Wo Nso, Wubetumi Adi Bɔnnɔ So Adanse Ma Ayɛ Yiye
1 Wiase tebea horow kɔ so sɛe, na ɛma Bible nkɔmhyɛ yɛ nokware. (Luka 21:10, 11; 2 Tim. 3:1, 13) Nnipa pii dwen daakye ho, na komapafo pii ‘sisi apini di akyide a abu so no ho nkɔmmɔ.’ (Hes. 9:4) Ankorankoro yi nyinaa hia yɛn mmoa na ama wɔahu ɔsoro atirimpɔw. Esiane ahohiahia kɛse a ɛreba no nti, ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛbɛfa akwan biara a ɛbɛyɛ yiye, a bɔnnɔ so adansedi ka ho so, aka Onyankopɔn Asɛm no na yɛyɛ asuafo.
2 Sɛ woma w’ani da hɔ wɔ bɔnnɔ so adansedi ho a, wubehu sɛ hokwan pii bue bere a nnamfo bɛsra wo wɔ fie anaasɛ wokɔsra wɔn, bere a wo ne afipamfo bɔ nkɔmmɔ, adwumam adidibere, ansa na mubefi adwuma ase anaasɛ ɛno akyi, gua so, sukuu mu, ne nea ɛtete saa. Ɔkyerɛkyerɛfo kɛse Yesu Kristo tumi dii adanse bɔnnɔ so ma ɛyɛɛ yiye kɛse. Momma yɛnhwehwɛ nnyinasosɛm ahorow a ɔde dii dwuma bere a odii Samariani ɔbea no adanse wɔ asubura bi ho sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yohane 4:7-26 no bi mu.
NKƆMMƆBƆ NO ASEFI
3 Nkyekyem 7: Hyɛ no nsow sɛ Yesu na odii kan yɛɛ ade de fii nkɔmmɔbɔ no ase denam Samariani ɔbea no a obisaa no sɛ: “Ma me bi mennom!” no so. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu amfa Kyerɛwnsɛm mu asɛmti bi na efii ase. Ɔkwan a ɛte saa ara so no di kan yɛ ade. Wubetumi de atesɛm mu asɛm bi a aba foforo wɔ mo mpɔtam hɔ, ɔman no mu, anaa wiase nyinaa, afi wo bɔnnɔ so adansedi no ase, ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea egyina Kyerɛwnsɛm mu asɛmti bi so. Nanso mfa amansɛm mma mo nkɔmmɔbɔ no mu.
4 Nkyekyem 8: Ɛha no, na Yesu rehome wɔ akwantu tenten bi a ɔde fi Yudea no akyi. (Nkyekyem 6) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, wo nso wubetumi de tebea horow adi dwuma de adi adanse sɛnea wɔaka wɔ nkyekyem 2 wɔ atifi hɔ no mu no.
ANIFERE NE NTOBOASE
5 Nkyekyem 9: Ebia wo otiefo no bɛkeka nsɛm bi a ɛnyɛ nokware anaa ɔbɛyɛ obi a ɔsɔre tia wo mpo. Sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, bu w’ani gu nea ɛnyɛ nokware a ɔkeka no so na nya ne nitan su no ho koma. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bɔ mmɔden sɛ wubenya biribi a mo nyinaa adwene hyia ho. Toa so adamfofa kwan so, sɛnea Kristo yɛe wɔ Nkyekyem 10 no. Sɛnea Yesu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ nkyekyem yi mu no, ma nsɛm a ɛbɛma wo otiefo no anya biribi asusuw ho nyɛ wo botae. Wubetumi de nsemmisa a ɛkanyan adwene a ɛbɛma ne kɔn adɔ sɛ obenya mmuae afi wo nkyɛn nso adi dwuma. Nsemmisa a wɔde hu obi adwene ne mfatoho ntiantiaa nso ye. Afei, hyɛ sɛnea Yesu de anifere daa “Onyankopɔn” adi wɔ nkɔmmɔbɔ no mu na ɔkaa “nkwa nsu” ho asɛm. na enti ɔbɔɔ ɔkwan maa Kyerɛwnsɛm so a asɛm no begyina no nso nsow. Sɛ wode Kyerɛwnsɛm mu nsusuwii bi reba a, mpɛn pii no ɛdɔɔso sɛ wobɛka nsɛntiaa bi na woahwɛ nea otiefo no bɛyɛ ansa na woahu sɛnea wobɛtoa so.
6 Nkyekyem 11, 12: Bere a wobɔ mmɔden sɛ wode Kyerɛwnsɛm mu nsusuwii bi bɛbam no, ebia nnipa pii rente ase anaasɛ wɔne no renyɛ adwene. Nya ntoboase ma wɔn, sɛnea Kristo nya maa Samariani ɔbea no.
7 Nkyekyem 13, 14: Ɛha no, Yesu yɛɛ hia a ɛho hia sɛ wutie onipa foforo no nsemmisa yiye na aboa wo ma woakyerɛ nkɔmmɔbɔ no kwan no ho ɔyɛkyerɛ. Bio, faako a wo otiefo no ne wo nyɛ adwene (sɛ ɛyɛ bɔkɔɔ anaa dennen so) no, bɔ mmɔden sɛ wubenya biribi a mo nyinaa adwene hyia ho, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Saa asɛm yi mu no, na ɔbea no ne Yesu bɛyɛ adwene ntɛm sɛ “obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio.” Hwɛ sɛnea Yesu de Kyerɛwnsɛm mu nsusuwii afoforo bae na ɔkanyan ɔbea no akɔnnɔ ma osuaa nokware no bi kaa ho.
NEA EBEFI MU ABA NO BETUMI AYƐ NEA AKATUA WOM
8 Nkyekyem 15-18: Yiw, bɔnnɔ so adansedi betumi ayɛ obi a wɔboa no ma ɔfa nkwa kwan no so no mfiase. Ɔbea no bisae wɔ ha sɛ wɔmma no nkwa nsu a Yesu betumi de ama no no bi nnom. Nkyekyem 16-18 mu titiriw no, Yesu pɛe sɛ ɔboa ɔbea no ma ohu onipa ko a ɔyɛ—Mesia no ne odiyifo. Yɛn nso yebetumi aboa otiefo no ma wanya tumi a yegyina so kasa a ɛne Bible no fibea mu ahotoso. Ade foforo ni: Bere a ɔbea no gye toom Yesu anim sɛ “Minni kunu” no, Yesu buae sɛ: “Woaka no yiye.” Akyiri yi bere a nkɔmmɔbɔ no rekɔ so no, Yesu de kaa ho sɛ: “Eyi de woaka no nokware.” Enti, sɛ otiefo no ka nsɛm bi a ɛyɛ nokware a, kyerɛ sɛ wo ne no yɛ adwene na ma w’ani nna hɔ sɛ wobɛkamfo no sɛnea ɛfata. Dɛn nti na wususuw sɛ eye sɛ wobɛyɛ eyi?
9 Nkyekyem 19-26: Sɛnea wubetumi ahu no, ɛnyɛ Yesu nkutoo na na ɔkasa, na mmom ɔmaa Samariani ɔbea no nso kwan ma ɔkyerɛɛ n’adwene pii. Enti, wo nkutoo nka asɛm no nyinaa. Sɛnea Yesu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no, ma wo nsɛm no nyɛ tee ne nea esi asɛm no so, na mma ɛnyɛ nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Sɛ́ bɔnnɔ so adansedi no yɛ tiawa anaasɛ ɛware no, ɛsɛ sɛ wo otiefo no te nka sɛ wasua biribi. Nokware ahorow bɛn na Samariani ɔbea no sua fii Yesu hɔ wɔ saa asɛm yi mu?
10 Yohane ti 4 no mu nsɛm a aka no kyerɛ sɛ ɔbea yi ne Samariafo pii nam so begyee Yesu Kristo dii sɛ “wiase agyenkwa.” (Nkyekyem 42) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa ani bɛda hɔ wɔ bɔnnɔ so adansedi ho na yɛde adi dwuma daa, na yɛde nnyinasosɛm ahorow a Yesu de dii dwuma no adi dwuma. Sɛ yɛde nnyinasosɛm a wɔabobɔ din wɔ atifi hɔ no redi dwuma a, ɛho nhia sɛ ɛyɛ nnidiso sɛnea wɔde ama no. Bere a wo ne nkurɔfo di nkitaho no, bisa wo ho sɛ: “Ɔkwan a eye sen biara bɛn so na metumi aboa onipa yi ma wasua nokware no?” Eyi bɛboa wo ma woakae nnyinasosɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ wode di dwuma. (Yoh. 13:17; Ɔsɛnk. 11:6) Bere a yɛyɛ yɛn fam de wɔ bɔnnɔ so adansedi mu no, Yehowa behyira so pii.