Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 8/8 kr. 14-17
  • Anigyede A Empira Anaa Awuduru A Ɛsɛe Adwene?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigyede A Empira Anaa Awuduru A Ɛsɛe Adwene?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Rock Nnwom a Ano yɛ Den Boro So ne Rap Nnwom
  • So Ɛwɔ Nkɛntɛnso?
  • Na Wo Nso Ɛ?
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnwom a Mitie Ho?
    Nyan!—1993
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
  • Tumi a Nnwom Wɔ
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 8/8 kr. 14-17

Anigyede A Empira Anaa Awuduru A Ɛsɛe Adwene?

Wɔ kɔnsɛt bi ase no, nnwontofo no mu biako de ɔbea bi hyɛɛ adaka mu na ofii ase de abonnua twitwaa adaka no. Biribi a ɛte sɛ mogya bɔ guu odwontofo no anom, na opuw guu atiefo no so.

Wɔ 1984 mu no, abarimaa bi a wadi mfe 19 de otuo kum ne ho. N’awofo kyerɛ sɛ rock dwom a wɔato din sɛ “Suicide Solution” [Ahodɔmdi Ano Aduru] mu nsɛm na ɛma okum ne ho.

Mmofra ho nsɛmma nhoma bi tintimii nna a nnwontofo no de wɔn ho hyeem wɔ ɔkwammɔne so wɔ ɔdan a wosiesie wɔn ho wom ne ɔdan a wɔkyere nnwom gu kasɛt so wom no mu bere a wɔrekyere nnwom no agu kasɛt so no ho asɛm. Ɔbarima ne ɔbea awode ho mfonini a ɛyɛ abofono bi wɔ rock dwom bi kasɛt adaka akyi.

BASABASAYƐ, ahodɔmdi, ne nna mu atirimɔdenne​—eyinom yɛ nsɛm a ɛho ntew a ɛda adi wɔ rock nnwom kasɛt so, video so, ne kɔnsɛt ase no mu kakraa bi pɛ. Sɛ wɔka animguasede ahorow yi ho asɛm na wɔde kɔ asennibea mpo a, nnwontofo no ne nnwuma a wɔkyere nnwom gu kasɛt so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ kasafĩ. Sɛ nhwɛso no, afei de wɔka sɛ wɔde mfonini bi a ɛyɛ abofono no foa “Amerikafo adwene porɔwee ne sɛnea ɛbɛsɛe yɛn awiei koraa no” ho asɛm bi a wɔkae no so. Saa ara na nnwom bi mu nsɛmfua a akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma ɔbarima awode (te sɛ atuo anaa asekan) no yɛ atuo ne asekan ankasa afei.

Ebia nnwontofo ne nnwuma a wɔkyere nnwom gu kasɛt so bɛkwati atemmufo asotwe de, nanso so wɔredaadaa nkurɔfo ankasa? So wɔadaadaa wo? So wubetumi aka sɛ basabasayɛ, nna, ne ahonhonsɛmdi nyɛ rock nnwom a ano yɛ den a wɔtɔn nnɛ no mu nneɛma atitiriw?

Rock Nnwom a Ano yɛ Den Boro So ne Rap Nnwom

Wɔakɔ so ayɛ rock nnwom ahorow pii wɔ mfe a abɛsen no nyinaa mu. Nanso abien, rock nnwom a ano yɛ den boro so ne rap nnwom na emu kasafĩ a ɛyɛ hu no ama wɔrekasa atia nnansa yi.

Rock nnwom a ano yɛ den boro so yɛ nnwom a ahoɔden wom, a sɛ wɔde afiri bɔ a, egyigye denneennen. Sɛnea Time nsɛmma nhoma no kyerɛ no, “rock nnwom a ano yɛ den boro so nnwontofo to nnwom a ɛne atiefo a wɔyɛ aborɔfo, mmerante ne mmarima titiriw nsusuwii hunu hyia denam da a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nnipa soronko a wɔahaw a wɔpow anibuei a asɛe.” Wɔhyehyɛ rock nnwom a ano yɛ den boro so no mu dodow no ara wɔ ɔkwan a ɛbɛma atiefo ho adwiriw wɔn so. Wontumi ntintim emu nsɛm no bi. Texas aduruyɛ nsɛmma nhoma bi kae sɛ rock nnwom a ano yɛ den no mu nsɛm pii kamfo “nna ho su a ɛmfata, basabasayɛ ɔtan ne ahonhonsɛmdi” kyerɛ.

Rock nnwom a ano yɛ den boro so ho ade foforo a ɛhaw adwene ne basabasayɛ. Sɛ nhwɛso no, bere a ɛbae sɛ ɛsɛ sɛ wogyae kɔnsɛt bi esiane sɛ odwontofo no yare nti no, atiefo no yɛɛ basabasa na wɔtoo agodibea no mu gya mpo. Wɔ kɔnsɛt foforo ase no, wotuaa mmerante baanu ne ababaa bi ahome ma wowui bere a atiefo no bɔɔ bum kɔɔ agodi pon no anim, wosunsum nnipa a wɔwɔ anim no guu fam na afei wotiatiaa wɔn so no.

Ɛdefa rap nnwom a wɔsan frɛ no hip-hop ho no, odwontofo (anaa nnwontofo) woro nsɛm bi de fra nnyigyei a mpɛn pii no wɔde kɔmputa bi na ɛyɛ no. Abibifo nnwontofo na wɔyɛ rap nnwom no mu dodow no ara nanso wɔtɔn ma atiefo a wɔyɛ abibifo ne aborɔfo nyinaa. Rap nnwom mu nsɛm kakraa bi na eye, ɛkasa tia nneɛma te sɛ mmofra ayayadeyɛ ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Nanso, rap nnwom no mu dodow no ara fa atua a wɔtew tia tumidi, basabasayɛ, mmea a wɔtan wɔn, ne nnipa mu nyiyim ho. Nna ho aniwusɛm wɔ nnwom no pii mu.

Basabasayɛ ayɛ asɛnnennen wɔ rap kɔnsɛt ahorow bi ase. Wɔ kɔnsɛt biako ase no, apoobɔfo 300 bɛtow hyɛɛ atiefo no so, na atiefo no nso de nnade nkongua ko tiaa wɔn araa kosii sɛ polisifo baa hɔ bɛpɔn kɔnsɛt no. Nnipa aduanan anum pirapirae.

Wɔ afe a etwaam no mu no, New York State Sheriffs Association kae sɛ wɔnntɔ ade wɔ Time Warner, Inc., nnwuma nyinaa mu kosi sɛ adwumayɛkuw no begyae rap dwom a wɔfrɛ no “Cop Killer” no tɔn. Adwumayɛfo a wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma panyin, Peter Kehoe, kae sɛ: “Saa dwom yi ka ɔtan ho asɛm, ɛhyɛ nkuran na ɛkamfo kyerɛ sɛ wonkum polisifo. Dwom yi bɛma wɔakum polisifo.” Awiei koraa no, wogyaee tɔn.

So Ɛwɔ Nkɛntɛnso?

Sɛ nnwontofo to bɔneyɛ ho nnwom anaasɛ wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ agodi pon so a, nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ atiefo ne wɔn a wɔhwɛ no so? Susuw nea wɔahu ne osuahu ahorow a edidi so yi ho.

Ɔbenfo Carl Taylor Michigan, Michigan State University no nsɛmmɔnedi ho atemmu ho kyerɛkyerɛfo, ka sɛ rock nnwontofo “rema asetra kwan bi anya nkɔso. . . . Nnwontofo kuw no mufo nya mmofra so nkɛntɛnso yiye.”

Abarimaa bi a wanwu wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ obekum ne ho mu no kae sɛ nnwom na ɛmaa ɔne n’adamfo (a otumi kum ne ho no) nyaa adwene sɛ “asetra mu nsɛnnenen ano aduru ne owu.”

Wɔ 1988 mu no, mmofra baasa kum wɔn adamfo bi de gyee wɔn ani kɛkɛ. Wɔn mu biako kae sɛ rock nnwom a ano yɛ den boro so na ɛmaa wɔn ani fii ase gyee owu ho.

Wɔ rap kɔnsɛt bi akyi no, mmofra sii kurom bubuu mfɛnsere. Pittsburgh a ɛwɔ Pennsylvania no ɔmanfo ahobammɔ ho panyin kae sɛ: “Minim pefee sɛ rap nnwom ma nkurɔfo yɛ basabasa.”

Mmofra ne abonsansom ahorow ho nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ Ɔbonsam som mu no mu pii yɛ wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma tra so, na wotie rock nnwom a ano yɛ den boro so a ɛkamfo nnubɔne a wɔde di dwuma kyerɛ na ɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe ho nkuran. Esiane eyi nti, mmofra a ɛnyɛ den sɛ biribi benya wɔn so nkɛntɛnso no anya Ɔbonsam som ho anigye.

Nokwarem no, sɛ wɔkanyan mmofra ma wɔde nnuru di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, wodi nsɛmmɔne, anaasɛ wokum wɔn ho a, ɛnde ɛda adi sɛ ɛnyɛ nnwom nkutoo na ɛma wɔyɛ saa nneɛma no. Akyinnye biara nni ho sɛ mmusua ne adesamma abusua asetra a asɛe no ka ho titiriw na aba saa. Nanso nnwom betumi ayɛ ade a ɛhyɛ mmofra a ɛnyɛ den sɛ biribi benya wɔn so nkɛntɛnso no nkuran ma wɔayɛ nneɛma a anka wɔrensusuw ho mpo sɛ wɔbɛyɛ no. So nnipa a asetram ɔhaw ahorow ama wɔabotow dedaw no hia nnwom a ɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsɛe nneɛma?

Asɛm no ne sɛ nnwom bɔne betumi asɛe wɔn a wotie no adwene. Kae sɛ tumi kɛse wɔ saa nnwom no mu nsɛm mu efisɛ efi nnwontofo akunini ne wɔn a wɔagye din a ɛkame ayɛ sɛ wɔn akyidifo som wɔn no hɔ.

Na Wo Nso Ɛ?

Nnwom bɛn na wutie? Ebia wohwɛ yiye dedaw wɔ wo nnwom a wopaw no ho, na saa a wobɛyɛ no ye. Nanso, sɛ woka wɔn a wotie nnwom a ɛmfata no ho a, so anya wo so nkɛntɛnso bɔne? Sɛ wo nneyɛe nsakrae mpo a, so wubetumi de nokwaredi aka sɛ ɛnkaa wo suban wɔ ɔkwammɔne so? Sɛ wokɔ so tie nsɛm a ɛmfata a, ebetumi asɛe wo nkate, na ama woate nka sɛ nsɛm no nyɛ bɔne pii saa.

Susuw aberante bi a ɔbɔɔ mmɔden sɛ obetie rock nnwom a ano yɛ den boro so ne rap wɔ n’asetram sɛ Kristoni no ho. Ankanyan no amma wanyɛ nneɛma te sɛ awudi, ahodɔmdi, na wamfa ne ho anhyɛ Ɔbonsam som mu. Nanso hyɛ sɛnea ɛkaa ne suban nsow. Ɔkae sɛ: “Dwom yi tumi ma wunya nkate a emu yɛ den kɛse. Ɛmaa meyɛɛ ade bɔkɔɔ na ɛma mekaa aniwude ne basabasayɛ kɛse ho asɛm. . . . Ná nitan ahyɛ me ma. Ná misusuw ho anibere so da biara sɛ mekum me ho.” Osii gyinae sɛ ɔbɛsakra nnwom a otie no koraa. Bere a ɔyɛɛ saa no, ne suban yɛɛ yiye kɛse.

Nnwom a ɛmfata akyigyinafo bɛka sɛ rock nnwom mu nsɛm a ɛmfata no ye. Nanso dɛn na wo nso woka wɔ ho? So wubetumi abu w’ani agu nnwom mu nsɛm a ɛmfata koraa no so na woatie? So wubetumi akɔ kɔnsɛt ahorow te sɛ nea yɛadi kan aka ho asɛm no a wunsuro sɛ wo nkwa bɛba asiane mu? Na abusuabɔ a ɛda saa nnwom no ne aniwude a nnwontofo no ne wɔn a wotie no yɛ ntam no nso ɛ?

Sɛ w’akwahosan ho hia wo a, ɛda adi sɛ wubekwati nnuan a ebetumi apira wo, sɛ ɛyɛ dɛ mpo a. Nnwom a ɛmfata, sɛ ebia ɛyɛ rock anaa foforo bi no betumi asɛe w’adwene. So wobɛpɛ sɛ wutie anigyede a ɛbɛsɛe w’adwene? Dabi. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi anya asɛm yi ho adwene a nyansa wom na ɛkari pɛ? Yɛsrɛ wo susuw nsɛm a wɔada no adi wɔ asɛm a edi hɔ no mu no ho.

[Box/Mfonini wɔ kratafa 16]

Dɛn Ne Ɔbonsam Som?

Ɔbonsam som a rock nnwom a ano yɛ den bi mu nsɛm hyɛ ho nkuran no yɛ anigyede a epira. Texas Medicine/The Journal kyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa ɔsom no mu nneyɛe no bi fi “amanne a empira kɛse so kosi obi ankasa honam a watwitwa mu mogya a ɔnom ne mmoa afɔrebɔ so.” Satan asɔre no ka sɛ “wɔsom Ɔbonsam. Wɔyɛ amanne ahorow pɔtee bi de nya tumi fi Satan hɔ de ma wɔn akyidifo. . . . Ahofadi a obiara wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ ho nkyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nea wopɛ a wunnwen Onyankopɔn, afobu, ne ahonim biara ho.” Esiane eyi nti, ebinom di nsɛmmɔne a ɛnyɛ wɔn aniwu.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Woremfa nwura nhyɛ wo yafunu mu. Dɛn nti na wode hyɛ w’adwenem?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So ɛnsɛ sɛ hwee haw wo bere a wokɔ adeyɛ a ɛte sɛɛ ase no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena