Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 4/8 kr. 15-17
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnwom a Mitie Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnwom a Mitie Ho?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom​—Ɔfã a Ɛwɔ wɔ Asetra Mu
  • Rock Nnwom ho Anigye
  • Rap mu Nsɛm
  • Rap Asetra Kwan No
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
  • Anigyede A Empira Anaa Awuduru A Ɛsɛe Adwene?
    Nyan!—1993
  • Tumi a Nnwom Wɔ
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 4/8 kr. 15-17

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnwom a Mitie Ho?

“Me papa ka sɛ, ‘Gyae saa dede no yɛ! Ɛretuatua m’aso!’”​—Abarimaa bi a onnii mfe aduonu.

“Rap nnwom bi yɛ abofono yiye ankasa.”​—Ababaa bi a onnii mfe aduonu.

JODIE nwiinwii sɛ: “Ɛnyɛ ade titiriw biara. Dɛn nti na wɔma nnwom ho asɛm yɛ asɛnkɛse saa?” Lisette a wadi mfe dumiɛnsa te nka saa ara. Ɔkyerɛ sɛ: “Ɛyɛ dwom ara kwa.”

So wo nso wo ne w’awofo reham wɔ nnwom ho anaa? Sɛ ɛte saa a, ebia wubehyia anwiinwii, ahunahuna, ne mmarahyɛ ahorow, bere biara a wobɔ nnwom a wopɛ no. (Abarimaa bi a onnii mfe aduonu se: “Me papa ka sɛ, ‘Gyae saa dede no yɛ! Ɛretuatua m’aso!’”) Sɛ ɔham no hyɛ wo abufuw a, wobɛte nka sɛ w’awofo rema adewa bi ayɛ asɛnkɛse. Ababaa bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “Na bere a na wɔn nso wɔyɛ mmofra no ɛ? Wɔn awofo ansusuw sɛ nnwom a wotie no nye?”

Waka asɛm a ehia sɛ yesusuw ho. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, ɛte sɛ nea mpanyin ne mmofra adwene nhyia wɔ nneɛma a obi ankasa paw mu. Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ wugyae nnwom a wopɛ tie esiane pɛ ara kwa a w’awofo mpɛ nti? Mfomso bɛn koraa na ɛwɔ nnwom a wutie ho?

Nnwom​—Ɔfã a Ɛwɔ wɔ Asetra Mu

Wiɛ, obiara nkae ankasa sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wubetie nnwom. Mfiase no na wɔto Bible no afã bi​—titiriw nnwom nhoma afã ahorow no​—sɛ nnwom. Wɔ Bible mmere so no, wɔde nnwom dii dwuma kɛse wɔ Onyankopɔn som mu. (Dwom 149:3; 150:4) Ná nnwom yɛ ɔkwan a wɔfa so da ahurusidi, anigye, ne awerɛhow adi nso. (Genesis 31:27; Atemmufo 11:34; 1 Samuel 18:6, 7; Mateo 9:23, 24) Wɔ Yesu Kristo bere so no, na wɔtaa de nnwom di dwuma wɔ apontow ahorow ase; ɛmaa adeyɛ no yɛɛ anigye kɛse.​—Luka 15:25.

Nnwom ho da so ara hia nnɛ​—titiriw ma mmofra. The Journal of the American Medical Association hyɛ no nsow sɛ: “Mmofra a wɔadi fi mfe 12 kosi 18 de nnɔnhwerew 10,500 tie rock and roll nnwom, nnɔnhwerew dodow a wodi wɔ adesuadan mu fi mmotafowa sukuu so kosi ntoaso sukuu so dɔɔso sen no kakraa bi pɛ.”

Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ U.S mmofra mu dodow no ara tie rock and roll ne pop nnwom nkutoo (Nea ɛbɛma emu ada hɔ no, yɛde nsɛm “rock” ne “pop” begyina hɔ ama nnwom ahorow a mmofra ani gye ho kɛse nyinaa​—efi soo nnwom ne rock nnwom a ɛda abufuw adi so kosi rap ne rock nnwom a ano yɛ den boro so so) . Sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, “rock nnwom nyɛ Amerikafo mmofra nko de bio. Ɛyɛ wiase no nnwom.”

Rock Nnwom ho Anigye

Dɛn nti na rock nnwom agye din saa? Sɛnea nhoma Youth Trends kyerɛ no rock ayɛ “kasa biako a mmofra nyinaa ka.” Enti mmofra binom te nka sɛ nimdeɛ a ɛfa wiase no mu nnwom a agye din ho a wobenya​—nnwontofokuw ahorow ne nnwom a aba so a wobehu​—no boa wɔn ma afoforo gye wɔn tom. Nnwom ka mmofra bom, na ɛma wonya nsɛm pii bɔ ho nkɔmmɔ.

Mmofra pii fam no, eye sen biara sɛ wobetie nnwom wɔ kokoam. So woahyia tebea a ɛyɛ den wɔ sukuu da bi? Ɛnde ebia wote sɛ ababaa a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Bree a ose: “Metra me dan mu, bue nnwom no denneennen, na metra hɔ ara kwa. Ɔkwan bi so no ɛbrɛ ɔhaw ne adwennwen ase.” Bere a wɔtaa ka rock nnwom ho asɛm sɛ ɛyɛ dede na ɛyɛ gyegyeegye no, nnwom a agye din pii yɛ dɛ, na wɔahyehyɛ nnyigyei no kama.

Nanso wɔ ebinom fam no, nea wɔn ani gye ho ne nnwom no nnyigyei. Ababaa bi a wobisaa no nea enti a n’ani gye rap nnwom ho no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ “ɛyɛ nnwom a ɛyɛ mmerɛw sen biara sɛ wode bɛsaw.” Nanso emu nsɛm no yɛ pii anigye. Pop mu nsɛm a wɔkyerɛw ma mmofra titiriw no ka mmofra a wɔredu mpanyin mfe so nkate ne ɔhaw ahorow ho asɛm. Wɔahyɛ no nsow titiriw wɔ rap nnwom ho sɛ ɛtaa si nneɛma a ɛresisi, te sɛ abusua mu mpaapaemu ne nsisi so dua. Wɔfaa obi a onnii mfe aduonu a wɔfrɛ no Dan asɛm kae wɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu sɛ, “mibue me radio no, na ntease nni nnwom no dodow no ara mu, ɛhyɛ me ahometew. Rap kura nsɛm ne nneɛma a ɛyɛ ampa. Ne tie yɛ anigye.”

Nanso, ebia nnwom no mu nsɛm na ehia w’awofo kɛse.

Rap mu Nsɛm

Susuw rap nnwom ho hwɛ sɛ nhwɛso. Wɔ rap mu no, wɔnto emu nsɛm​—anuɔdensɛm a wɔde ayɛ nnyeso no​—na wɔka ka nnyigyei a ano yɛ den bi ho. Nokwarem no, bɔne ankasa biara nni adeyɛ yi ho. Ɔkasa wɔ nnwom a agye din wɔ mfe du du no mu pii mu. Nanso wɔtaa yɛ ade yi wɔ rap nnwom mu boro so.

Wɔkyerɛ sɛ rap (anaa, hip-hop) gyee din wɔ 1970 mfe no mu wɔ New York City asanombea nketewa, a mmofra a wofi kurow no mu na na wɔtaa ba hɔ. Bere a wɔn a wɔbɔ apawa no fi ase woro nsɛm (anaa, wɔkasa) di dwom a wɔakyere agu apawa so dedaw akyi no, wɔn a wɔsaw no taa de nkate a emu yɛ den gye so. Bere tiaa bi no, rap dwom fii mmantweaa ne asanombea nketewa bɛkaa nnwom a agye din no ho. Ankyɛ na rap nnwontofo a wokura din horow a ɛda ahantan adi te sɛ wɔn nnwom no ara​—Public Enemy kuw no, Odwontofo M. C. Hammer, ne Vanilla Ice kuw no​—fii ase ma wɔtee wɔn nnwom a ano yɛ den no yiye.

Nea ɛyɛ anika no, bere a Nyan! ɔkyerɛwfo bi bisaa Kristofo mmofra bi a wofi aman ahorow ahorow mu a wɔte kurow bi fã mu sɛ, “So mo mu bebree tie rap?” no, na ɛyɛ nwonwa sɛ wɔn mu dodow no ara buae sɛ yiw! Obisaa bio sɛ: “Dɛn na ɛma mo ani gye rap ho?” Abeawa bi a onnii mfe aduonu buae sɛ: “Nnyigyei no. Ɛkɔ yɔɔ, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubetie.” Ɔfoforo buae sɛ: “Wutumi de saw.” Nanso wɔankyerɛ asemmisa a edi hɔ no ho anigye ahe biara, “Rap nnwom bi wɔ hɔ a enye mma Kristofo anaa?”

Bere a fɛre ma wɔyɛɛ dinn akyi no, ababaa biako gye toom sɛ: “Rap nnwom bi yɛ abofono yiye ankasa.” Afoforo nso de amemenemfe gye toom. Nokwarem no, ɛdaa adi sɛ na mmofra no bebree nim nnwom pii a ɛho wɔ asɛm yiye​—nnwom a wɔde nsɛm a emu da hɔ pefee kamfoo ɔbrasɛe ne akɔnnɔ bɔne. Ebinom gye toom sɛ nnwom no bi de kasafĩ dii dwuma kɛse.

Yiw, ɛte sɛ nea rap nnwom pii da atuatew, basabasayɛ, abufuw, abusua mu mpaapaemu ne ɔbarima ne ɔbea nna mu mmɔdenbɔ ho adwene adi. Daniel Caudeiron, Black Music Kuw a ɛwɔ Canada no titrani, a ɔyɛ rap dwumadi ho nhyehyɛe, na ɔkamfo rap nnwom wɔ sɛnea “ekura adwempa kɛse” no ho gye tom sɛ rap pii “kasa tia mmea, ɛnna adwempa adi wɔ mmea ne mmarima ho, na ɛtɔ mmere bi a kasafĩ wom.”​—Maclean’s, November 12, 1990.

Rap Asetra Kwan No

Nokwarem no, ɛnyɛ rap nnwom nyinaa na ɛda ɔbrasɛe anaa basabasayɛ adi. Sɛnea The New York Times mu asɛm bi kyerɛ no, ebinom de adwene si botae ahorow a ɛteɛ te sɛ nhomasua, nnubɔne a wɔde di dwuma a wɔkasa tia, ne nnipa haw ahorow ho dwumadi so. Nanso ebia kakraa bi na emu nsɛm ho tew, na ɛnte saa mpɛn pii. Bere a Newsweek de gyinapɛn a ɛte sɛ nea wɔde kyekyɛ sini ahorow mu wɔ U.S. kyekyɛɛ rap nnwom du a agye din kɛse mu no, abien pɛ na wɔtoo din G, anaa wɔkyerɛe sɛ ɛfata ma atiefo nyinaa. Newsweek too nnwom no anan din R (mpanyimfo nkutoo na wotie) , na wɔtoo abien mpo din sɛ X, esiane “kasafĩ” ne nna ho nsɛm a emu da hɔ pefee nti.

Nea ɛka ho no, rap ka pii sen emu nsɛm no. Rap ama amammerɛ mu nsakrae aba. Wɔn a wonnii mfe aduonu ɔpepem pii hyɛ ntade a ɛso sen wɔn, mpaboa a ɛware kakra, trasɛs akɛse, sika kɔmuade, baseball kyɛw, ne kyikyi a n’ahwehwɛ yɛ tuntum, sɛ rap akyidifo ahosiesie a wogye tom. Pii nso suasua rap nnwontofo ho a wohinhim no kɛse ne wɔn nneyɛe. Na nea ɛyɛ awofo ne akyerɛkyerɛfo ahodwiriw no, nsɛmfua a ntease nnim te sɛ “yo!” ne “dis”​—anuɔden nsɛm a ɛhyɛ ahometew a nkurow akɛse mu mmofra ka a wɔkamfo wɔ rap mu​—abɛfra kasa a wɔka no daa mu.

Ebia rap begyina hɔ ama nsisi ho atuatew yiye. Nanso wɔka ne nyinaa bom a, rap yɛ atuatew ade a ɛkasa tia nneyɛe, ahosiesie ne ɔkasa ho gyinapɛn ahorow a Onyankopɔn de ama no. So Kristoni nam nnwom a ɔpɛ so bɛpɛ sɛ ɔde ne ho to asetra kwan a ɛho wɔ asɛm ho asiane mu?

Nokwarem no, ɛnyɛ rap nnwom nkutoo ne nnwom a ɛtra so dodo. Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ: “Atantanne [nsɛmfĩ] wɔ ɛkame ayɛ sɛ nnɛ bere yi Amerikafo amammerɛ a agye din mu baabiara. Rock nnwom a ano yɛ den boro so wuranom, Motley Crue kuw no tram frɛ ahonhonsɛmdi mu anyame ahorow, na Beastie Boys kuw no nso yɛ boasipem ho ɔyɛkyerɛ wɔ agodipon so.” Bible no ka siei sɛ “nna a edi akyiri mu no . . . nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, na wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:1, 13) Ɛnde, so ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa sɛ nnwom a ɛwɔ hɔ nnɛ no dodow no ara de nkrasɛm a ɛnteɛ ma Kristofo mmofra?

Enti ebia sɛ wokyerɛ anigye wɔ rap anaa rock nnwom afoforo a ɛtra so ho a, ɛbɛhaw w’awofo ma afata. Ebia wobesuro sɛ nnwom a ɛte saa a wotaa tie no bepira wo. So ebia ntease wɔ nea wosuro ho no mu anaa? Nea ɛbɛba no bebua asɛm yi.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Mprempren, mmofra pii suasua rap nnwontofo ahosiesie no wɔn nneyɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena