Fa Yɛn Bible Ho Nhoma no Di Dwuma Nyansam
1, 2. Nnipa pii te nka dɛn wɔ yɛn nhoma horow ho, na asɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?
1 “Makenkan mo nhoma ahorow no fi afe 1965. Sɛ merekenkan nhoma no a, mehwɛ Bible mu, na asɛm biara a ɛwom no ne Bible no hyia. Ná mepɛ sɛ mihu Onyankopɔn ne Yesu ho nokwasɛm ankasa, na metumi aka sɛ menam mo nhoma ne Bible no so renya nsɛmmisa no ho mmuae a ɛfata.” Eyi ne asɛm a ɔbarima bi kyerɛw kɔɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti. Ɔnam krataa yi ara so srɛe sɛ obi ne no mmesua Bible.
2 Wɔ wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii akyerɛ nhoma a yɛde sua Bible a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ no ho anisɔ sɛnea ɔbarima yi ayɛ no. (Mat. 24:45) Afe biara, wɔyɛ nhoma pii de boa nnipa komapafo ma “wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Tim. 2:4) Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn nhoma a emu nsɛm gyina Bible so no adi dwuma nyansam?
3. Yɛbɛyɛ dɛn akwati sɛ yɛbɛsɛe nhoma horow no?
3 Nsɛe Nhoma No: Bere rekɔ so no, yebetumi aboaboa nhoma pii ano agu hɔ a yɛremfa nyɛ hwee. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛansɛe yɛn nhoma ahorow a ɛsom bo no? Ɛsɛ sɛ yɛde nhumu yɛ adwuma bere a yɛregye nhoma akɔ asɛnka no. Sɛ́ anka yebegye nhoma pii no, yebetumi agye biako anaa abien bi, na sɛ yɛde ma wie a, yɛasan abegye bio. Eyi remma yɛmmoa nhoma pii ano ngu yɛn afie mu. Saa ara na sɛ yɛwɔ nsɛmma nhoma dodow bi a yɛmfa mmae a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde eyinom ma ansa na yɛagye foforo.
4. Sɛ asafo bi wɔ nhoma pii a, dɛn na wobetumi ayɛ?
4 Bere a Nhoma Pii Wɔ Asafo no Mu: Sɛ nhoma ahorow bi dɔɔso wɔ mo asafo no mu a, nhoma sohwɛfo no betumi abisa asafo afoforo a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no ahwɛ sɛ wobetumi agye mo nhoma no bi de ayɛ adwuma anaa. Adawurubɔfo betumi de nhoma dedaw no bi ama wɔn abusuafo a wonnye nni, Bible asuafo ne nnipa afoforo. Ebia wɔn a afei na wɔne asafo no rebɔ no ani begye sɛ wɔn nsa bɛka nhoma dedaw no bi na wɔde ahyehyɛ wɔn ankasa nhomakorabea.
5. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ yɛn nhoma horow no ho anisɔ?
5 Yɛpɛ sɛ yɛn nhoma ahorow no di atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔasua Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa no ho ade pii no ho dwuma. Sɛnea Yesu ansɛe aduan a ɔnam anwonwa kwan so yɛe de maa nkurɔfo akuwakuw no, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛde Bible ho nhoma a ɛsom bo a yɛn nsa ka no bedi dwuma yiye. (Yoh. 6:11-13) Sɛ ɛkɔba sɛ yɛn nhoma ahorow no ka yɛn nhomakorabea anaa yɛn bag mu a, nkwagye nsɛm a ɛwom no ntumi nka nnipa a wɔdɔ adetreneeyɛ no koma. Enti ɛsɛ sɛ yɛda ntease adi bere a yɛregye nhoma akɔ asɛnka no na yɛde di dwuma nyansam de boa afoforo ma wonya so mfaso.—Filip. 4:5.