Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
‘Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmoam sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.’—EFESOFO 5:15, 16.
1. Dɛn nti na wobetumi afrɛ nnwom sɛ “akyɛde a efi soro?
LULU Rumsey Wiley kyerɛw wɔ ne nhoma Bible Music mu sɛ: “Nnwom yɛ akyɛde a efi soro.” Mmarima ne mmea a wosuro Nyankopɔn ahu saa nkate yi fi tete. Onipa nam nnwom so ada ne nkate ahorow a emu dɔ sen biara—anigye, awerɛhow, abufuw ne ɔdɔ—adi. Enti nnwom dii dwuma titiriw wɔ Bible mmere mu, na wɔka ho asɛm wɔ nhoma kronkron no mu nyinaa.—Genesis 4:21; Adiyisɛm 18:22.
2. Ɔkwan bɛn so na wɔde nnwom yii Yehowa ayɛ wɔ Bible mmere mu?
2 Ɛyɛ Yehowa som mu na wɔdaa nnwom adi wɔ ɔkwan a eye sen biara so. Mfiase no, wɔde nsɛm a ɛkorɔn sen biara a wɔde ayi Yehowa ayɛ pɛn no mu bi yɛɛ nnwom. Odwontofo Dawid kyerɛw sɛ: “Mede dwonto meyi Nyankopɔn din ayɛ.” (Dwom 69:30) Wɔtoo nnwom wɔ kokoam de kaa mpaebɔ ho. Asaf kyerɛw sɛ: “Mekae m’anadwo dwom, midwen me komam, na me honhom hwehwɛm pɛsɛpɛsɛ.” (Dwom 77:6) Wɔyɛɛ nnwonto ho nhyehyɛe kɛse wɔ Yehowa asɔrefi hɔ. (1 Beresosɛm 23: 1-5; 2 Beresosɛm 29:25, 26) Ɛtɔ mmere bi a na wɔyɛ nnwonto ho nhyehyɛe pii, te sɛ bere a na wɔrehyira asɔrefi so a wɔmaa ntorobɛntohyɛnfo 120 too nnwom no. (2 Beresosɛm 5:12, 13) Yenni kyerɛwtohɔ biara a ɛkyerɛ sɛnea dwonkɛse yi gyigyei de, nanso nhoma The Music of the Bible ka sɛ: “Ɛrenyɛ den sɛ wubenya nkɛntɛnso a Asɔrefi nnwom nyae wɔ adeyɛ atitiriw so ho adwene . . . Sɛ wobetumi de yɛn mu biako akogyina ade a ɛte sɛɛ mu a, anka akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ho bedwiriw yɛn yiye.”a
Nnwom a Wɔde Dii Dwuma Ɔkwammɔne So
3, 4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo ne abosonsomfo a wɔatwa wɔn ho ahyia de nnwonto akyɛde yi dii dwuma ɔkwammɔne so?
3 Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔde nnwom dii dwuma wɔ ɔkwampa sɛɛ so. Wɔ Bepɔw Sinai so no, wɔde nnwonto kanyan nantwi ba som wɔ abosonsom kwan so. (Exodus 32:18) Ɛtɔ bere bi a na wɔde nnwonto bata asabow nneyɛe ne aguamammɔ mpo ho. (Dwom 69:12; Yesaia 23:15) Abosonsomfo a na wɔatwa Israelfo ho ahyia no nso de akyɛde a efi soro yi dii dwuma ɔkwammɔne so. The Interpreter’s Dictionary of the Bible ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nnwom a agye din wɔ Foinike ne Siria nyinaa fa Istar, abawo nyamewa no som ho. Enti mpɛn pii no, wɔde dwom a agye din dii nna mu basabasayɛ a abu so anim.” Tete Helafo nso too nnwom de saw “asaw ahorow a ɛkanyan nna mu nkate” a agye din.
4 Yiw, nnwom wɔ tumi a ɛma obi kẽkã ne ho, ebunkam obi so, na enya obi so nkɛntɛnso. Mfe du du pii a atwam ni no, John Stainer nhoma The Music of the Bible ka ma ɛkɔɔ akyiri sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛwɔ adesamma abusua no so nkɛntɛnso a ano yɛ den mprempren sɛ nnwom.” Nnwom kɔ so nya nkɛntɛnso a emu yɛ den nnɛ. Enti nnwom a ɛmfata betumi ayɛ asiane ankasa ama mmofra a wosuro Nyankopɔn.
Ahwɛyiye ho Hia
5. (a) Dwuma kɛse bɛn na nnwom di wɔ mmofra pii asetra mu? (b) Onyankopɔn bu mmofra a wogye wɔn ani dɛn?
5 Sɛ woyɛ abofra a, ɛnde wunim sɛnea nnwom—titiriw nea ano yɛ den anaa nea mmofra ani gye ho kɛse no—ho hia w’atipɛnfo pii. Wɔafrɛ nnwom sɛ “biribi a ɛboa ma mmofra nyin” mpo. Wobu akontaa sɛ wɔ United States no, mmofra dodow no ara betie nnwom a ano yɛ den bɛboro nnɔnhwerew anan da biara wɔ mfe asia a etwa to wɔ wɔn sukuukɔ mu no mu! Eyi da no adi pefee sɛ wɔnkari pɛ. Ɛnyɛ bɔne sɛ wode biribi a ɛma wo ho tɔ wo anaasɛ ɛma w’ani gye begye w’ani. Nokwarem no, Yehowa, nnwom a ɛyɛ dɛ Bɔfo no nhwɛ kwan sɛ mmofra bɛyɛ tebɔɔ na wɔn werɛ ahow. Nokwasɛm ne sɛ ɔhyɛ ne nkurɔfo sɛ: “Treneefo, momma mo ani nnye [Yehowa] ho, na munni ahurusi! Komam teefo nyinaa, momfa anigye nhuro!” (Dwom 32:11) N’Asɛm ka kyerɛ mmofra sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu.”—Ɔsɛnkafo 11:9.
6. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra yɛ ahwɛyiye wɔ nnwom a wɔpaw ho? (b) Dɛn nti na nnwom a ɛwɔ hɔ nnɛ no pii nyɛ sen nea na ɛwɔ awo ntoatoaso a atwam no mu?
6 Nanso, ntease pa bi nti, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ nnwom a wopaw mu. Ɔsomafo Paulo kae wɔ Efesofo 5:15, 16 sɛ: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” Ebia mmofra binom bɛka nea abeawa bi kae yi bi sɛ: “Yɛn awofo tiee wɔn nnwom bere a na wɔyɛ mmofra no. Dɛn nti na yentumi ntie yɛn de?” Ebetumi aba sɛ na biribi a enye wɔ nnwom a w’awofo tiei bere a na wɔte sɛ wo no ho. Sɛ wohwehwɛ mu yiye a, wubehu sɛ nnwom a agye din no pii ka nna ho asɛm na egyina ɔbrasɛe so. Nanso nea bere bi a atwam na wɔka ho asɛm kakraa bi no, afei de wɔkyerɛkyerɛ mu pefee. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Mprempren, wɔka nsɛm a emu da hɔ kyerɛ mmofra de haw wɔn adwene kɛse sen biribiara a asi amammere mu pɛn.”
Rap Nnwom (Nnwom a wɔkasa wom) —Atuatew Nnwom
7, 8. (a) Rap nnwom ne dɛn, na dɛn nti na agye din saa? (b) Wɔbɛyɛ dɛn atumi ahu obi a odi rap asetra kwan akyi?
7 Sɛ́ nhwɛso no, susuw sɛnea rap nnwom aba so nnansa yi no ho hwɛ. Sɛnea Time nsɛmma nhoma kyerɛ no, rap abɛyɛ “nnwom a wogye tom wɔ wiase nyinaa,” na agye din yiye wɔ Brazil, Europa, Japan, Rusia ne United States. Mpɛn pii no, dwonto biara nnim, na wɔka emu nsɛm no ka nnyigyei a ano yɛ den ho. Nanso ɛte sɛ nea nnyigyei no ne ade a ɛma wɔtɔ no pii saa no. Japanni abofra bi se: “Sɛ mitie rap nnwom a, m’ani gye, na sɛ mesaw a, me ho tɔ me.”
8 Rap mu nsɛm—ɛtaa yɛ kasafi ne anuɔdensɛm ne abufuw a adi afra—yɛ ade foforo nso a ɛma nnipa pii ani gye ho. Rap nte sɛ tete rock nnwom a pii mu nsɛm fa mmofraberem mmarima ne mmea ntam ɔdɔ ho no, na mmom ɛyɛ nsɛm a anibere wom kɛse mpɛn pii. Rap binom kasa tia atɛnkyea, mmusua mu mpaepaemu ne polisifo atirimɔdensɛm ma ɛyɛ hu. Nanso ɛtɔ bere bi a, ne nnyeso no yɛ kasafi a ɛyɛ ahodwiriw sen nea wubetumi asusuw ho biara. Ɛte sɛ nea rap kasa tia ntade, ahosiesie ne nna mu ɔbra pa ho gyinapɛn ahorow nso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ rap abɛyɛ asetra kwan a wogye tom. Rap akyidifo hinhim wɔn ho kɛse, wɔka anuɔdensɛm, wɔwɔ ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho—trasɛs kɛse, mpaboa a ɛware kakra, sika kɔkɔɔ kɔnmuade, baseball kyɛw ne kyikyi a n’ahwehwɛ yɛ tuntum.
9, 10. (a) Sɛ mmofra pɛ sɛ wohu sɛ rap nnwom ne n’asetra kwan “sɔ Awurade ani” a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho? (b) Dɛn na ɛte sɛ nea Kristofo mmofra binom mfa no asɛnhia?
9 Wɔka kyerɛ Kristofo wɔ Efesofo 5:10 sɛ ‘wɔnsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ.’ Sɛ wususuw edin a rap agye ama ne ho no ho a, so wugye di sɛ ‘ɛbesɔ Awurade ani’ sɛ wode wo ho behyem? So Kristoni abofra bɛpɛ sɛ wɔnam asetra kwan a wiasefo pii mpo mpene so so behu no? Hyɛ sɛnea nhwehwɛmufo bi kaa rap kɔnsɛt bi ho asɛm no nsow: “Rap nnwontofo no sii akane hwehwɛɛ wɔn mu nea obetumi de kasafi ne nna mu nsɛm a ɛkɔ akyiri sen biara ato nnwom. . . . Mmarima ne mmea a wɔresaw yɛɛ sɛ nea wɔne wɔn ho reda wɔ agodi pon no so.” Ɛdefa wɔn adeyɛ titiriw bi ho no, wɔn a wɔma wɔyɛɛ kɔnsɛt no mu biako kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nsɛm a wɔkae no nyinaa yɛ (kasafĩ).”
10 Ɛno mpo, nnwom a wɔbɔɔ saa anwummere no yɛ rap nnwom a eye kakra. Nea ɔhwɛ kɔnsɛt dan no so no kae sɛ: “Nea moretie no yɛ rap a eye kakra—ɛte sɛ nea mmofra tɔ wɔ sotɔɔ mu no ara.” Ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛrebɔ amanneɛ sɛ mmofra bɛboro 4,000 a wohyiam wɔ kɔnsɛt no ase binom yɛ wɔn a wose wɔyɛ Yehowa Adansefo! Ebinom mfa nokwasɛm a ɛne sɛ Satan ne ‘wim panyin’ no asɛnhia. Ɔno na odi ‘honhom [anaa adwenem nneyɛe a abu so] a nnansa yi ɛyɛ adwuma asoɔden mma mu no’ so. (Efesofo 2:2) Sɛ wode wo ho hyɛ rap nnwom mu anaasɛ wofa rap asetra kwan a, hena apɛde na woyɛ? Ɛyɛ ampa sɛ rap bi mu nsɛm nyɛ nea ɛmfata pii. Nanso so ntease wom sɛ w’ani begye nnwom a dodow no ara tia Kristofo gyinapɛn ho?
Rock Nnwom a Ano yɛ Den Boro So—Nna, Basabasayɛ ne Abonsansɛm
11, 12. Dɛn ne rock nnwom a ano yɛ den boro so, na nneɛma a enye bɛn na ɛhyɛ no agyirae?
11 Nnwom foforo a agye din ne rock a ano yɛ den boro so. Rock nnwom a ano yɛ den boro so kɔ akyiri sen rock a ano yɛ den. The Journal of the American Medical Association bɔ amanneɛ sɛ: “Rock nnwom a ano yɛ den boro so . . . nnyigyei a ano yɛ den, nsɛm a ɛkamfo ɔtan, animtiaabu, nna mu basabasayɛ ne ɛtɔ mmere bi a abonsansɛm ahyɛ mu ma.” Nnwontofo akuw a wɔagye din kɛse yi bi din nko ara mpo kyerɛ sɛ rock nnwom yi mfata. Nsɛmfua a ɛwom no bi ne “bɔre,” “atuo” ne “owu.” Nanso, sɛ wɔde toto ho a, ɛte sɛ nea rock a ano yɛ den boro so wɔ fam sen nea ɛkɔ akyiri sen saa a wɔfrɛ no thrash metal ne death metal—nnwom nnyigyei soronko bi a rock nnwom a ano yɛ den boro so na ɛde ba. Nsɛm bi te sɛ “obi a ɔwe nnipanam,” ne “owu ho nkaebɔ” da adi wɔ nnwontofo akuw a wɔto saa nnwom yi din mu. Ebia mmofra a wɔwɔ nsase pii so renhu sɛnea edin ahorow yi yɛ tan fa, efisɛ ɛwɔ Engiresi kasa anaa amanɔnne kasa foforo bi mu.
12 Wɔakɔ so de rock nnwom a ano yɛ den boro so yi abata mmofra a wodi wɔn ho dɔm, mmofra adwenemhaw ne nnubɔne a mmofra de di dwuma ho. Esiane sɛ ɛde basabasayɛ ba nti, ɛmaa radio nimdefo bi too ne din sɛ “nnwom a ebetumi ama woakum w’awofo.” Ɛyɛ abonsansɛm a ɛwom no na ɛma awofo pii—ne polisifo mpanyimfo—ho dwiriw wɔn no. Nhwehwɛmufo bi kae sɛ mmofra bi a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu nam nnwom yi so na ɛyɛɛ saa. Ɔde twa to sɛ: “Wonnim nea wɔde wɔn ho rehyem.”
13. Asiane bɛn na ɛwɔ wo ho a wode bɛhyɛ rock nnwom a ano yɛ den boro so mu no mu?
13 Nanso ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra ‘hu Satan adwene.’ (2 Korintofo 2:11) Nea ɛte biara no, ‘yɛne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom na anya.’ (Efesofo 6:12) Hwɛ nkwaseasɛm a ɛbɛyɛ sɛ obi nam nnwom a ɔpɛ so bɛfrɛfrɛ adaemone aba n’asetra mu! (1 Korintofo 10:20, 21) Nanso ɛda adi sɛ Kristofo mmofra binom ani gye saa nnwom yi ho. Ebinom mpo apɛ akwan bi a wɔnam so wia wɔn ho tie nnwom yi. Abeawa bi kaa nokware sɛ: “Ná mitie nnwom a ano yɛ den boro so yi, ɛtɔ bere bi mpo a ɛkame ayɛ sɛ anadwo mũ nyinaa. Ná metɔ nsɛmma nhoma a ɛka nnwom yi ho asɛm, na na mede sie mpaboa nnaka mu sɛnea ɛbɛyɛ a m’awofo renhu. Midii atoro kyerɛɛ m’awofo. Mihui sɛ Yehowa ani annye me ho.” Nyan! nsɛmma nhoma no mu asɛm bi na ɛmaa m’ani baa me ho so. Mmofra afoforo baahe na nnwom a ɛte sɛɛ da so ara sum wɔn afiri?
Nea Wugu na Wutwa
14, 15. Dɛn nti na yebetumi agye adi yiye sɛ nnwom a ɛmfata a yebetie no benya yɛn so nkɛntɛnso bɔne? Ma nhwɛso.
14 “Mmrɛ asiane a nnwom a ɛte sɛɛ betumi de aba no ase. Ampa, ebia worennya adwene sɛ wubekum obi anaasɛ wobɛbɔ aguaman esiane sɛ wutiee nnwom bi nti. Nanso Galatifo 6:8 ka sɛ: “Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee.” Nnwom a ɛyɛ honam mu de, a ɛma wɔyɛ nneɛma te sɛ mmoa, na adaemonesɛm wom a wubetie no benya nkɛntɛnso bɔne wɔ wo so. (Fa toto Yakobo 3:15 ho.) Wɔafa nnwom kyerɛkyerɛfo Joseph Stuessy asɛm a ɔkae aka sɛ: “Nnwom biara nya nkɛntɛnso wɔ yɛn tebea, yɛn nkate, yɛn nneyɛe ne suban ko a yebenya so nkɛntɛnso . . . Obiara a ɔbɛka sɛ ‘metumi atie nnwom a ano yɛ den boro so nanso ɛrennya me so nkɛntɛnso’ no adi mfomso koraa. Nea ɛwom ara ne sɛ ɛsono ɔkwan ne nkɛntɛnso ko a enya wɔ obiara so.”
15 Kristoni abofra bi gye tom sɛ: “Mede me ho hyɛɛ thrash metal mu kɔɔ akyiri araa ma me nipasu nyinaa sakrae.” Ankyɛ biara na ofii ase hui sɛ adaemone rehaw no. “Awiei koraa no, mesɛee nnwom no ho nneɛma nyinaa, na adaemone no gyaee me haw.” Abofra foforo kaa nokware sɛ: “Ná nnwom a mitie no ka ahonhonsɛmdi, nnubɔne anaa nna ho asɛm. Mmofra pii ka sɛ ennya wɔn so nkɛntɛnso, nanso ɛkã wɔn ankasa. Ɛkaa kakraa bi sɛ mifii nokware no mu koraa.” Abebusɛm bi bisa sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?”—Mmebusɛm 6:27.
Yɛ Ahwɛyiye
16. Dɛn na yebetumi aka afa wɔn a wɔkyerɛw na wɔyɛ nnɛyi nnwom no pii ho?
16 Paulo kyerɛw kɔmaa tete Efeso Kristofo sɛ: “Enti meka eyi na midi adanse Awurade mu, sɛ monnnantew bio sɛnea amanaman a aka no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no. Wɔn na wɔn adwenem aduru sum, na esiane sɛ wonnim de na wɔn koma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo.” (Efesofo 4:17, 18) So yentumi nka eyi mfa wɔn a wokyerɛw na wɔyɛ nnɛyi nnwom no pii ho? Nnwom ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa da “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, nkɛntɛnso adi sen bere biara a atwam.—2 Korintofo 4:4.
17. Mmofra bɛyɛ dɛn ahu sɛnea nnwom bi te, anaasɛ wɔbɛyɛ dɛn asɔ ahwɛ?
17 Bible hyɛɛ “nna a edi akyiri” no ho nkɔm sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1, 13) Ɛnde, ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ nnwom a wopaw mu kɛse sen bere biara a atwam. Mpɛn pii no, edin a ɛmfata a wɔde ato nnwom no bɛma woahu sɛ enye. Hiob 12:11 bisa sɛ: “So ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?” Ɔkwan a ɛte sɛɛ ara so no, wubetumi asɔ nnwom bi ahwɛ denam ebi a wobɛbɔ atie no yiye so. Nkate bɛn na nnwom no ma ɛsɔre wɔ wo mu? So ɛda anuɔden, ɔbrasɛe, agobɔne honhom—adi? (Galatifo 5:19-21) Na emu nsɛm no nso ɛ? So ɛkamfo nna ho ɔbrasɛe, nnubɔne a wɔde di dwuma, anaa nneɛma bɔne a “ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ din po”? (Efesofo 5:12) Bible se nneɛma a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ ‘wɔbɔ din po’ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu, na ato sɛ wubetie ɛho nnwom mpɛn pii. (Efesofo 5:3) Na akyi krataa no nso ɛ? So nsɛm a ahonhonsɛmdi wom anaa mfonini a ɛkanyan nna ho nkate wɔ so?
18. (a) Nsakrae ahorow bɛn na ebia mmofra betumi ayɛ wɔ nnwom ho? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na mmofra ani atumi agye nnwom a eye kɛse ho?
18 Ebia ebehia sɛ woyɛ nsakrae bi wɔ nnwom ko a wopaw mu. Sɛ wowɔ nnwom a ɛwɔ kasɛt ahorow ne mpaawa so a ɔbrasɛe ne adaemonesɛm din da so a, ɛsɛ sɛ wosɛe no ntɛm. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 19:19 ho.) Eyi nkyerɛ sɛ wuntumi mmɔ nnwom; ɛnyɛ nnwom a agye din nyinaa na enye. Mmofra binom asua sɛ wɔbɛtrɛw nnwom a wɔpɛ mu, na mprempren wɔpɛ nnwom a ɛfata te sɛ classical, folk, light jazz ne nnwom afoforo. Kingdom Melodies kasɛt ahorow ‘no aboa mmofra pii ma wɔn ani abɛgye sanku nnwom (orchestra) a ɛyɛ anigye ho.
19. Dɛn nti na ehia sɛ wɔma nnwom tra n’afa?
19 Nnwom yɛ akyɛde a efi soro. Nanso wɔ nnipa pii fam no, ɛbɛyɛ ade a ɛmfata a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ. Eyinom te sɛ tete Israelfo a wɔde ‘sankuten ne bɛnta sanku ne mpintin gyee wɔn ani, nanso Yehowa nneyɛe de, wɔanhwɛ’ no. (Yesaia 5:12) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛma nnwom atra n’afa, na Yehowa nneyɛe ayɛ ade titiriw a wususuw ho. Fa ahwɛyiye yiyi nnwom a wopaw no mu. Sɛ woyɛ saa a, wubetumi de akyɛde a efi soro no adi dwuma—ɔkwampa so na ɛnyɛ ɔkwammɔne so.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛda adi sɛ na Israel man nim nnwonto ho nhyehyɛe sen ɔman biara. Asiriafo adwinne bi da no adi sɛ ɔhene Sanaherib ka kyerɛɛ Israel hene Hesekia sɛ ɔmfa Israelfo nnwontofo ntua tow mma no. Grove’s Dictionary of Music and Musicians ka sɛ: “Sɛ́ wɔbɛka sɛ wɔmfa nnwontofo ntua tow . . . yɛ biribi a ɛyɛ nwonwa ampa.”
So Wokae?
◻ Dɛn nti na yebetumi afrɛ nnwom sɛ akyɛde a efi soro?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔde nnwom dii dwuma ɔkwammɔne so wɔ tete mmere mu?
◻ Asiane horow bɛn na ɛwɔ rap ne rock nnwom a ano yɛ den boro so mu ma Kristofo mmofra?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi ahwɛ yiye wɔ nnwom a wɔpaw ho?
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Wɔ Bible mmere mu no, na wɔde nnwom di dwuma mpɛn pii sɛ ɔkwan a wɔnam so yi Yehowa ayɛ