Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/82 kr. 1-6
  • Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A YƐWƆ ƆSATU AHOROW
  • NHOMAKRA NE ƐSO HWƐ
  • Fa Yɛn Bible Ho Nhoma no Di Dwuma Nyansam
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nhoma a Yɛde Bɛma Wɔ Asasesin a Wɔka Kasa Pii Wom Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1982
km 9/82 kr. 1-6

Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu

1 Wɔ 1982 asram 12 no mu no, nhoma a yɛde di dwuma wɔ afie afie asɛnka mu no bɛsakra bɛyɛ mpɛn awotwe. Dɛn nti na yɛde nhoma ahorow ahorow yi di dwuma? Nneɛma pa pii fi saa nhyehyɛe a wɔasɔ ahwɛ ahu sɛ eye yi mu ba. Ne nyinaa mu no, ɛma yɛde yɛn nhoma horow no di dwuma nyansa mu.

NEA ENTI A YƐWƆ ƆSATU AHOROW

2 Ade biako ne sɛ, ɛma nsonsonoe ba nhoma horow a yɛde ma wɔ asɛnka mu no mu. Yehyia nnipa ahorow ahorow a ɛsono wɔn nhomanim ne wɔn amanne, na enti, bere a ebia ohiani rennye nhoma a yɛde bedi dwuma ɔsram yi mu ho no, ebetumi aba sɛ n’ani begye daakye de a yɛde bedi dwuma ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mede me ho meyɛɛ ade nyinaa maa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.” Yɛn botae te sɛ Paulo de no.​—1 Kor. 9:19-23.

3 Ɛyɛ anigye ma ɔdawurubɔfo no ankasa nso, na ɛboa no wɔ adesua mu. Nsakrae no ye ma yɛn ankasa wɔ akwan horow pii so. Sɛ nhwɛso no, ɛma yehu yɛn nhoma horow no yiye, bere a ɛsɛ sɛ yehu emu nsɛm atitiriw no na yɛatumi aka ho asɛm, na afei nso yɛpaw nkyekyem ahorow bi na yɛde akyerɛ mfaso a ɛwɔ nhoma no so. Afei nso, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nnipa a wɔwɔ asasesin no mu no nyinaa anya hokwan agye bi na wɔakenkan asɛmpa a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ akwan horow so a yɛn nyinaa ani gye ho na yenya ho mfaso kɛse no. Yɛn nyinaa bom de asɛmti bi a ɛfata ho adansedi a ɛho hia ma wɔ ɔman no mu nyinaa.​—Aso. 20:21.

4 Nea ɛde nsakrae ba nhoma horow a yɛde ma nkurɔfo no mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae Nyan! ne Ɔwɛn-Aban a ebinom ba mpɛn 24 na ebinom ba mpɛn 12 wɔ afe biara mu no nso. So obi betumi aka sɛ “dedaw koro no ara na yɛde ba bere nyinaa” anaa? Dabida!

NHOMAKRA NE ƐSO HWƐ

5 Nanso, ansa na mubetumi anya ɔsatu ahorow yi mu kyɛfa yiye na mode nhoma pɔtee a wɔakyerɛ no ama ɔsram biara no, ɛho behia sɛ asafo no nya saa nhoma no bi. Asafo ti no ate afi asafo mu adawurubɔfo, akwampaefo ne ahwɛfo akwantufo bi nkyɛn sɛ wɔntaa nnya nhoma a ɛho hia ma saa ɔsram no mfi asafo no mu. Enti, ɛbɛyɛ papa sɛ onii a ɔhwɛ asafo no nhoma so no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no di kan hwɛ, asram dodow bi, hu nhoma a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ ɔsatu ahorow a ɛreba no mu no, na saa kwan yi so no wobetumi adi kan akra nhoma a ɛho hia no. (Fa toto Mmebusɛm 30:25 ho.) Wɔkyerɛ nhoma horow a yɛde bedi dwuma no wɔ Nkaebɔ Ahorow ase, wɔ Yɛn Ahenni Som mu, na mpɛn pii no wodi kan kyerɛ eyi bɛyɛ asram abiɛsa anaa anan na yɛanya bere a ɛsɛ de akra.

6 Wɔn a ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔkra no bɛpɛ sɛ wosusuw dodow a wohia no ho yiye na wɔanya nhoma a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ, nanso ɛrenyɛ nea ɛdɔɔso dodo a ɛbɛba abesum hɔ. Sɛ adawurubɔfo hyɛ nhoma a yɛde bedi dwuma ɔsram no mu no nsow, na asafo no, denam ne mpanyimfo ne asomfo afoforo no so, hwɛ sɛ nhoma a ɛwɔ hɔ no dɔɔso a, ɛno na yebetumi de yɛn nhoma horow no adi dwuma nyansa mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena