Nyamesom mu Mfonini a Wɔde di Dwuma ne Nea Wɔde di Dwuma Ɔkwammɔne So
AHWƐDE no wɔ St. Petersburg, Rusia. Ɛda no yɛ August 2, 1914. Nnipa a wɔn ani agye a wɔrehim ahoni ahyiam wɔ ɔhempɔn no ahemfie. Wɔasi afɔremuka bi wɔ asa kɛse bi mfinimfini. Wɔayɛ ɔbea bi a abofra da ne nsa so honi asi afɔremuka no so. Wɔfrɛ ohoni yi “Vladimir Onyankopɔn Na.” Nnipadɔm no bu no sɛ agyapade kronkron a ɛsen biara wɔ Rusia.
Nokwarem no, wogye di sɛ ohoni no tumi yɛ anwonwade ahorow. Wɔ 1812 mu bere a Rusia asraafo ko tiaa Napoléon no, Ɔsahene Kutuzov bɔɔ mpae wɔ anim. Afei, bere a Ɔhempɔn Nicholas ll de ne man ahyɛ akodi mu awie no, obegyina anim. Ɔma ne nsa nifa so, na ɔka ntam sɛ: “Meka ntam anibere so sɛ merennyae akodi da kosi sɛ atamfo a wɔwɔ Rusia asase so nyinaa bɛsa.”
Adapɛn abien akyi no, ɔhempɔn no tu kwan kɔ Moscow kɔsrɛ Onyankopɔn nhyira ma n’asraafo no. Wɔ Assumption Asɔredan Kɛse mu no, obu nkotodwe na ɔbɔ mpae wɔ ahonidɔm bi a wɔde agude pii asiesie wɔn—ntwamtam bi a Yesu, Maria, abɔfo ne “ahotefo” ahoni wom.
Nyamesom mu nneyɛe yi antumi ansiw amanehunu kwan. Annu mfe anan na Rusia asraafo bɛboro ɔpepem asia wuwui, na wɔhweree wɔn nsase pii. Bio nso, wokum ɔhempɔn no, ne yere ne ne mma baanum atirimɔden kwan so. Ɔman anidan nniso a ɛsɔre tia nyamesom besii ahenni a na adi mfeha pii no ananmu dii ɔman no so. Ɔhempɔn Nicholas gyidi a onyae wɔ nyamesom ahoni mu no yɛɛ ɔkwa.
Nanso ɛde besi nnɛ, wɔ Rusia ne aman pii mu no, nnipa ɔpepem pii kɔ so som nyamesom mu ahoni. Eyi ma nsemmisa a ɛho hia sɔre. Onyankopɔn bu ɔsom mu nneyɛe a wɔyɛ wɔ mfonini a ɛtete sɛɛ anim no dɛn? Na adan ho a wɔde bobɔ wɔ afie mu no nso ɛ?
Dɛn na Bible no Ka?
Bere a Yesu wɔ asase so no, odii Onyankopɔn Mmara a ɔnam Mose so de mae no so. Ná nea wɔfrɛ no Mmara Nsɛm Du no nea ɛto so abien no ka ho, ɛse: “Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn. Na me [Yehowa] wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo.”—Exodus 20:4, 5.
Eyi nti, Yesu amfa mfonini anaa ahoni a nnipa de wɔn nsa ayɛ mmoa so ansom Onyankopɔn. Mmom no, ne som ne asɛm a n’Agya kae yi hyiae: “Mene [Yehowa], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.”—Yesaia 42:8.
Bio nso, Yesu kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma a wohu so som Onyankopɔn no mu. Ɔkae sɛ: ‘Bere no reba, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre Agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na Agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.’—Yohane 4:23, 24.
Te sɛ Yesu no, ne nokware asuafo no kyerɛkyerɛɛ afoforo ɔkwampa a wɔfa so som. Sɛ́ nhwɛso no, bere bi ɔsomafo Paulo kasa kyerɛɛ Helafo nyansapɛfo dɔm bi a na wɔfa ahoni so som wɔn anyame a wonhu wɔn. Ɔkaa onipa Bɔfo no ho asɛm kyerɛɛ wɔn na ɔkae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔbo, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adi.” Akyiri yi ɔsomafo yi ara kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Kristofo ‘nam gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu,’ na ɛsɛ sɛ Kristofo ‘guan abosonsom!’—Asomafo no Nnwuma 17:16-31; 2 Korintofo 5:7; 1 Korintofo 10:14.
Ɔsomafo Petro asetra mu osuahu bi kyerɛ sɛ ɔyɛɛ ntɛm teɛɛ adeyɛ biara a anka ebetumi de abosonsom aba. Bere a Roma asraafo so panyin Kornelio hwee Petro nan ase no, osiw no kwan. Ɔmaa Kornelio so kaa sɛ: “Sɔre, na me nso meyɛ onipa.”—Asomafo no Nnwuma 10:26.
Ɔsomafo Yohane de, ɔsoro anisoadehu maa ne ho dwiriw no araa ma ɔhwee ɔbɔfo bi nan ase. Ɔbɔfo no tuu no fo sɛ: “Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifo ne wɔn a wokura nhoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Kotow Nyankopɔn!” (Adiyisɛm 22:8, 9) Ɔsomafo no ani sɔɔ afotu yi. Ofi ɔdɔ mu kyerɛw asɛm no too hɔ maa yɛn.
Nanso, osuahu ahorow a yɛaka ho asɛm yi fa nyamesom mu mfonini a wɔde di dwuma ho dɛn? Eye, sɛ na ɛyɛ bɔne sɛ Kornelio bɛkotow Kristo asomafo no mu biako a, ɛnde “ahotefo” mfonini a nkwa nnim a wɔsom no nso ɛ? Na sɛ na ɛnyɛ sɛ Kristo asomafo no mu biako bɛkotow ɔbɔfo teasefo a, ɛnde abɔfo mfonini a nkwa nnim a wɔsom no nso ɛ? Ɛda adi pefee sɛ nneyɛe a ɛte sɛɛ ne Yohane kɔkɔbo yi nhyia: “Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi abosom ho.”—1 Yohane 5:21.
Mfonini a Wɔde Kyerɛkyerɛ a Wotumi de Bobɔ Adan Ho
Eyi nkyerɛ sɛ sɛ wowɔ Bible mmeae ho mfonini a, ɛyɛ abosonsom. Nsɛmma nhoma yi de nsɛm a esisii wɔ Bible mu ho mfonini di dwuma yiye de kyerɛkyerɛ nneɛma mu. Afei nso, wobetumi de Bible mu nsɛm ho mfonini abobɔ afie ne adan afasu ho. Nanso nokware Kristoni remfa mfonini a onim sɛ afoforo som anaa mfonini a ɛdan Bible mu nsɛm ani mmɔ ne dan ho.—Romafo 14:13.
Kristoman mu nyamesom ahoni no pii da kanea kurukuruwa bi a atwa Yesu, Maria, abɔfo ne “ahotefo” ti ho ahyia adi. Wɔfrɛ eyi kontonkurowi. Wonyaa kontonkurowi no fii hen? The Catholic Encyclopedia (1987 de no) gye tom sɛ: “Emfi Kristofo, ɛyɛ abosonsomfo adwinnifo ne mfoniniyɛfo na wɔde gyinaa hɔ maa nidi ne tumi a abosom ahorow no wɔ.” Afei nso, wohu owia nyame a ɔwɔ kontonkurowi mfonini a wonya fii Rome Capitoline Tete Nneɛma Akorae wɔ nhoma a Bamber kyerɛwee The Christians mu. Ná Romafo abosonsomfo som onyame yi. Akyiri yi sɛnea Gascoigne kyerɛkyerɛ mu no, “Kristosom suasuaa owia nyame kontonkurowi no.” Yiw, kontonkurowi no bata abosonsomfo owia som no ho.
So ɛfata sɛ Kristofo de mfonini a Bible mu nsɛm ne abosonsomfo agyiraehyɛde adi afra wom bobɔ wɔn afie mu? Dabi. Bible tu fo sɛ: “Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? . . . Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho,” Yehowa na ose, “na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo.”—2 Korintofo 6: 16, 17.
Bere kɔɔ so no, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo buu wɔn ani guu afotu a ɛte sɛɛ so. Ɔwae fii ase sɛnea na Yesu ne n’asomafo no aka ato hɔ no. (Mateo 24:24; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1) Wɔ afeha a ɛto so anan no mfiase mu no, Roma amrado Konstantino maa awaefo Kristosom bɛyɛɛ Ɔman asɔre. Afei abosonsomfo pii bɛfrɛɛ wɔn ho “Kristofo.” Ade a na wɔtaa yɛ ne sɛ wɔsom amrado no mfonini ahorow. Wɔde wɔn nananom ne nnipa afoforo a wɔagye din mfonini ahorow bobɔɔ adan ho nso. John Taylor kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Icon Painting mu sɛ: “Sɛnea na ɔhempɔn no som kyerɛ no, nnipa som ne mfonini a wɔayɛ wɔ ntama pipiripi ne dua so no, na efi eyi so kɔ ahonisom so no anyɛ den koraa.” Enti wɔde Yesu, Maria, abɔfo ne “ahotefo” mfonini a wɔsom sii mfonini a na abosonsomfo som no ananmu.
Ɔkwan Bɛn so na Asɔre Akannifo Kae sɛ Eyi Fata?
Sɛnea The Encyclopedia of Religion kyerɛ no, asɔre akannifo no de nsɛm dedaw a abosonsomfo nyansapɛfo kae no ara na edii dwuma. Mmarima te sɛ Plutarch, Dio Chrysostom, Maxim a ofi Tiro, Celsus, Porphyry ne Julian gye toom sɛ nkwa nni abosom mu. Nanso abosonsomfo yi kae sɛ ɛfata sɛ wɔde abosom di dwuma, efisɛ wɔnam so som wɔn anyame a wonhu wɔn no. Rusiani honiyɛfo Leonid Ouspensky gye tom wɔ nhoma The Meaning of lcons mu sɛ: “Asɔre Agyanom no de Hela nyansapɛ dii dwuma na wɔde emu ntease ne emu nsɛm baa Kristofo nyamekyerɛ mu.”—Fa toto Kolosefo 2:8 ho.
Ɛyɛɛ nnipa pii den sɛ wɔbɛte pene a nyamekyerɛ pene mfoninisom so no ase. John Taylor ka wɔ Icon Painting mu sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ obi behu nsonoe a ɛda nnipa mfonini ankasa a wɔsom anaa nea egyina hɔ ma a wɔsom mu . . . gye wɔn a na wɔn nhomasua kɔ akyiri no nko.”
Nanso, ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte nea Bible ka fa nyamesom mu mfonini ho no ase. Susuw Emilia a ɔte Johannesburg, South Africa no ho. Ná ɔyɛ Katolekni mmɔdenbɔfo, na na obu nkotodwe bɔ mpae wɔ mfonini ahorow anim. Afei Yehowa Adansefo mu biako kɔɔ ne fie. Ɛyɛɛ no anigye sɛ ohui wɔ Portugalfo kasa mu Bible mu sɛ Onyankopɔn wɔ din, Yehowa. (Dwom 83:18, Almeida) Ogu so resua Bible no, obisae sɛ: “Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na masɔ Onyankopɔn ani?” Ɔdansefo no twee n’adwene sii mfonini ahorow a ɛbobɔ dan ho no so na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkenkan Dwom 115:4-8. Bere a Emelia kunu baa fie saa anadwo no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe ne nyamesom mfonini ahorow no. Ɔbarima no penee so. Ade kyee no ɔmaa ne mma mmarima baanu, Tony ne Manuel bubuu ahoni no na wɔhyewee. Ɛnnɛ mfe 25 akyi no, so Emilia anu ne ho sɛ ɔyɛɛ eyi?
Dabi. Nokwarem no, ɔne n’abusua aboa wɔn mpɔtam hɔfo pii ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ anigye.
Wɔaka osuahu ahorow a ɛte sɛɛ ho asɛm mpɛn pii. Yehowa Adansefo wiase nyinaa asuafoyɛ adwuma no ama nnipa ɔpepem pii resua sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu.” Wo nso wubetumi anya nhyira afi ɔkwampa a wɔfa so som yi mu, efisɛ, sɛnea Yesu kae no, “wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ.”—Yohane 4:23, 24.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Czar Nicholas II de ohoni rehyira n’asraafo
[Mfonini Fibea]
C. N. na wotwaa mfonini no