Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/82 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 7
Yɛn Ahenni Som—1982
km 2/82 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 7

Dwom 3

7 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata, ne asafo mu nkaebɔ ahorow.

15 min: “Ye Nsi wɔ Nimdeɛ a Ɛma Nkwa no mu Trɛw Mu.” Nsemmisa ne mmuae, a ɔpanyin di ho dwuma.

18 min: Wo ne atiefo mmɔ nsɛm a edidi so yi ho nkɔmmɔ: (1) Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so de So Asetra Yi Ara na Ɛwɔ Hɔ? ti 4 ne 16 adi dwuma wɔ w’asɛnka no mu? (2) Henanom na wususuw sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde So Asetra Yi Ara na ɛwɔ Hɔ? ti 9, “So Wubetumi ne Awufo Akasa?” kyerɛ wɔn, na ɔkwan bɛn na wobɛfa so ayɛ saa? (3) Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so de Nokware Asomdwoe nhoma no nkr. 82 ne 83 adi dwuma yiye bere a wode nhoma no rema? (4) Nhoma a yɛde ma mprempren no mu nsɛm afoforo a yebetumi de adi dwuma. (5) Nhoma a yɛde ma mprempren no ti ahorow bɛn na wuhu sɛ ɛne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no hyia yiye? Yɛ ɔfa a etwa to yi ho ɔyɛkyerɛ fi ase fi mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no awiei.

5 min: Hyɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ dwumadi mu kyɛfa yiye a wobenya Memeneda a ɛto so abien ɔsram yi mu ho nkuran. Sɛ ebinom wɔ asafo no mu a wɔwɔ nnipa a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa a bisa sɛnea wofii ase ne nea afi mu aba. Hyɛ saa dwumadi yi ho nkuran, na kyerɛ sɛnea wɔn a wɔwɔ ho anigye nya honhom mu nkuranhyɛ bere biara a yɛbɛkɔ wɔn nkyɛn sɛ yɛde nsɛmma nhoma rekɔma wɔn. Eyi betumi akowie nkɔmmɔbɔ pa ne Bible adesua mu: Kae anuanom ma wɔmfa October 8, 1981, Engiresi Nyan! mmra ɔsom nhyiam a edi hɔ.

Dwom 107 me mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 14

Dwom 21

8 min. Asafo mu nkaebɔ ahorow ne asɛnka adwuma nhyehyɛe. Sika nkontaabu amanneɛbɔ.

15 min: “Yɛn Som Adwuma Sohwɛfo no ho Mfaso a Yebenya.” Wo ne asafo mmɔ ho nkɔmmɔ denam nsemmisa ne mmuae so. Si hia a ehia sɛ yenya ankorankoro anaa abusua nhyehyɛe ma asɛnka adwuma so dua. Ɔsom adwuma ho su horow a eye de honhom mu nkɔso ba. Hyɛ ɔdawurubɔfo a wɔhwehwɛ mmoa wɔ asɛnka adwuma mu anaa wontumi nkɔ asɛnka nhyiam horow daa nkuran ma wɔnkasa nkyerɛ adesua so ahwɛfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo nhwɛ sɛ ebia wobetumi anya mmoa pii.​—2 Kor. 9:6.

15 min: Engiresi Nyan! 10/8/81 mu asɛm “Nnɛyi Adesamma Nuayɛ Ankasa” ho ɔkasa. Atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde bɛka ho na wɔasi kyerɛw nsɛm so dua titiriw bɛyɛ papa. Si so dua sɛ yɛahu nokware som, Onyankopɔn ahyehyɛde no, na yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo nso ma wohu.

7 min: Yɛn Mmɔdenbɔ Te Dɛn? Ɔkyerɛwfo ka ɔsram a etwaam mu ɔsom dwumadi ho asɛm. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wɔn ankasa mfa botae horow nsisi wɔn anim na wɔnyɛ ho adwuma.

Dwom 113 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE FEBRUARY 21

Dwom 35

7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ dwumadi mu kyɛfa a wobenya no Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram no mu ho nkuran. Ka nsɛmma nhoma a aba mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma ho asɛm.

15 min: Anigye a Yebenya wɔ Yɛn Asɛnka Adwuma Mu. Nea ɛma asɛnka yɛ anigye ho nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Yebu ofiewuranom sɛ wɔn a wobenya nguanten su. (Mat. 10:13) Ɛho nhia sɛ yɛn abasam tu anaasɛ yedi awerɛhow esiane ɔsɔretia nti. Nkurɔfo adwene sakra sɛnea ɛyɛe wɔ Paulo fam no. (Aso. 8:3: 9:1-22) Eye sɛ yɛkae Mmebusɛm 15:1. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na yehyia ɔsɔretia. Yɛnnkɔ sɛ yekogye akyinnye, na mmom sɛ yɛkɔka asɛmpa. Ɛboa sɛ yɛbɛyɛ atiefo pa. Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ofiewura susuw. Gye bere tie no. Kyerɛ adamfofa su bere mpo a wɔnkyerɛ anigye. Ma Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ntra w’adwene mu yiye. Yenim sɛ “nguan” no betie. (Yoh. 10:3) Ma asafo no mufo nkyerɛ nea ama wɔanya anigye wɔ ɔsom adwuma mu.

15 min: nkɔmmɔbɔ Asɛmti nkɔmmɔbɔ a ɔyɛkyerɛ ka ho. Ofiewura betumi de anoyi a yɛtaa hyia aba ma Ɔdansefo ayi ano ayamye kwan so, na watoa asɛmti no so wɔ ɔkwan bi a ɛbɛtwe ofiewura aba nkɔmmɔbɔ mu so. Bisa atiefo sɛ ebia obi wɔ nyansahyɛ foforo bi wɔ ɔkwan a yebetumi afa so adi tebea a ɛte saa ho dwuma ho. Ɔyɛkyerɛ a ɛto so abien no mu, bere a ofiewura annye nsɛmma nhoma no, ma Ɔdansefo mfa kratawa So Asase Okyinsoromma Awiei Abɛn? mma. Ofiewura bɛpɛ sɛ ohu mmuae no ankasa. Ɔdansefo twe adwene kɔ Bible mmuae a ɛwɔ kratawa mu so. Ɔhyɛ nyansa sɛ ɔmfa ntoto Bible no ho nkan, na ɔkyerɛ sɛ ɔbɛsan aba akyiri yi ma wɔabɛbobɔ nsɛm afoforo ho nkɔmmɔ. Ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ oguamtrani sɛ bere foforo no ɔbɛsan aka kratawa mu nsɛm de akanyan anigye bio na ɔde nsɛmma nhoma a aba foforo ama. Ɔwɔ anidaso sɛ kratawa no bɛboa onii ma wahu tebea bɔne a wiase yi rehyia sɛnea Yesu ka siei no. Wo ne atiefo nka nsɛntitiriw a ɛwɔ kratawa mu ho asɛm. Yebetumi de biako ama ofiewura a onnyaa bi.

8 min: Wo ne wɔn a wɔreyɛ akwampaefo boafo adwuma ɔsram yi mmobɔ nkɔmmɔ anaa ma wɔn a wodi anim wɔ asɛnka adwuma mu ɔsram no mu nkyerɛ nea wɔatumi ayɛ.

Dwom 37 ne mpaebɔ

DAPƐN A EFI ASE FEBRURAY 28

Dwom 17

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka Mmebusɛm 1:5 ho asɛm. Hyɛ asafo nkuran ma wontie adesua mu nsɛntitiriw yiye mma ntimu a yɛbɛyɛ no nhyiam no awiei. Sɛnea bere ma kwan no, ma adawurubɔfo a wɔatumi ama ebinom akra nsɛmma nhoma nka osuahu ahorow nkyerɛ.

18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Afoforo a Wɔakra Nsɛmma Nhoma a Yɛbɛsan Akɔsra Wɔn So.” Di ho dwuma denam nsemmisa ne mmuae so. Yɛ adawurubɔfo a wɔresan akɔsra obi ahwɛ sɛ ebia ne nsa ka nsɛmma nhoma no ho ɔyɛkyerɛ. Si asɛm bi a ɛfata a ɛwɔ foforo a aba mu so dua fa hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan. Afei fa saa asɛm yi yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa fa kyerɛ sɛnea yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔasua Bible.

12 min: “Onyankopɔn Asɛm no Tie De Mfaso Horow Ba.” Wo, ne atiefo mmɔ asɛm ho nkɔmmɔ na ma wɔnka dwuma a anuanom a wɔwɔ asafo no mu de nsɛm a wɔakyere agu hama so di no ho asɛm.

7 min: Tĩ ɔsom nhyiam mu nsɛntitiriw mu. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ sankɔhwɛ bere bi wɔ ɔsram yi mu, sɛ́ ɔbɛkɔ wɔn a wɔakra nsɛmma nhoma, wɔn a wogye nsɛmma nhoma anaa afoforo a wɔkyerɛ anigye nkyɛn. Kae anuanom ma wɔmfa May 15, 1981, Engiresi Ɔwɛn-Aban mmra ɔsom nhyiam dapɛn a edi hɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma March mu ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho asɛm.

Dwom 44 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena