Onyankopɔn Asɛm Tie De Mfaso Horow Ba
1 Mfaso horow bɛn na yebetumi anya afi Onyankopɔn Asɛm no akenkan a yetie mu? Ɔsomafo Paulo kae sɛ “gyidi no fi asɛnka mu.” (Rom. 10:17) Enti, Bible no a wɔbɛkenkan ma yɛate no betumi de gyidi a emu yɛ den aba. Atiefo a wɔwɔ gyidi a ɛte saa taa bɛyɛ “asɛm no yɛfo.” (Yak. 1:22-25) Na anigye wɔ hɔ ma atiefo a wɔbɛyɛ “asɛm no yɛfo” anaasɛ “wɔde” nneɛma a wɔte fi Bible no mu no “sie” no.—Adi. 1:3.
2 Esiane eyi nti, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ amanneɛ sɛ nnipa mpempem pii de Bible akenkan a wɔakyere agu hama so a Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ nnansa yi no redi dwuma yiye. Sɛnea wɔabɔ amanneɛ dedaw no, wɔakyere Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa agu hama so. Wɔayɛ eyi bɛboro ɔpepem abien dedaw wɔ Borɔfo mu nkutoo. Wɔayɛ ebinom nso wɔ Spanish, Dutch, Danish, Finnish, French, German, Italian, Japanese, Portuguese, Thai ne Ukrainian mu. Na, wɔakyerɛ Ahenni Nnwom a wɔakyere agu hama so, Ɔfã 1, ho anigye kɛse. Ɛde besi saa bere yi wɔayɛ bɛboro 300,000. Na afei wɔayɛ Ahenni Nnwom, Ɔfã II nso. Asafo no nnyɛ dodow a wɔde ma ho kyerɛwtohɔ biara,. na ɛnyɛ nea wɔde ɛho nkontaabu brɛ Asafo ti.
3 Bebree aka akwan horow a ɛyɛ anigye a wɔnam so de saa nsɛm anaa nnwom a wɔakyere agu hama so yi di dwuma no ho asɛm akyerɛ yɛn. Onua nifuraefo bi ani gyei, efisɛ, sɛnea ɔkae no, “Afei de ɛho nhia sɛ metwɛn ma afoforo bɛsra me ansa na wɔakenkan Bible no akyerɛ me.” (Nea wɔasiesie ama anifuraefo no yɛ nea wɔde anifuraefo nkyerɛwee akyerɛw so.) Ɔwofo bi se ɔtɔɔ afiri a wɔde bɔ nsɛm a wɔkyere gu hama so maa ne mma a wɔhwehwɛ bi. Bere tiaa bi akyi no, Bible akenkan no a wotie bɛyɛɛ ade a wɔyɛ daa, na wofii ase mpo sɛ wobesua afã horow a ɛyɛ wɔn dɛ agu wɔn tirim. Awofo afoforo nso kyerɛ sɛ wɔahyɛ wɔn mma nkuran sɛ wonni akenkan no akyi wɔ wɔn Bible mu, na eyi ama wɔn akenkan, sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua ahorow din ne wɔn ntease akɔ anim. Pii nso kyerɛ sɛ wɔbɔ Bible akenkan a wɔakyere agu hama so yi wɔ wɔn kar a wɔde bere pii tra mu daa no mu. Afoforo kyerɛ sɛ eyi yɛ mmoa foforo a etu mpɔn ma wɔn a wɔne wɔn sua Bible. Onua bi kaa no anigye so sɛ: “Mahu sɛ ɛma Kyerɛwnsɛm no ka me tirim kɛse.”
4 Ahenni Nnwom a wɔakyere agu hama so no kura Ahenni nnwom pii a yenim a wɔasan ahyehyɛ ma yɛabɔ atie de agye yɛn ani. Yɛn mu pii nim nsɛm a ɛwɔ nnwom no mu no. Onuawa bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Bere a nnwom no bɔ no, mete nsɛm no wɔ me tirim. Hwɛ ɔkwan pa ara a mefa so susuw Yehowa ho bere a meretie nnwom!” Esiane sɛ wonim sɛ emu nsɛm no fa Ahenni asɛm a ɛyɛ anigye no ho nti, ebinom asua agu wɔn tirim na wɔn ani agye nnwom no ho kɛse na ama wɔakaakae Ahenni anidaso no.
5 Esiane sɛ yɛte wiase bɔne a Satan Ɔbonsam di so yi mu nti, nneɛma ahorow a wɔayɛ ma asɛe yɛn gyidi denam adwemmɔne ne akɔnnɔ bɔne a ɛde hyɛ yɛn tirim so atwa yɛn ho ahyia daa. Hwɛ oye ara a eye sɛ Yehowa nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so ayɛ nsiesiei ahorow a ɛbɛboa ma yɛde n’adwen horow ahyɛ yɛn tirim! Momma yɛn nyinaa nkɔ so nyɛ asõ, bere biara a yebenya hokwan atie Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkan.