Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/90 kr. 2
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Asɛm Tie De Mfaso Horow Ba
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Ɛreboa Mmofra Ma Wɔatumi Akenkan
    Nyan!—1986
  • Nsɛm a Yɛbɔ Tie
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2010
Yɛn Ahenni Som—1990
km 6/90 kr. 2

Asemmisa Afã

● Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo bu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so a ɛnyɛ Asafo ti no na ɛyɛe no dɛn?

Asafo ti no nam akwan horow so ma honhom fam aduan pii, a nsɛm a wɔkyere gu kasɛt so ka ho. Nea ɛka eyinom ho ne Bible no ankasa a wɔakenkan akyere agu kasɛt so ne afoforo a egyina Asafo ti no nhoma ahorow te sɛ Watchtower, Awake!, My Book of Bible Stories, ne Listening to the Great Teacher so. Wɔayɛ Ahenni nnwom ne drama ahorow kasɛt nso. Nanso, ɛsɛ sɛ yenya ahwɛyiye wɔ nkurɔfo ankasa nsɛm a wɔkyere gu kasɛt so na wɔkyekyɛ a ɛte sɛ Asafo ti no de no ara no ho. Esiane sɛ yɛwɔ onuayɛ a yetumi de yɛn ho to afoforo so sɛɛ no nti, ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a ebinom begye kasɛt afi afoforo nkyɛn na wɔabɔ atie a wɔnhwehwɛ faako a efi.

Ɛtɔ mmere bi a kasa ahorow a wɔakyere agu kasɛt so a wɔkyekyɛ no reyɛ ayɛ nneɛma a wɔde ani bu anaasɛ wɔde nsɛm a ɛkanyan nkate di dwuma. Enti so ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ yebedi Paulo afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 3:14 no akyi? Ɛhɔ no, bere a Paulo abɔ wɔn a woyɛ wɔn ho te sɛ afoforo no ho kɔkɔ akyi no, osi hia a ɛho hia sɛ nnipa a yetie wɔn no yɛ wɔn a yenim wɔn no so dua. Ɛho hia sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛrentie biribi a ‘ɛtra nea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛw Kronkron mu ne nea ɛwɔ honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma mu no so.​—1 Kor. 4:6; Mat. 24:45-47.

Wɔbɔ kasɛt ahorow a wɔde kyerɛ mmofra ade ho dawuru na wɔtɔn wɔ mmeae binom. Wɔkyerɛ sɛ anuanom binom na wɔyɛ kasɛt a ɛtete saa na wɔkyekyɛ wɔ asafo ahorow bi mu. Bere a ebia adwene a ɛwɔ akyi no bɛyɛ te sɛ nea eye no, so eyi renyɛ teokrase nkitahodi a wɔde di dwuma de pɛ wɔn ankasa mfaso? (Hwɛ Yɛn Ahenni Som, October 1977, kratafa 4 ne Yɛn Ahenni Som, October 1987 kratafa 3.) Yehowa ahyehyɛde no de Bible nkyerɛkyerɛ a yɛde bɛtete yɛn mma a ɛdɔɔso pii rema. Enti yɛnhyɛ kasɛt a ɛte saa a wɔbɛkyekyɛ no ho nkuran.

Ebia ankorankoro bi bɛkyere asafo nhyiam anaa nhyiam akɛse dwumadi ahorow agu kasɛt so na wɔn ankasa abɔ atie. Ebia asafo no mufo afoforo a ntease pa bi nti, wɔantumi ankɔ nhyiam no bɛkyerɛ kasɛt a ɛte sɛɛ ho anisɔ. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ eyi na wɔde moma anuanom nyinaa anaasɛ wɔtɔn ma afoforo. Ɛmmra sɛ yɛde nea Yehowa nam n’ahyehyɛde no so de ama yɛn honhom mu nkuranhyɛ ne denhyɛ no bedi dwuma akosi ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena