Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 8/1 kr. 4-7
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom Wɔ Tumi
  • So Nnwom Betumi Ada Adwene Bi Adi?
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
  • Metraa Ase Maa Nnwom
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 8/1 kr. 4-7

Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?

EBIA wubebisa sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na nnwom atumi ayɛ nea ɛsɛe ade? Nnwom yɛ nnyigyei ara kwa.’ Ampa, nanso nnyigyei betumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ yɛn so. Hena na sɛ ɔte nteɛteɛm wɔ ɔdasu mu a ɔnkeka ne ho? Na serew a ɛsan afoforo no nso ɛ? Bere a onipa biako a ɔwɔ nnipa pii a wɔretie asɛm mu tu serew no, nnipa dodow no nyinaa taa fi ase serew denneennen.

Nnwom Wɔ Tumi

Afei ma saa nnyigyei no nyɛ dwom. Ebegyina dwom ko a ɛyɛ no so, na ɛrenkyɛ wubehu sɛ anan repempem fam, nkurɔfo rekekã wɔn ho, wɔrebɔ nsa ano, wɔn menewa mu rehinhim. Ebetumi aka atiefo nyinaa! Dɛn na ɛma wɔyɛ saa? Ɛyɛ dwom nnyigyei.

Sɛ nhwɛso no: Bere bi Dawid a yɛabɔ ne din dedaw no somee sɛ sankubɔfo wɔ Ɔhene Saul ahemfie. Ná aberante yi yɛ obi a ‘ne ho akokwaw yiye’ wɔ sankubɔ mu. Na ne nnwom a ɔbɔ no boa maa Saul a wahaw no ho tɔɔ no.​—1 Samuel 16:18-23.

Nnwom tumi kanyan nkate horow. Ɛdɔm tumi sɔre gyina bere a agoromma bi fi ase bɔ dwom a wonim no yiye no. Nnipa a wɔpɛ sanku dwom no ani betumi agye kɛse bere a wotie dwom a wɔfrɛ no 1812 Overture a Tchaikovsky bɔe no. Bere a wɔte akodi nka, atuo retotow na nkonimdi dɔn rewosow no, wɔte nka te sɛ nea wɔwɔ hɔ. Yiw, nnwom wɔ tumi.

Mfehaha bi ni no, amansɛmdifo ne sodifo de saa tumi no adan nkurɔfo koma. Wɔ ɔkwan bɛn so? Denam ɔman nnwom ne ɔman ho dɔ nnwom ahorow so. Hwɛ sɛnea Hitler ne Nazi amanyɛ kuw no de ɔman dwom Deutschland, Deutschland uber alles (Germany, Germany a ɛkorɔn sen biara) no dii nnipa dodow no anim faa owu ne ɔsɛe kwan so! Nea ɛyɛ nwonwa no, ná saa ɔman dwom yi gyina sanku dwom bi a Haydn hyehyɛe so. Ɛho mmuaema mu no, Britaniafo nso de nkate a emu yɛ den too “God Save the King.” Hitler fam no, n’ani gyee nnwom a Wagner yɛe no ho kɛse.

Tumi a dwom wɔ no daa adi wɔ Bible mmere mu nso. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Exodus nhoma no mu no ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Mose wɔ Horeb bepɔw no so a na ɔregye Mmara nsɛm no afi Yehowa hɔ no, Israelfo no annya boasetɔ, na wɔka kyerɛɛ Mose nua Aaron sɛ ɔnyɛ onyame foforo mma wɔn​—nantwi ohoni a wɔagu. Afei wɔbobɔɔ afɔre maa ohoni yi wɔ nyamesom kwan so. Na dɛn bio na wɔyɛe? “Ɔman no traa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui.”​—Exodus 32:1-6.

Bere a Mose ne Yosua fi bepɔw no so sianee no, wɔtee nteɛteɛm wɔ Israelfo nsra no mu. Yosua susuwii sɛ ɛyɛ ɔko ho nnyigyei. Nanso Mose hui sɛ ɛnyɛ saa. Ná ɛyɛ nnwonto, ɛnyɛ ɔko mu nkonimdi osebɔ anaa nkogudi ho nteɛteɛm. Ná ɛyɛ “dwom so gye gyegyeegye.” Sɛnea na dwom no ano yɛ den fa no maa Mose hui sɛ ɛfa adeyɛ bi a ɛmfata ho. Ná ɛyɛ dɛn? Ná ɔman no reto dwom na na wɔresaw twa nantwi ba a wɔde sika agu no ho. Ná wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som mu denneennen a nnwonto ne asaw ka ho. Ná nnwonto yɛ wɔn atoro som a ɔbrasɛe ahyɛ no ma no fã titiriw.​—Exodus 32:7-25.

Saa asɛm a esii no yɛ asuade ma Kristofo nnɛ. Ade biako ne sɛ, dwom betumi aka wo. Ɛnnɛ wiase yi yɛ nea nnwom ahyɛ no ma. Nanso so ɛsɛ sɛ wɔbɔ nnwom a ano yɛ den kɛse ne nnwom ahorow a agye din, na nguamansɛm a ɛtwetwe adwene kɔ ɔbrasɛe so wom bere a Yehowa Adansefo ahyiam anaa? Ɛnsɛ sɛ ɛba saa! Nanso, mfe kakraa yi mu no, ɛkame ayɛ sɛ wɔma nnwom a ɛtete sɛɛ ho kwan, na mpanyimfo ne awofo binom mpo pene so. Nnwom a ɛtete sɛɛ yi mu binom ahyɛ ɔbrasɛe, atuatew, nnubɔne a wɔnom ne ahonhonsɛmdi mpo ho nkuran.

So eyi kyerɛ sɛ nnwom ankasa yɛ nea enni nkɛntɛnso pa biara? Ɛnte saa. Sɛnea yɛadi kan aka no, wɔde dwom dii dwuma wɔ ɔsom kronn a wɔde maa Yehowa mu. Na Yesu, wɔ ne mfatoho a ɛfa ɔba hohwini a ɔsan baa fie no ho no mu no, ɔkaa pon a n’agya de “sanku nnwom ne asaw” to maa no ho asɛm.​—Luka 15:25.

So Nnwom Betumi Ada Adwene Bi Adi?

Wɔ yɛn bere so no, nnwom abɛyɛ ade a ɛho hia kɛse wɔ da biara da asetra mu. Wɔ mfe dudu kakraa a atwam no mu no, wiase nnwuma bebree asɔre a wɔyɛ mpaawa ne cassette ɔpepehaha afe biara. Bere a bɛyɛ mfe ɔha a atwam ni no na agodi ase nko na wɔte nnwom a wɔrebɔ, a ɛnyɛ ade a wɔyɛ no daa nso no, ɛnnɛ de nnwom a wotie abɛyɛ da biara da adeyɛ. Enti asemmisa no sɔre sɛ​—so nnwom betumi ada adwene bi adi? So nnwom betumi akɛntɛn obi adwene anaa n’abrabɔ so anaa?

Yehu eyi ntɛm ara wɔ radio ne TV so dawurubɔ mu. Nneɛma a wɔtɔn ho dawurubɔ pii wɔ hɔ a nnwom ka ho. Enti, ɛdenam nnwom no mmoa so no, dekode no din ka nkurɔfo adwene mu, na ɛka mmofra ne nkokoaa mpo adwene mu.

Wɔ tete Israel no wɔde nnwom dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so, nanso na ekura atirimpɔw pa. Nnwom nhoma no mu nsɛm yɛ nea wɔhyehyɛ de yɛɛ nnwom ankasa, a akyinnye biara nni ho sɛ ɛboa maa nsɛm no kaa nkurɔfo adwene mu. Sɛ nhwɛso no, Bible kyerɛwtohɔ ka kyerɛ yɛn sɛ bere a wɔrebue Salomo asɔrefi no ano no, Lewifo nnwontofo ne afoforo boaboaa wɔn ho ano “kurakura nnawuru ne mmɛnta sanku ne sankuten . . . na asɔfo ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛn ntorobɛnto. Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee nne biako a wɔde reyi [Yehowa] ayɛ da no ase.” Ɛha no, na nnwom no yɛ nea ɛhyɛ nkuran na ɛma nkɔso. Ná ɛyɛ nea wɔde yi Yehowa ayɛ.​—2 Beresosɛm 5:12, 13.

Ebetumi aba sɛ, saa bere no, na wɔreto Dwom 136, na na dwom no bɛboa wɔn ma wɔakae emu nsɛm no. Eyi si so dua sɛ​—dwom tumi da asɛm bi adi. Ebetumi nso ayɛ nea wɔnam so kamfo biribi kyerɛ anaasɛ wɔhyɛ adwene bi ho nkuran, anaasɛ nea wɔde kamfo abrabɔ bi kyerɛ, sɛ ebia ɛyɛ dwom a nsɛm wom anaa nea nsɛm nni mu. Eyi yɛ nokware nnɛ, sɛ yɛka nnwom a wɔtwetwe wɔ nhama so anaa nnɛyi nnwom mu kasakoa ahorow no ho asɛm a.

Sɛ nhwɛso no, Encyclopaedia Britannica, wɔ ne nsɛm a ɛfa Ludwig van Beethoven, “a wobu no sɛ ɔno ne nnwom hyehyɛfo kɛse a watra ase pɛn” ho no mu no, ka sɛ: “Ɛmaa tumi a ɛwɔ nnwom mu a ɛda asetra mu nsɛm bi adi a nsɛmfua nka ho no daa adi pefee sen wɔn a wodii n’anim nyinaa.” Ne Pastoral Symphony a wonim no wiase nyinaa no yɛ eyi ho nhwɛso. Ɛda adebɔ ho dɔ a na Beethoven wɔ no adi pefee. Yiw, nnwom betumi akanyan yɛn na aka yɛn nkate horow.

Fa Australiani nnwom hyehyɛfo Gustav Mahler nnwom ahorow a mprempren ɛka sanku nnwom ahorow a nkurɔfo ani gye ho kɛse no ho no sɛ nhwɛso foforo. Nnwom ho abenfo bi ka “owu ho hu a ɛhyɛ” nnwom hyehyɛfo “yi so,” ne “mmɔden a wɔbɔ sɛ wobehu biribi wɔ asetra mu a ɛbɛsakra Mahler asetra ne ne nnwom ahorow” ho asɛm. Ɔreka ne dwom a wɔfrɛ no Symphony No. 1 ho asɛm no, ɔkyerɛwfo no kae wɔ emu nsɛm no ho sɛ: “Owu ho hu kata asetra mu anigye so.” Ɔkɔ so se: “Symphony No. 2 de owu ho hu fi ase . . . na ekowie gyidi a Kristofo wɔ sɛ ɔkra nwu da mu. . . . Nyamesom mu nsɛm a ɛwɔ saa nnwom yi mu no yɛ nea ɛda nsow kɛse.” Enti afei asemmisa no sɔre sɛ, So Mahler nyamesom adwene a atu afra no betumi aka atiefo?

Nhwɛso foforo nso ne Stravinsky dwom a ɔtoo din The Rite of Spring no. Saa dwom a wɔde saw yi da abosonsom mu adeyɛ bi a ɔbaabun bi sawee araa kosii sɛ owui de pataa fefɛw nyame no adi. Saa adeyɛ yi, sɛnea ɔkyerɛwfo bi kae no, “yɛ nea wɔda no adi wɔ nnwom a ɛka obi adwene ne ne nkate ahorow mu.” Dwuma a edi no yɛ nwonwa kɛse. Nokwarem no “wɔhyɛɛ da hyehyɛe na wɔde atutu ahotoso a na nkurɔfo wɔ wɔ Europa tete nnwom ahorow mu no agu.”

Enti, ɛsɛ sɛ sanku nnwom ahorow mpo ma wugyina na wubisa wo ho sɛ, So dwom pɔtee bi a mɛkɔ so atie daa no betumi ahaw me anaa akanyan me nkate horow sɛnea ɛnsɛ? So nnwom hyehyɛfo no adwene betumi akɔ me mu na ebia aka m’adwene wɔ ɔkwan a ɛmfata so anaa? Wiɛ, sɛ ne nnwom no nyɛ nea ɛsɛe Ɔbɔadeɛ no ne Ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa no mu gyidi a, ebia nnwom hyehyɛfo no nkɛntɛnso no bɛyɛ nea ɛnsɛe hwee, anaasɛ mpo ebetumi ayɛ nea eye. Bio nso, ebetumi aba sɛ wubetie dwom bi a wurenhu nea ɛwɔ nea ɔhyehyɛe no adwene mu. Ɛno fam no, dwom no asekyerɛ begyina nea otiefo no ankasa susuw no so.

Na, so yebetumi asusuw nnɛyi nnwom ahorow ho wɔ saa kwan yi so? So nnɛyi nnwom horow yɛ nea ɛma nkɔso anaa nea ɛsɛe abrabɔ pa? So ebetumi asɛe Kristoni abrabɔ ne ne honhom mu yiyedi? Yɛn asɛm a edi so yi bɛda eyi ne nsɛm afoforo adi.

[Kratafa 5 mfoni]

Wobetumi de nnwom adi dwuma bɔne

[Kratafa 6 mfoni]

So Wɔn Nnwom no Nyinaa Ye?

MAHLER

WAGNER

STRAVINSKY

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena