Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/04 kr. 1
  • Nnwom a Edwudwo Akoma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom a Edwudwo Akoma
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 5/04 kr. 1

Nnwom a Edwudwo Akoma

1 Nnwonto ne nnwom yɛ nokware som mu ade titiriw. Wɔ tete Israel no, Asaf ne ne nuanom too dwom sɛ: “Monna [Yehowa, NW] ase . . . Monto no dwom, monto no ayeyi dwom, monka n’anwonwade nyinaa.” (1 Be. 16:8, 9) Ɛnnɛ yɛto ayeyi dwom ma Yehowa wɔ yɛn adesua horow ase dapɛn biara. (Efe. 5:19) Hokwan kɛse a yɛde yi ne din ayɛ bɛn ara ni!—Dw. 69:30.

2 Sɛ yetie Kingdom Melodies (Ahenni Nnwom) a nnwontofo de sanku abɔ no a, etumi de ɔsom pa ho nsɛm hyɛ yɛn adwene mu mã. Onuawa bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a meretie nnwom no, mekae emu nsɛm no. Eyi yɛ ɔkwan pa a mede susuw Yehowa ho bere a meretie nnwom a ɛyɛ dɛ no!”—Filip. 4:8.

3 Bere Pa a Wɔde Tie: Wɔbɔ Ahenni Nnwom wɔ fie a, ɛde ɔsom pa ho adwene hyɛ abusuafo no mu boa ma asomdwoe tra wɔn ntam. Abusua bi kyerɛwee sɛ: “Yɛbɔ saa nnwom yi a wɔahyehyɛ no kama yi da biara wɔ fie ne yɛn kar mu a ɛmfono yɛn da. Sɛ yɛresiesie yɛn ho akɔ adesua anaa yɛretu kwan akɔ Kristofo nhyiam ase a, Ahenni Nnwom a yetie no siesie yɛn adwene dwudwo yɛn ma saa dwumadi no.” Onuawa bi nso se: “Sɛ mitie nnwom yi bere a mereyɛ ofie nnwuma a, ɛma mede animtew yɛ—hena na ɔsõõ dae sɛ mede anigye besi nneɛma abobɔ? Madwen ho sɛ sɛ m’abam bu a, mɛbɔ nnwom yi. Nnwom no tumi ma m’ani gye paa! . . . Emu biara kanyan anigye.” So bere bi wɔ hɔ a nnwom a ɛma abotɔyam yi betumi aboa wo?

4 Nnwom a aba so nnɛ no mu pii da wiase no su adi. Enti awofo betumi aboa wɔn mma ama wɔanya nnwom pa ho anigye denam Ahenni Nnwom a wɔbɛbɔ akyerɛ wɔn no so. Bible asuafo ne afoforo pii a wɔn ani gye asɛm no ho nso bɛpɛ sɛ wohu ɔsom mu nnwom dɛdɛ a ɛhyɛ Yehowa anuonyam na ɛde anigye ba yi.—Dw. 47:1, 2, 6, 7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena