Tumi a Nnwom Wɔ
“Nnwom a ɛyɛ dɛ paa betumi anya obi a adwennwene ahyɛ ne so na wahaw so nkɛntɛnso pa.”
EYI ne asɛm a William Congreve kyerɛwee wɔ ne nnwom Hymn to Harmony a ɔhyehyɛe bɛyɛ mfe 300 a atwam ni no mu. Mfehaha ansa na ɔrekyerɛw eyi no, na Helafo nhoma ahorow kyerɛ sɛ “nnwom a obi besua no ne ade a ehia kɛse sen biara, efisɛ nnwom nnyigyei ne ɛnne ahorow no tumi kanyan ɔkra no nyinaa.”
Nokwasɛm a eyi yɛ no da adi wɔ awofo a wɔahu sɛnea wɔn mma a wotie rɔk nnwom a ano yɛ den boro so no bo tumi fuw na wɔbɛyɛ wɔn a wommu ade no mu. Wohuu nokwasɛm yi nso wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu wɔ Germany bere a na Nasifo no to nnwom a tumi wom de kanyan nkurɔfo ma wɔto santen kotie Adolf Hitler kasa a na wɔn ani gye ho no.
Akyinnye biara nni ho sɛ, nnwom betumi akanyan adwene ne akoma no ma ayɛ ade pa anaa ade bɔne. Sɛ nhwɛso no, nnwom ahorow bi a wɔbɛma mmofra atie no betumi ama wɔn adwene mu abue na nsɛm nhaw wɔn ntɛmntɛm. Ɛtɔ da a, wɔn a wɔpo dodo mpo tumi de asɛm a ne ka yɛ wɔn den no to nnwom.
Sɛnea Anthony Storr ka wɔ ne nhoma Music and the Mind mu no, ɛtɔ da a, sɛnea nnwom nya wɔn a adwene mu yare bi nti wontumi nnantew yiye so tumi no yɛ ahodwiriw. Storr ka ɔbea yarefo bi nhwɛso ho asɛm sɛ: “Esiane sɛ na wanya yare bi a ɛma ne ho wosow nti, na ontumi nnantew koraa gye sɛ ɔkae nnwom bi a na onim to wɔ ne mmofraberem. Na eyi tumi kanyan no ntɛm ma no nantew.”
Asɛm a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho
Enti ɛyɛ nokware sɛ nnwom a obi betie no so betumi aba mfaso. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔn bra asɛe na wɔyɛ adifudepɛfo betumi de tumi a nnwom wɔ no adi dwuma wɔ ɔkwan a epira so. Nhwehwɛmu bi ada no adi sɛ nnwom bi a obi betie no betumi ma wada subammɔne adi.
Psychology of Women Quarterly nsɛmma nhoma no ka eyi de foa nsɛm a ɛtete saa so sɛ: “Yɛwɔ adanse a yebetumi de akyerɛ sɛ video a wɔyɛ basabasa wom ne nhoma a ɛka aguamansɛm no yɛ ade koro efisɛ wɔahu sɛ mmarima a wɔhwɛ video a basabasayɛ wom no nni mmea ho adwempa koraa, wɔnte sɛ mmarima a wɔhwɛ video a eye no.”
Ɛnyɛ mmarima nkutoo na eyi nya wɔn so nkɛntɛnso. Ebetumi anya mmea so nkɛntɛnso nso. Nsɛmma nhoma koro no ara ka sɛ: “Nnwom a ɛkyerɛ sɛ mmea so nni mfaso no betumi anya mmarima ne mmea nyinaa so nkɛntɛnso bɔne.”
Nsɛmma nhoma Sex Roles ka asɛm koro no ara bi sɛ: “Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi ada no . . . adi sɛ abusua a anigye nnim ne tie a obi betie video so nnwom a basabasayɛ wom no ne ade titiriw a ɛma mmeawa de wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe ne subammɔne mu.” Esiane kasafi ne ɔbrasɛe ho nsɛm a ɛwɔ rɔk nnwom bi mu nti, U.S. mantam temmufo bi baraa saa nnwom no sɛ “ɛmfata mma wɔn a wɔte hɔ” no.
So ɔtemmufo no dii mfomso? Dabida! Adolescence nsɛmma nhoma no kaa saa sɛ “mmofra nkumaa ne wɔn awofo nyinaa gye tom pefee sɛ mmofra a wotie rɔk ne rap nnwom a ano yɛ den boro so no hyia nsɛnnennen pii.” Nsɛnnennen a ɛtete sɛɛ ma wɔda “anuɔden ne basabasayɛ” adi na ɛmma wɔmmɔ mmɔden kɛse wɔ sukuu mu.
Nokwarem no, wɔaka abusuabɔ a nnwom pɔtee bi ne ɔbarima ne ɔbea nna, kum a obi kum ne ho, ne subammɔne a obi da no adi wɔ no ho nsɛm pii wɔ nhoma ahorow mu. Nanso, eyi kyerɛ sɛ nnwom nyinaa nya afoforo so nkɛntɛnso bɔne a ɛtete saa? Kenkan nea nsɛm a edidi so yi ka fa nnwom ho no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
Nnwom betumi akanyan adwene ne akoma no ma ayɛ ade pa anaa ade bɔne