Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/15 kr. 5-7
  • So Ahoni Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn Kɛse?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ahoni Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn Kɛse?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Bo Yɛ Den nanso Wɔn so Nni Mfaso
  • Katolekfo Adwene
  • Ɔtamfo Bi Daadaa Wɔn
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn no Kɛse
  • Ahonisom
    Nyan!—2014
  • Ahonisom Akyinnyegye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ahonisom—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Asom Onyankopɔn Ma Asɔ N’ani?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/15 kr. 5-7

So Ahoni Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn Kɛse?

MISRIFO, Babilonfo ne Helafo ahoni bebree ayɛ tete nneɛma akorae ma nnɛ. Wɔde ahoni a anka bere bi wɔde ɔsom a emu yɛ den ma wɔn kyerɛ mprempren sɛ tete adwinne kɛkɛ. Na wɔn tumi wɔ wɔn asomfo adwenem nkutoo. Bere a awiei koraa no, nnipa a wɔsom wɔn no wuwui no, tumi a wose ahoni yi wɔ no nso yerae. Ɛdaa adi sɛ ahoni no nni tumi​—nokwarem no, saa na wɔte bere nyinaa​—nneɛma a nkwa nnim a wɔde nnua, abo ne fagude ayeyɛ.

Na ahoni a nnipa de obu kɛse ma wɔn na wɔsom wɔn nnɛ no nso ɛ? So ahoni yi wɔ tumi kɛse sen tete Misrifo, Babilonfo ne Helafo ahoni? So wɔaboa nnipa ampa ma wɔabɛn Onyankopɔn kɛse?

Bere a awo ntoatoaso biara twam kɔ no, ɛte sɛ nea adesamma kɔ so twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho kɛse. Na dɛn na wiase no mu ahoni nyinaa betumi ayɛ wɔ ho? Sɛ wɔanhwɛ wɔn a, wɔn ho ba tutuw, na awiei koraa no, ɛwe nkannare anaasɛ wɔporɔw. Wontumi nhwɛ wɔn ho, na wɔatumi ayɛ biribi ama nnipa. Nanso, nea ehia titiriw no, dɛn na Bible no wɔ ka wɔ asɛm yi ho?

Wɔn Bo Yɛ Den nanso Wɔn so Nni Mfaso

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no pa ahoni ho ntama sɛ wɔn so nni mfaso, na wontumi mmoa wɔn asomfo koraa mma wɔmmɛn Onyankopɔn kɛse. Ɛwom sɛ nyamesom mu ahoni bo taa yɛ den yiye de, nanso Bible no kyerɛ bo a wɔsom ankasa bere a ɛka eyi no: “Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika, nnipa nsa ano adwuma, wɔwɔ ano, na wɔnkasa, wɔwɔ aniwa, na wonhu ade, wɔwɔ aso, na wɔnte asɛm, wɔwɔ hwene, na wɔnte hua. Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa. Wɔn a wɔyɛ wɔn te sɛ wɔn ara, obiara a ɔde ne ho to wɔn so no.”​—Dwom 115:4-8.

Ɛnyɛ sɛ Bible no pa ahoni ho ntama sɛ wɔn so nni mfaso nko, na mmom ɛkasa tia ahoni ne wɔn asomfo nso: “Wɔte sɛ ferefuw mu krakrabotobi, na wɔnkasa, ɔsoa na wɔsoa wɔn, efisɛ wontu anammɔn; munnsuro wɔn, na wontumi nyɛ bɔne bi, na papayɛ nso nni wɔn hɔ. Nnipa nyinaa yɛ mmoa a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude no yɛ atoro, na ahome nni wɔn mu. Wɔyɛ ahuhude nko, ahuammɔdwuma; wɔn asotwe bere no mu, wɔbɛyera.”​—Yeremia 10:5, 14, 15.

Katolekfo Adwene

Ɛyɛ ampa sɛ nnipa pii a wɔkotow ahoni, wɔbɔ wɔn mpae na wɔsɔ kyɛnere ma wɔn, na wɔfew ho no mmu wɔn ho sɛ abosonsomfo anaa ahonisomfo. Sɛ nhwɛso no, Katolekfo kyerɛ sɛ wɔsom Kristo ne Maria ahoni, efisɛ ɛnyɛ sɛ ahoni no ankasa yɛ anyame bi, na mmom wɔn a ahoni no gyina hɔ ma wɔn no nti na wɔyɛ saa. The World Book Encyclopedia ka sɛ “wɔ Roman Katolek Asɔre no mu no, wɔsom ahoni sɛ nnipa a wogyina hɔ ma wɔn no ho nsɛnkyerɛnnede.” Katolek asɔfo aka sɛ ɛfata sɛ wɔsom ohoni bi bere tenten a ɔsom no nnu nea wɔde ma Onyankopɔn ankasa no.

Nokwasɛm no ne sɛ wɔsom saa ahoni yi. New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ saa ɔsom no yɛ “ɔsom adeyɛ bi.” Nanso, Yesu Kristo kae sɛ ɛnsɛ sɛ obi de ahoni di dwuma sɛ nneɛma a ɛboa no ma ɔkɔ Onyankopɔn anim, bere a ɔkaa eyi no: “Obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yohane 14:6) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo pawee dwuma a wɔde ahoni di wɔ ɔsom mu no.

Nanso, nnɛ Kristoman mu asɔre ahorow no wɔ ahoni bebree sen nsɔre afoforo nyinaa. Yiw, wɔ abakɔsɛm ne Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛda nyansa a enni ɔsom a wɔde ma ohoni bi mu adi nyinaa akyi no, wɔn a wose wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no kɔ so kotow na wɔbɔ mpae wɔ ahoni anim wɔ Onyankopɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no mu. Dɛn ntia?

Ɔtamfo Bi Daadaa Wɔn

Odiyifo Yesaia kae sɛ ne bere so ahonisomfo antumi anhu wɔn nneyɛe no mu agyimisɛm no, efisɛ “wasram wɔn ani so na wɔanhu ade, ne wɔn koma nso, na wɔante ase.” (Yesaia 44:18) Na hena na obetumi anya nnipa so nkɛntɛnso a ɛte sɛɛ? Ahonisɛefo nhyiam a wɔyɛe wɔ 754 Y.B. no kae sɛ Satan na ɔde ahonisom bae na ama wadaadaa nnipa atwe wɔn afi nokware Nyankopɔn no ho. So nea wɔkae yi teɛ?

Yiw, efisɛ ɛne Bible no a efi honhom mu, a ɛkae wɔ mfehaha pii a atwam no mu sɛ Onyankopɔn tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, ‘afura nnipa no adwene ani’ na amma nokware no “anharan amma wɔn” no hyia. (2 Korintofo 4:4) Enti, sɛ obi som ohoni bi a, na ɔreyɛ adaemone apɛde ankasa na ɛnyɛ sɛ ɔrebɛn Onyankopɔn kɛse.​—1 Korintofo 10:19, 20.

Onyankopɔn a Wobɛbɛn no Kɛse

Ahoni rentumi mmoa yɛn mma yɛmmɛn Onyankopɔn kɛse. Ɔbɔadeɛ Kɛse no, Yehowa Nyankopɔn, kyi ahonisom. (Deuteronomium 7:25) “Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ahofama a edi mu.” (Nahum 1:2, New World Translation) Ɔka sɛ: “Mene [Yehowa], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.” (Yesaia 42:8) Enti, Bible no bɔ kɔkɔ sɛ ahonisomfo ‘rennya Onyankopɔn ahenni.’​—Galatifo 5:19-21.

Nanso, Yehowa yɛ mmɔborohunu ne fafiri Nyankopɔn nso. Bible no ka wɔn a wɔdan fii ahoni ho baa Onyankopɔn nkyɛn ma wobuu wɔn atreneefo bere a wogyaee wɔn abosonsom no ho asɛm. (1 Korintofo 6:9-11; 1 Tesalonikafo 1:9) Wotiee Yesu nsɛm yi: “Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”​—Yohane 4:24.

Bible no a yɛbɛyere yɛn ho asua bɛda no adi sɛ ɛnyɛ den sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn kɛse. (Asomafo no Nnwuma 17:26-28) Ɔwɔ anigye ne ɔdɔ nipasu a ɛma yetumi bɛn no, na ɔto nsa frɛ yɛn na ɔhwɛ kwan sɛ yɛne no benya abusuabɔ a emu yɛ den.​—Yesaia 1:18.

Yehowa Adansefo to nsa frɛ wo sɛ hu yɛn soro Agya no sɛ Ɔteasefo, sua ne din Yehowa ne ne su horow ne sɛnea ɔne adesamma di no ho ade. Ɛdenam n’Asɛm Bible no so no, wubehu nea enti a wunhia nneɛma a aniwa hu a ɛbɛboa wo ankasa, te sɛ ahoni ne mfonini ahorow na woabɛn Onyankopɔn ankasa no. Yiw, ‘bɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn wo.’​—Yakobo 4:8.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Abakɔsɛm Akyerɛwfo Ka sɛ:

◻ “Ɛyɛ nokwasɛm a wonim no yiye sɛ bɛyɛ afeha a edi kan YB mu ansa na Budhasom a wɔde bae wɔ afeha a ɛto so asia AYB mu no huu nea ɔde bae no honi a edi kan.”

“Mfehaha pii mu no, na ahoni nni Hindufo atetesɛm mu.”

“Hindusom ne Budhasom nyinaa fii ase no no enni ahoni, na wogyee ahoni baa wɔn som mu nkakrankakra. Kristosom yɛɛ saa ara.”​—The Encyclopedia of Religion a Mircea Eliade yɛe.

◻ “Ɛda adi wɔ Bible kyerɛwtohɔ ahorow mu sɛ na ahoni nni Onyankopɔn nokware som mu. . . . Wɔ AP [Apam Foforo] na mu nso, wɔabara ananafo anyame ne ahoni a wɔbɛsom wɔn no.”​—New Catholic Encyclopedia.

◻ “Na wonnim ahoni wɔ tete Kristofo no som mu.”​—Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature, a McClintock ne Strong yɛe.

◻ “Yɛrentumi nhu ahoni ne mfonini a wɔde dii dwuma wɔ Kristofo som mu, wɔ ebia baguam anaasɛ kokoam no ho biribi wɔ Apam Foforo no mu anaasɛ Kristosom mfiase ho nhoma a ɛyɛ nokware no biara mu.”​—A Concise Cyclopedia of Religious Knowledge a Elias Benjamin Sanford yɛe.

◻ “Anka tete Kristofo no de ahodwiriw betie nyansahyɛ kɛkɛ a ese wɔmfa ahoni nsisi asɔre adan mu no, na anka wobebu kotow a wɔbɛkotow wɔn anaa mpae a wɔbɛbɔ wɔ wɔn anim no sɛ abosonsom ara pɛ.”​—History of the Christian Church a John Fletcher Hurst yɛe.

◻ “Wɔsɔre tiaa Kristo ne ahotefo no mfonini a wɔyɛe ne wɔn som bere nyinaa.”​—The New Encyclopædia Britannica.

◻ “Ɛwom sɛ na tete Asɔre no nkyi adwinne de, nanso na wonni Kristo ahoni.”​—Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu sii so dua sɛ Onyankopɔn rehwehwɛ wɔn a ‘wɔsɔre Agya no honhom ne nokware mu.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena