Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 5/8 kr. 22-24
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom Tumi
  • Ɛmfata Mma Aso ne Aniwa
  • So Ebɛtumi Apira Wo?
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnwom a Mitie Ho?
    Nyan!—1993
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 5/8 kr. 22-24

Mmofra Bisa Sɛ . . .

So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?

NA TOM adi mfe 14​—ɔdesuani mmɔdenbɔfo a ɔpɛe sɛ ɔyɛ ne mpɔtam hɔfo yiye. Nanso bere a ɔtɔɔ stereo bi a ne bo yɛ den akyi no, ofii ase tiee rock nnwom a ano yɛ den boro so.

Ɛkame ayɛ sɛ Tom tew ne ho traa ne dan mu. Ne papa se: “Ná meka sɛ, ‘Wuntumi ntra dan mu bere nyinaa ntie wo stereo no.’” Nanso Tom kɔɔ so tiei. Afei, da bi wɔ awɔw bere mu no, ɔwɔɔ ne maame sekan kum no na odii ne ho dɔm. Tom agya a odi yaw no bɔ kɔkɔ sɛ: “Monka nkyerɛ awofo sɛ wɔnhwɛ nnwom ko a wɔn mma tie.” Nna bi ansa na Tom redi awu no, ɔtoo “mogya ne wo maame a wubekum no” ho dwom bi mpɛn pii.

Asɛm a ɛntaa nsi koraa? Ɛda adi sɛ ɛte saa. Na ɛwom sɛ akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma afoforo ka ho na asiane yi bae de, nanso ɛde biribi a mmofra taa bu no adewa ho adanse ma: Nnwom betumi anya wo so nkɛntɛnso! Ebia wuntie rock dwom a ano yɛ den boro so, na wonyɛ basabasa nso. Nanso, nnwom betumi anya wo so tumi wɔ akwan a ebia wonhu so.

Nnwom Tumi

Nnwom wɔ tumi. Nokwarem no, ebetumi akanyan nnipa nkate nyinaa​—efi awerɛhow ne mmɔborohunu so kosi ɔdɔ ne anigye so. Nnwom betumi adwudwo obi na ebetumi ama ne bo afuw. Ebetumi akanyan ahofama na ahyɛ ɔbrasɛe ho nkuran. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ efi tete no nnwom ayɛ “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, adwinnade a ano yɛ den.​—2 Korintofo 4:4.

Ɛho mfatoho ni: Woyii Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim akyi pɛɛ no, wogyaee Yehowa som kɔsom nantwi ba. Na dɛn na ɛka wɔn aniwude no ho? Nnwom gyegyeegye a ɛmfata! (Exodus 32:1-6, 17, 18) Na bere a Ɔhene ɔhopɛfo Nebukadnesar hyɛe sɛ ne nkoa nsom ɔbosom honi bi no, ɔkwan bɛn so na ɔnam kanyan ɔman ho dɔ ne nyamesom nkate a ne nkurɔfo wɔ no? Ɔnam nnwom a ɛkanyan nkate a ɔde dii dwuma so!​—Daniel 3:1-7.

Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Satan de nnwom bɛdaadaa nkurɔfo nnɛ. Ɔno ne ‘wim tumi no panyin, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no.’ (Efesofo 2:2) Nnɛyi nnwom mu pii da Satan atuatew honhom no adi. Na ɛnyɛ nwonwa efisɛ nnipa a Bible no ka sɛ ‘wɔnantew wɔn adwene hunuyɛ mu, na wɔn adwene aduru sum, na wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo’ na wɔkyerɛw. Nokwarem no, nnwontofo ne nnwom kyerɛwfo pii a wɔagye din asetra kwan kyerɛ sɛ “wɔn ani nwu ade bio.”​—Efesofo 4:17-19.

Enti wɔn nnwom a Kristofo mmofra betie no betumi ayɛ asiane ankasa ama wɔn. Ɛno nkyerɛ sɛ nnwom a agye din nyinaa nye anaa rock nnwom nkutoo na ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye wɔ ho.a Wobetumi ahu nnwom a ɛmfata nso wɔ sankudwom ne kɔnsɛt ahorow mu nso. Nanso bere a nnwom bi kaa ɔbrasɛe ho asɛm kakraa wɔ bere a atwam no mu no, nnɛyi nnwom no mu dodow no ara hyɛ ɔbrasɛe ho nkuran pefee wɔ ɔkwan a ebi mmae da so.

Ɛmfata Mma Aso ne Aniwa

Susuw rock nnwom a ano yɛ den boro so no ho​—rock nnwom a ɛmfata koraa a ano yɛ den a wɔtaa bɔ no denneennen no. Wɔn a wɔbɔ rock nnwom a ano yɛ den boro so no fa din te sɛ Poison, Skid Row, Guns N’ Roses, ne Slayer. Time magazine kae sɛ: “Nnwontofo kuw no din nkutoo ma basabasayɛ, ayayade ne owu ho asɛm ba w’adwenem!” Wobetumi aka asɛnkoro no ara wɔ album no akyi mfonini ahorow a ɛyɛ hu, a ɛtaa yɛ abonsansɛm ho nsɛnkyerɛnne no ho.

Na nnwom no ankasa nso ɛ? Nnwom no din bi ne “Ɔhonam ne Mogya” ne “Ɔsɛe ho Akɔnnɔ,” na emu nsɛm kamfo atirimɔdenne, mmonnaato ne awudi. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ rock nnwom a ano yɛ den boro so ho nhoma Stairway to Hell no frɛ rock a ano yɛ den boro so no sɛ “kasafi a adi nkonim, nnwom a wɔto no ntɛmntɛm, nsɛm a wɔka no penpen, ne anibiannaso mu basabasayɛ.” Afei nso wɔaka mpɛn pii sɛ rock nnwom a ano yɛ den boro so ma wɔn a wotie no nom nnubɔne, di abonsansɛm na wokum wɔn ho. Nanso, sɛnea nsɛm amanneɛbɔ kyerɛ no, nnipa pii afi ase gye rock nnwom a ano yɛ den boro so no tom.

Rap nnwom (anaa, hip-hop) mu pii nso yɛ nea ɛtra so.b Time nsɛmma nhoma se: “Rap nnwontofo . . . hwehwɛ sɛ wɔbɛko atia polisifo anaa wɔde wɔn ho bɛhyɛ nna mu . . . pii.” (Fa toto Genesis 19:24, KJ ho.) Nokwarem no, rap nnwom pii a agye din mu nsɛm yɛ fĩ dodo sɛ wɔbɛbɔ din wɔ ha. Abeawa bi a onnii mfe aduonu reka saa nnwom no biako ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Metee asɛmfua a edi kan no​—me ho dwiriw me!”

Nanso, ɛnyɛ sɛ Kristoni betie rock nnwom a agye din no mpo mu dodow no ara. Ɛwom sɛ nnwom 40 a agye din sen biara no ano ntaa nyɛ den te sɛ rock anaa rock a ano yɛ den boro so no de, nanso emu pii hyɛ nna mu ɔbrasɛe ne nneɛma afoforo a ɛmfata sɛ Kristoni yɛ ho nkuran​—anifere so​—anaa pefee. Nnwom ho video a agye din yiye wɔ mmofra mu no hyɛ nkɛntɛnso a nnwom wɔ no mu den denam mfonini ahorow a ɛka ho no so. Wɔ nnwom ho video ho nhwehwɛmu biako mu no, wohui sɛ na basabasayɛ wɔ ɔha mu nkyem 57 mu, na nna mu nneyɛe wɔ ɔha mu nkyem 75 mu. Wohui nso sɛ ntade ne asaw a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ pii wom.

So Ebɛtumi Apira Wo?

Sɛ́ anka nnwom a wɔbɔ ho dawuru nnɛ no bɛma nkɔso na afata no, emu pii yɛ ‘fam, mmoa ne adaemone de’ pefee. (Yakobo 3:15) Nanso, anwonwasɛm ne sɛ ɛnyɛ Kristofo mmofra nyinaa na wohu sɛ mfomso bi wɔ saa nnwom a wotie anaa video a wɔhwɛ no mu. Abeawa biako gye akyinnye sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wohaw wo ho wɔ rap nnwom mu nsɛm ho. Wuntumi nte ase!” Obiara a wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛte rap nnwom mu nsɛm no ase betumi agye atom sɛ nokwasɛm bi wɔ eyi mu.

Ɛnyɛ bere nyinaa na mmofra tumi hu ntease a ahintaw wɔ nnwom a agye din mu no. Wɔ nhwehwɛmu biako mu no, wɔka kyerɛɛ wɔn a wonnii mfe aduonu no sɛ wɔnka nnwom bi a agye din mu nsɛm ho asɛm. Mmofra no pii antumi anhu anifere kwan so nna, basabasayɛ, nnubɔne, ne abonsansɛm a ɛwɔ wɔn nnwom mu no. Enti The Journal of the American Medical Association kae sɛ: “Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nnwom yi wɔ nkɛntɛnso [bɔne] biara wɔ mmofra su so.”

Nanso Bible ka nea ɛne eyi bɔ abira. Ade biako ne sɛ ɛka kyerɛ yɛn sɛ “fekubɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, New World Translation) Afei, so wo ne obi a ɔka kasafĩ, ɔhyɛ wo sɛ fa nnubɔne di dwuma, ɔhyɛ Satan som ho nkuran, anaa ɔkyerɛkyerɛ nna mu ɔbrasɛe mu fann bɛbɔ anaa wubetie no nnɔnhwerew pii? Dabida! Ɛnde dɛn nti na saa ɔkasa no ntumi mpira obi esiane sɛ wɔde bɔ dwom anaa wɔde nnyigyei ka ho ara kwa nti? Sɛ wobɔ nnwom a emu nsɛm mfata saa mpɛn pii a, sɛnea ɛte biara no ɛbɛkanyan wo! Mmebusɛm 6:27 bisa sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew?”

Eyi nti Bible no tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ ɔbrasɛe nneɛma din mpo, na mene sɛ yebetĩ mu aka mpɛn pii. (Efesofo 5:3-5; Filipifo 4:8) Akyinnye biara nni ho sɛ obi a obu n’ani gu nnyinasosɛm yi so no “betwa porɔwee.” (Galatifo 6:8) Abofra bi a wɔfrɛ no Jodie gye tom sɛ: “Nnwom no ma wudwennwen. Ɛma akɔnnɔ bɔne a wunya no mu yɛ den.” Bere a abofra bi tiee rap dwom a ɛka nna mu ɔbrasɛe ho asɛm pefee wiei no, ɔkae sɛ: “Ná mintumi nyi mfi m’dwene mu.”

Na rock nnwom a ano yɛ den boro so a ɛka owu, nnubɔne, anaa abonsansɛm ho asɛm a wubetie nso ɛ? Kristoni biako fii ase tiee rock nnwom a ano yɛ den boro so, na ankyɛ na owu ho asɛm gyee n’adwene. Ɛnyɛ mmɔden kɛse a n’awofo ne adamfo Kristoni bi a ne ho akokwaw bɔe a, anka ɔsɛee wɔ honhom fam ne honam fam.

Ɛtɔ da bi a, nsusuwii dan nneyɛe. (Yakobo 1:14, 15) Wɔde ahwɛyiye asiesie nnɛyi nnwom no ma ɛde nsusuwii bɔne ahyɛ w’adwene mu. Ampa, sɛ wɔde Bible gyinapɛn atete wo a, ebia awudi ne nna mu ɔbrasɛe a wotee wɔ nnwom mu kɛkɛ no mma wonyɛ saa nneɛma. Nanso ebetumi anya wo so nkɛntɛnso bɔne wɔ akwan afoforo so. Kristofo mmofra binom afi ase hyɛ ntade basaa na woyi wɔn ti sɛnea rock ne rap nnwontofo da no adi no. Saa mmofra no kasa, sɛnea wɔde wɔn nipadua si nsɛm so dua ne wɔn nneyɛe kyerɛ pefee sɛ nea wɔte no renya wɔn so nkɛntɛnso.

South Africa abarimaa bi se: “Mmofra ka sɛ nnwom nnya wɔn so nkɛntɛnso. Nanso ɛma Satan ba w’asetra mu​—bedi so.” N’ankasa osuahu na ɛma ohuu eyi, na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná nnwom a mitie no fa ahonhonsɛmdi, nnubɔne ne nna ho.” Ɔyɛɛ dɛn tumi twee ne ho fii nea nnwom a ɛsɛe ɔbra pa de ba no ho?

“Metow me nnwom nyinaa gui. Ná ɛyɛ nsakrae kɛse sɛ metra ɔdan a emu yɛ dinn mu. Nanso ama mayɛ onipa pa yiye.” So ehia sɛ woyɛ nneɛma a ɛte saa​—ɛnyɛ sɛ wobɛtow wo nnwom nyinaa agu ankasa, na mmom anyɛ yiye koraa no, wɔbɛtow nnwom a ɛda adi pefee sɛ ɛsɛe ɔbra pa no agu?​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 19:19 ho.

Eyi nkyerɛ sɛ wobɛpow nnwom koraa, na mmom sɛ wubesua sɛ wobɛyɛ nyiyim!

[Ase hɔ asɛm]

a Yɛde asɛm “rock nnwom” no redi dwuma wɔ ha ama nnwom ahorow a agye din wɔ mmofra mu no mu biara.

b Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Nnwom a Mitie Ho?” a ɛwɔ March 8, 1993, de mu no.

[Mfonini wɔ kratafa  23]

So owu, ɔsɛe, ne nna mu ɔbrasɛe ho nsɛm a wode bɛhyɛ w’adwenem no bɛboa wo anaa ebepira wo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena