Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. Sɛ wɔankra bi a, wobetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biara gye Sukuu nhomawa no ama. July: Questions Young People Ask—Answers That Work. August ne September: Wobetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 biara ama, gye Sukuu nhomawa no.
● Asafo ti no ani gye asɛnka anaa obi ankasa asetra mu osuahu a eye ho kɛse. Ɛsɛ sɛ osuahu a ɛtete sɛɛ no yɛ ntiantiaa. Ɛnsɛ sɛ ɛboro nsɛmfua 500, (sɛ́ wɔde type abɔ anaasɛ wɔde nsa akyerɛw no), na ɛsɛ sɛ ɛka asɛm pɔtee bi a ɛbɛhyɛ afoforo nkuran. Sɛ wowɔ osuahu a ɛte saa a, yɛsrɛ wo kyerɛw na fa ma mo ɔhwɛfo guamtrani nhwɛ mu. Ɔhwɛfo guamtrani no nam address a wɔde ama mo asafo no so de bɛmana Asafo ti no.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu June 1, anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi.
● Yɛrekae anuanom nyinaa sɛ yɛsrɛ wɔn sɛ wɔne yɛn nyɛ biako wɔ yɛn abisade a na ɛwɔ nnansa yi ara krataa bi a wɔde kɔmaa asafo ahorow no mu sɛ wɔntew wɔn Betel nsrahwɛ so esiane yɛn nsɛnnennen no nti no mu. Eyi ho asɛm hia yɛn yiye.