Asɛmpa a Wɔbɛka Akyebɛ—Denam Bible Adesua So
1 Ɔsom afe a etwaam yi mu wɔ Ghana no, yɛn Ahenni adawurubɔfo 31,000 no yɛɛ Bible adesua bɛboro 48,000 ɔsram biara. Ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkyekyɛ eyi mu ama ɔdawurubɔfo biara anya Bible adesua nkyekyem 1.5 ɔsram biara. Nanso twɛn. Akwampaefo atitiriw, daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo a sɛ wɔkyekyem a wɔyɛɛ Bible adesua 4 kosi 9 no na wɔyɛɛ emu fa kɛse no ara. Afei nso, adawurubɔfo pii yɛɛ Bible adesua abien anaa abiɛsa mpo daa ɔsram biara. Enti nhwehwɛmu a wɔyɛ no fefeefe da no adi sɛ yɛn mu bɛboro 10,000 (abiɛsa mu nkyem biako) na wɔanyɛ Bible adesua koraa. Ɔkwan bɛn so na yɛn mu pii betumi anya abotɔyam soronko a efi obi foforo a wɔkyerɛkyerɛ no nokware no mu ba no bi?
2 Esiane sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nti, yɛpɛ sɛ yɛne afoforo kyɛ nokware no. Nanso yehia Yehowa mmoa wɔ yɛn som adwuma no mu. (1 Kor. 3:6, 7) Enti, so ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na yɛabisa no sɛ ɔmmoa yɛn mma yemfi ofie Bible adesua ase anaa? (1 Yoh. 5:14, 15) Afei ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne nea yebisa no hyia na yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka mu kɛse sɛnea yɛn nsɛm tebea horow ma kwan, na yɛka ofie Bible adesua ho asɛm bere a yenya ho kwan no. Ɛyɛ nokwasɛm sɛ adawurubɔfo a wɔatumi akura asɛnka nkyekyem a ɛkɔ soro mu bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so yi mu no ne wɔn a wɔwɔ ofie Bible adesua ahorow a wɔahyehyɛ no yiye a wɔyɛ daa no. Wɔnam bɔnnɔ so adansedi ne asɛm a wɔka no tee nso so na efii eyinom bi ase bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so yi mu.
HOKWAN AHOROW PII
3 Mfe pii bi a abɛsen mu no, yɛde nhoma, nhomawa, ne brochure pii amoma nkurɔfo wɔ asasesin no mu. Wobetumi ahu Tra Ase Daa, True Peace, ne Nokware nhoma no ne afoforo wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo afi mu. Eyi yɛ hokwan kɛse a wobetumi de afi Bible adesua afoforo ase.
4 Sɛ ofiewura bi ka kyerɛ yɛn sɛ onim yɛn adwuma no ho nsɛm anaasɛ ɔwɔ yɛn nhoma no bi dedaw a, ɛsɛ sɛ yɛka sɛnea ɛyɛ yɛn anigye no kyerɛ no. (Hwɛ Reasoning, kratafa 20.) Sɛ ɔwɔ nhoma bi a, yebetumi de ayamye ahyɛ nyansa sɛ ɔmfa mmra na yɛnkyerɛ no emu nneɛma bi a ɛyɛ anigye a ɛho betumi aba ɔne n’abusua mfaso. Sɛ ɔyɛ ho ade ɔkwampa so a, yebetumi aka ofie Bible adesua ho asɛm akyerɛ no.
5 Nea yɛaka yi akyi ɔkwan foforo ne sɛ yebedi kan abisa ofiewura no sɛ ɔwɔ yɛn nhoma bi a. Eyi betumi ayɛ nea etu mpɔn kɛse wɔ asasesin a yɛama nhoma pii wom no mu. Adamfofa kwan so nnianim asɛm akyi no, yebetumi aka sɛ esiane sɛ yɛtaa srasra nkurɔfo nti, yɛn afipamfo no pii wɔ yɛn nhoma ahorow no bi. Yɛn ani gye ho sɛ yebehu sɛ nkurɔfo nya mfaso fi nsɛm a wɔatintim no mu. Afei yebetumi abisa ofiewura no sɛ ɔwɔ yɛn nhoma no bi a. Sɛ ɔwɔ bi a, yebetumi de ayamye abisa sɛ ɔmfa mmra mma yɛnhwɛ na afei yɛaka sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ no sɛnea wosua no. Ɔyɛkyerɛ tiawa bi betumi akowie ofie Bible adesua mu. Sɛ onni yɛn nhoma no bi a, yebetumi de nea yɛde rema mprempren no ama no anaasɛ yɛabisa no tee sɛ n’abusua no ani begye ofie Bible adesua a wontua ho hwee ho anaa.
FA NHUMU DI DWUMA
6 Esiane sɛ nkurɔfo nni adagyew nti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde nhumu bedi dwuma na yɛantra ase ankyɛ dodo. Ebetumi aba sɛ yɛde simma bɛyɛ 15 na ɛbɛyɛ adesua kakraa a edi kan no. Sɛ ofiewura no nnim sɛ ɛrennye ne bere pii a, ebia obenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsra no daa. Sɛ yenya hyehyɛ adesua no wie na ofiewura no anigye bɛyɛ kɛse a, yebetumi adi bere pii wɔ adesua no mu. Nokwarem no, ebinom bɛpɛ sɛ wosua ade bere tenten fi mfiase no ara pɛɛ.
7 Ebinom a wɔte sɛ nguan wɔ asasesin no mu a wohia yɛn mmoa, na wɔn mu pii wɔ yɛn nhoma. Akyinnye biara nni ho sɛ ebinom sisi apini na wodi akyide a wɔyɛ wɔ asase so nnɛ no ho nkɔmmɔ. (Hes. 9:4) Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ ɛnyɛ Ahenni a ebeyi adesamma amanehunu afi hɔ no ho nhoma nkutoo na yɛde bɛmoma, na mmom sɛ yɛde nokware no bedu komapafo komam nso denam Bible adesua so.—Mat. 28:19, 20.