere ma kwan. Afei, fa nhoma no ma no. Sɛ worefi hɔ a, wubetumi abisa sɛ, “Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nokware som ka obi asetra?” Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba de mmuae no abrɛ no.

6 Sɛ wosan kɔ sɛ worekɔkyerɛkyerɛ sɛnea nokware som ka obi asetra mu a, wubetumi abisa sɛ:

◼ “Wususuw sɛ ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nyamesom ka obi asetra? [Twɛn ma ommua.] Kristo maa yɛn gyinapɛn a yebegyina so asusuw nyamesom ho.” Kenkan Mateo 7:17-20 fi Mankind’s Search for God nhoma no kratafa 12 no tẽẽ. Afei ma ofiewura no nkenkan nkratafa 13-14, nkyekyem 20. Sɛ bere ma kwan a, munsusuw nkratafa 16-18, nkyekyem 25-29 ho. Eyi betumi akowie adesua mu wɔ Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no mu.

7 Nsɛm Ahorow a Wɔde Fi Nkɔmmɔbɔ Ase: Nsɛm a wɔde kyerɛkyerɛ pii wɔ Mankind’s Search for God nhoma no mu a yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase bere a edi kan a yɛkɔ obi nkyɛn anaa bere a yɛrekɔyɛ sankɔhwɛ no. Wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase denam asɛm a ɛfata tiawa bi a wubebisa so. Sɛ nhwɛso no, hyɛ nsɛmmisa ne nsɛmti yi ne nkratafa a wɔka ho asɛm wɔ hɔ no nsow:

“Questions That Require an Answer” (“Nsɛmmisa a Ehia Mmuae”)—nkratafa 17-18.

“Was Jesus a Myth?” (“So na Yesu Yɛ Anansesɛm Mu Nipa?”)—kratafa 237.

“Who Wrote the Bible?” (“Hena na Ɔkyerɛw Bible No?”)—kratafa 241.

“The Qur’ān and the Bible” (“Qur’ān ne Bible No”)—kratafa 285.

“Evidence of the Bible’s Authenticity” (“Adanse a Ɛkyerɛ Sɛ Bible no Yɛ Nokware”)—nkratafa 340-1.

“What Jehovah’s Witnesses Believe” (“Nea Yehowa Adansefo Gye Di”)—nkratafa 356-7.

“How to Identify the True Religion” (“Sɛnea Yebehu Nokware Som”)—kratafa 377.

8 Wubetumi adan akɔ nkratafa a wɔapaw fi Mankinds’ Search for God nhoma no mu so na woakyerɛkyerɛ asɛm a moresusuw ho no mu. Afei yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe denam asɛmmisa bi a wubetumi anya ho mmuae afi Ahwehwɛde nhomawa anaa Nimdeɛ nhoma no mu a wubebisa so. Hwɛ hu sɛ wobɛto nsa afrɛ ofiewura no aba Baguam Nhyiam ase.

9 Nnipa ahorow a wɔyɛ komapafo nyinaa rehwehwɛ Onyankopɔn ne Kristo ho nokwasɛm. Yebetumi aboa wɔn wɔ yɛn adansedi adwuma no mu. Enti, momma yɛnkɔ so ‘nyɛ adwuma mmrɛ na yɛmpere, efisɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no so.’—1 Tim. 4:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena