Hwɛ Ye a Eye Sɛ Yɛbɛkɔ Daa!
1 Wɔbaraa yɛn nuanom adɔfo pii sɛ wɔnnyɛ baguam nhyiam wɔ Europa Apuei fam mfe pii. Susuw anigye a wonyae bere a wɔmaa wɔn kwan ma wonyaa ahofadi, na wotumi yɛɛ nhyiam no ho hwɛ!
2 Ɔmansin sohwɛfo bi kyerɛw asafo bi a ɛte saa a ɔkɔsraa wɔn ho asɛm sɛ: “Wɔ Benada anwummere no, me nsrahwɛ no mfiase pɛɛ na afiri a ɛma ɔhyew no sɛee. Na abɔnten ayɛ wiriduduu, na na dan no mu hyew yɛ digrii celsius 5 pɛ. Anuanom traa ase a na wɔhyehyɛ ntade a emu yɛ duru, de ade akyekyere wɔn kɔn mu, hyehyɛ ahyehyɛnsa, ɛkyɛw, ne mpaboa a emu yɛ hyew. Na wɔn mu biara ntumi nhwɛ ne Bible mu, efisɛ na afomfam so ma wontumi mmue. Bere a na mehyɛ m’atade soro ne fam gyina asɛnka agua no so no, na awɔw akyere me denneennen, na bere biara a mebue m’ano no, na mitumi hu tutuw a efi m’anom ba no. Nanso nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ obiara annwiinwii. Anuanom nyinaa kaa sɛnea wɔn ani agye ne ye a eye sɛ wɔbae no ho asɛm!” Saa anuanom no annya adwene bi sɛ wɔbɛma saa nhyiam no apa wɔn ti so!
3 So Saa na Yɛte Nka? So yɛkyerɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam dapɛn biara a biribiara nsiw yɛn kwan no ho anisɔ? Anaasɛ yebu asafo nhyiam ahorow adewa bere a biribiara nsiw yɛn kwan no? Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam daa, na mmere bi wɔ hɔ a, nea enti a yɛma ɛpa yɛn ti so no bɛyɛ nea ntease wom. Nanso, mma wo werɛ mmfi da sɛ ebinom wɔ yɛn mu a ɛmfa ho wɔn mfe a akɔ anim, akwahosan ho nsɛnnennen, honam mu mmerɛwyɛ ahorow, adwuma nhyehyɛe ne asɛyɛde afoforo a emu yɛ den a wɔwɔ nyinaa akyi no, wohu hia a asafo nhyiam ahorow ho hia, na ɛkame ayɛ sɛ wɔba daa. Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yesuasua bɛn ara ni!—Fa toto Luka 2:37 ho.
4 Momma ɛnyɛ yɛn su sɛ yɛbɛboa nokware som denam yɛn Kristofo nhyiam ahorow nyinaa a yɛbɛkɔ, efi nhoma adesua kuw nketewa so kosi nhyiam akɛse so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu saa nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ yi aniberesɛm? Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn ahyɛde sɛ yɛyɛ nhyiam. Nanso nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛho hia. Yɛn nyinaa hia mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn akwankyerɛ ne honhom kronkron no mmoa a yenya wɔ asafo nhyiam ahorow ase so no. (Mat. 18:20) Sɛ yɛne yɛn nuanom bɔ fekuw a, wɔn nkuranhyɛ nsɛm hyɛ yɛn den.—Heb. 10:24, 25.
5 Wɔ ahosakra no mu no, Petro kae sɛ, “Owura, eye sɛ yɛtra ha.” (Luka 9:33) Ɛsɛ sɛ yɛte nka saa ara wɔ yɛn Kristofo nhyiam ahorow ho. Nokwarem no, hwɛ ye a eye sɛ yɛbɛkɔ daa!