Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JUNE 11
Dwom 67
5 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
20 min: “Wo ne Afoforo Nkyɛ Honhom Fam Ahonyade.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Hyɛ honhom mu nneɛma a yɛde ma ho ayamye ho nkuran ɔhyew so. Sɛnea bere ma kwan no, ma wɔnka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra ho osuahu ahorow a wɔapaw nkyerɛ.
20 min: “Wo Nso, Wubetumi Adi Bɔnnɔ so Adanse ma Ayɛ Yiye.” Asemmisa ne mmuae. Kenkan Kyerɛwnsɛm no sɛnea bere ma kwan. Ma asɛm no mfa mo ho.
Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A Efi ASE JUNE 18
Dwom 28
8 min: Asafo mu nkaebɔ, Teokrase Nsɛmmansɛmma, ne sika akontaabu. Fa ntoboa biara a wɔakyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Kamfo asafo no ɔhyew so wɔ adwuma no ho.
15 min: “Dɛn na Woanya Nyɛe?” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Si anisɔ a yebenya ama nhyiam horow ne hia a ɛho hia sɛ yekwati adeyɛ a ɛne sɛ yɛbɛma nhyiam horow apa yɛn ti so no so dua. Onua a ɔredi ɔfã yi ho dwuma no betumi de nea mo asafo no reyɛ wɔ nhyiamkɔ mu no ho nsɛm aka ho.
22 min: Monyɛ mo ankasa nhyehyɛe anaasɛ momma ɔkasa a ɛne “So Wubenya Ɔdom mu Mfaso?” (February 15, 1990, Watchtower, nkratafa 21-3.) Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔkasa no atirimpɔw sɛ ɛbɛhyɛ obiara nkuran ma wanya Yehowa dom a ɛdɔɔso pii no ho anisɔ. Bere a ɛnyɛ nea yɛde di dwuma ɔkwammɔne so no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn, ekura yɛn mu, wɔ nea ɛteɛ ho akodi dennen no mu.
Dwom 65 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JUNE 25
Dwom 133
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nsɛmma nhoma foforo a aba mu nkɔmmɔbɔ nsɛmti biako anaa abien so dua. Ka asafo no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ Denam Bible Adesua So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Kamfo adawurubɔfo a wɔyɛ Bible adesua no na hyɛ wɔn a wɔnyɛ bi no nkuran ayamye so ma wonsusuw nea wobetumi ayɛ de ama tebea no ayɛ yiye no ho. Ma wɔnyɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ nkyekyem 4 ne 5 mu no ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
25 min: “Onyamesom Pa Ahofama ho wɔ Mfaso Ade Nyinaa Mu.” Ɔkasa a efi Watchtower, January 15, 1990 mu. nkratafa 25-31. Esiane sɛ yɛantumi anyɛ “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam no wɔ Ghana nti, hwɛ hu sɛ wubesi ɔkasa ahorow no mu nsɛntitiriw a wɔde aba asɛm no mu no so dua ma ɛho aba obiara mfaso.
Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JULY 1
Dwom 29
18 min: Asafo mu nkaebɔ ne Asemmisa Afã. Afei nso, kyerɛ kasɛt ahorow pɔtee a Asafo ti no de ama no, na boa anuanom ma wonhu sɛnea wobetumi de eyinom adi dwuma sɛ ankorankoro ne wɔ Kristofo afi mu.
17 min: “Di Nokware no ho Adanse.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisabisa adawurubɔfo a wɔatumi ayɛ wɔn nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no nsɛm.
15 min: “Adwenemhaw so Akodi no a Wobedi mu Nkonim.” Ɔkasa a ɔpanyin ma, a egyina March 1, 1990, Watchtower, nkratafa 5-9 so. Da ɔkasa no adi denam nneɛma a ɛde adwenemhaw a emu yɛ den ba a wɔakyerɛ wɔ kratafa 4 no a wobɛka ho asɛm so. Ɛsɛ sɛ wɔde mmɔborohunu ne ntease ma ɔkasa yi. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wonnya asɛm no mu mfaso na wɔne afoforo nkyɛ.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie.