Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/90 kr. 3
  • Dɛn Na Woanya Nyɛe?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Woanya Nyɛe?
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MONHYƐ MO HO MO HO NKURAN
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Kristofo Nhyiam Horow A Yɛbɛkyerɛ Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Sɛnea Yenya Anigye Pii Wɔ Nhyiam Mu
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 6/90 kr. 3

Dɛn Na Woanya Nyɛe?

1 Kristofo nhyiam horow yɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no fã a ɛho hia yiye. Ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo hyɛ yɛn sɛ mmma yennyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, “sɛnea ebinom anya nyɛe” no.​—Heb. 10:25.

2 So wote nka saa ara wɔ wo nuanom a wo ne wɔn behyia wɔ Kristofo nhyiam horow ase no ho? Dɛn na nea woanya nyɛe no da no adi wɔ eyi mu? So wokɔ nhyiam horow no nyinaa daa, a Asafo Nhoma Adesua no nso ka ho? Anaasɛ ayɛ ade a wotaa yɛ sɛ nhyiam horow pa wo ti so? Afã bɛn na nhyiam horow wɔ wɔ w’asetra mu? So wohyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnkɔ nhyiam horow daa? So wohyɛ wɔn a wɔba Nkaedi ase sɛ wɔmmra nhyiam daa?

3 Ɛmfa ho sɛ dɛn na yɛyɛ da biara da no, yɛrentumi mmu Paulo afotu no adewa. Ɛwom sɛ ntease wom sɛ bere ne bere mu no, ebia nhyiam bi bɛpa Kristoni bi ti so esiane ɔyare anaa nsɛm tebea foforo bi a ontumi nyɛ ho hwee nti de, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ ade a wanya nyɛe. (Rom. 2:21) Esiane sɛ asɛyɛde pii na ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma, a ebia teokrase dwumadi ahorow ka ho no nti, ɛho hia sɛ Kristoni hu nneɛma a ɛho hia kɛse no yiye. (Fil. 1:10) Nhyiam horow ka Kristoni nneɛma a ɛho hia kɛse no ho na ɛho hia ma yɛn honhom mu yiyedi.

MONHYƐ MO HO MO HO NKURAN

4 Bere a Paulo kyerɛw nhoma kɔmaa Romafo no, ɔkae sɛ n’ani gyina sɛ obehu wɔn. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn honhom mu akyɛde bi na ‘wahyɛ wɔn den.’ (Rom. 1:11) Ná ɛnnɔɔso mma no sɛ ɔbɛkyerɛw wɔn nhoma, nkrasɛm a wɔakyerɛw sɛ wɔnkenkan kɛkɛ, na mmom ɔtee nka sɛ fekubɔ ho hia, yiw, wohia, efisɛ ɔtoaa so kae sɛ: “Ɛne sɛ me ne mo benya awerɛkyekye.” Anaasɛ sɛnea Reference Bible no asehɔ asɛm ka no: “Sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.” (Rom. 1:12) Paulo a na ɔyɛ ɔsomafo no mpo huu hia a ohia nkuranhyɛ denam Kristofo fekubɔ so no.

5 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, yɛtwetwe yɛn ho yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu wɔ yɛn nhyiam horow ase. Ano a wɔserew adamfo kwan so ne nkyia a emu yɛ hyew betumi aka afoforo ɔkwampa so. Mmuae a ɛma denhyɛ, dwumadi a wusiesie no yiye, afoforo a wuhu wɔn sɛ wonya honhom mu nkɔso, ne anuanom a wowɔ wɔn mfinimfini wɔ nhyiam ase no kɛkɛ betumi ayɛ nea ɛhyɛ nkuran kɛse. Sɛ yɛabrɛ ɛda no awiei mpo a, mpɛn pii no yehu sɛ yɛn ho ye bere a yɛakɔ nhyiam aba no. Kristofo adamfofa ne ɔdɔ a yɛn nuanom yi no adi kyerɛ yɛn no bɛhyɛ yɛn nkuran ma ‘yɛde boasetɔ atu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika.’ (Heb. 12:1) Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm a yebetie no yiye so no, yebetumi asiesie yɛn ho akura yɛn anidaso a yɛka no baguam no mu a yennhinhim. Ampa ara, nhyira pii fi nhyiam horow a yɛbɛkɔ no mu ba.

6 Ɛsɛ sɛ yekura yɛn gyidi mu na yɛtwetwe afoforo kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu nnɛ sen bere biara. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam horow nyinaa no mu. Yɛmpɛ sɛ ɛbɛyɛ ade a yɛanya nyɛe, anaasɛ ɛyɛ yɛn su, sɛ yebegyae yɛn ho yɛn ho nhyiam. Eyi ho hia kɛse mpo mprempren a yehyia akuw nketewaa mu no. Ɛho hia sɛ obiara ba na ama nhyiam no ayɛ nea ɛma denhyɛ. Ɛsɛ sɛ yefi yɛn ahonim mu bɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran na yɛaboa wɔn, a wɔn a wɔba Nkaedi ase ka ho, ma wɔaba nhyiam horow daa. Saa kwan yi so no, yebeyi ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo ne yɛn ani a ɛsɔ Kristofo nhyiam horow no adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena