Ahonisom Akyinnyegye
WƆ POLAND baabi no, na ɔbarima bi rebetu kwan. Nanso, na aka ade biako a ɛho hia a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wakɔ. Obu nkotodwe wɔ Yesu honi anim, ɔbɔ afɔre, na ɔbɔ mpae bisa ahobammɔ wɔ n’akwantu no mu.
Wɔ Bangkok a ɛwɔ Thailand, a wubetwa akwansin mpempem pii kwan ansa na woadu hɔ no, wubetumi ahu Budhafo afe afe afahyɛ ahorow no mu nea edi kan, bere a ɔsram no atwa puruw wɔ May mu no. Wɔ afahyɛ no mu no, wɔsoa Budha honi de tu aprenten fa mmɔnten so.
Akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛ ahonisom a yɛaka ho asɛm seesei ara yi abu so. Nnipa ɔpepepem pii bu nkotodwe wɔ ahoni anim. Wɔabu ahoni sɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so bɛn Onyankopɔn kɛse mfe mpempem pii.
Wususuw ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no ho dɛn? So ahonisom teɛ anaasɛ ɛnteɛ? Onyankopɔn te nka dɛn wɔ ho? So adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ogye ɔsom a ɛte sɛɛ tom? Ebia w’ankasa wunsusuw saa nsemmisa no ho kɛse da. Nanso, sɛ wubu abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn benya no sɛ ɛsom bo a, ehia sɛ wunya ho mmuae.
Ɛyɛ nokware sɛ wɔ nnipa pii fam no, ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi ho dwuma. Nokwarem no, ayɛ asɛm a wɔagye ho akyinnye denneennen mfe mpempem pii, a ɛtɔ mmere bi a, ɛde basabasayɛ ba. Sɛ nhwɛso no, Hebrifo kannifo Mose sɛee sika nantwi ba honi bi, na ɔma wɔde nkrante kunkum nnipa bɛyɛ 3,000 a na wɔresom no no wɔ afe 1513 A.Y.B. mu.—Exodus ti 32.
Ɛnyɛ Yudafo nkutoo na wɔasɔre atia ɔsom mu ahoni a wɔde di dwuma no. Tete wiasefo abakɔsɛm akyerɛwfo akora Takhmūrūp, Persia hene bi a wɔkae sɛ ɔsɔre tiaa ahonisom mfehaha pii ansa na wɔrewo Mose ho atetesɛm so. Wɔ China no, wɔkae sɛ ɔhene bi a ɔtraa ase wɔ tete mmere no mu de asraafo kɔtow hyɛɛ anyame ahorow ahoni so. Wɔsɛee ahoni no wiei no, ɔkasa tiaa anyame a wɔde dɔte anwene som sɛ ɛyɛ agyimisɛm. Akyiri yi, bere a na Muhammad da so ara yɛ abofra no, na Arabfo bi wɔ hɔ a wɔsɔre tia ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu. Nkɛntɛnso a wonyae wɔ Muhammad so no ka ho bi na ɔpaw gyinabea a ɔpawee wɔ ahonisom ho wɔ akyiri yi mfe no mu no. Wɔ Koran no mu no, Muhammad kyerɛkyerɛ sɛ abosonsom yɛ bɔne a wɔmfa mfiri, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mpae ma abosonsomfo, na wɔabara abosonsomfo a wɔbɛware wɔn no.
Mfeha a ɛto so abien, abiɛsa, anan, ne anum Y.B. mu Kristoman mu nyamesomfo a wɔagye din, te sɛ Irenaeus, Origen, Eusebius a ofi Kaesarea, Epiphanius ne Augustine, sɔre tiaa ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no. Bɛyɛ afeha a ɛto so anan Y.B. mu mfiase no, asɔfo mpanyin kuw bi yɛɛ tirimbɔ atitiriw bi wɔ Elvira, Spain, de sɔre tiaa ahonisom. Elvira Nhyiam a agye din yi ma wɔbaraa ahoni a wɔde sensɛn asɔre adan mu, na wɔhyehyɛɛ ahonisomfo asotwe a emu yɛ den.
Ahonisɛefo
Saa adeyɛ yi de abakɔsɛm mu akyinnyegye a ɛsen biara bae: akyinnye a wogyei wɔ afeha a ɛto so awotwe ne akron no mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi se “akyinnyegye a emu yɛ den yi kɔɔ so mfe ɔha aduonum, na ɛde amanehunu kɛse bae,” na na ɛyɛ “nsɛm a ɛde mpaapaemu baa Apuei Fam ne Atɔe Fam ahemman no mu ntɛm ara no mu biako.”
Ahoni a woyiyi fii Europa nyinaa na wɔsɛee wɔn ka mmɔden a wɔboom bɔe de sɔre tiaa ahoni no ho. Wɔhyɛɛ mmara pii a etia ahoni de baraa ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu. Ahonisom bɛyɛɛ ɔsɛmpɔw a wogyee ho akyinnye wɔ amammui mu a ɛmaa ahempɔn ne paapanom, asahene, ne asɔfo mpanyin dii ako wɔ nyamekyerɛ mu.
Na ɛnyɛ sɛ wɔkeka nsɛm tia wɔn ho wɔn ho kɛkɛ. Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature a Mcclintock ne Strong yɛe no ka sɛ bere a Ɔhempɔn Leo III hyɛɛ mmara tiaa ahoni a wɔde di dwuma wɔ asɔre adan mu no, nnipa “akuw pii sɔre tiaa mmara no, na basabasayɛ a emu yɛ den a ɛkɔɔ so, ne titiriw wɔ Constantinople no,” bɛyɛɛ da biara adeyɛ. Ɔhempɔn no asraafo ne nnipa no ntam akameakame no ma wokunkum nnipa pii. Wɔtaa nkokorafo atirimɔden so. Mfehaha pii akyi wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, wogyee asɔre adan mu ahoni ho asɛm no ho akyinnye wɔ baguam wɔ Zurich, Switzerland. Esiane eyi nti, wɔhyɛɛ mmara sɛ wonyiyi ahoni nyinaa mfi asɔre adan mu. Asesɛwfo bi gyee din wɔ ahonisom a wɔkasa tiaa deneennenn mpɛn pii no mu.
Ɛnnɛ mpo, mpaapaemu kɛse wɔ nnɛyi nyamekyerɛfo ntam wɔ ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no ho. Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo ma woahu sɛ ebia ahoni betumi aboa onipa ankasa ma wabɛn Onyankopɔn kɛse anaa.