Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhoma Ahorow Dedaw So
1 Nokware nyɛ nea ɛnsom bo esiane kyɛ a akyɛ nti. Nokware ahorow a yɛde asie yɛn koma ne yɛn adwene mu a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho no te sɛ ademude a ne bo yɛ den a ebi yɛ dedaw na ebi nso yɛ foforo. Yesu Kristo tuu n’asuafo fo sɛ ‘wonyi’ nokware ahorow foforo ne dedaw a ɛfa Ahenni no ho yi ‘adi’ wɔ wɔn adwuma mu sɛ ‘ɔman akyerɛkyerɛfo.’ (Mat. 13:52, NW) Saa ara nso na nnɛ, Kristo “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no de nhoma ahorow a yɛasua nneɛma pii a ɛfa Ahenni no ho wom ama yɛn. Ebi yɛ foforo na ebi nso yɛ dedaw, nanso so wunnye ntom sɛ yɛn nhoma no nyinaa kura nsɛm a ɛsom bo a ɛho betumi aba ɔmanfo mfaso? Sɛ saa a, ɛnde wobɛpɛ sɛ wunya kyɛfa wɔ saa Ahenni no ho nokware a wɔatintim yi a mode bɛkɔ akɔma nkurɔfo wɔ mo asasesin no mu wɔ June mu no mu.
2 April ne May Yɛn Ahenni Som no kaa ɔsatu titiriw bi a ɛbɛma yɛde nhoma a ekura nkratafa 384 nyinaa a yɛwɔ wɔ yɛn asafo mu ama wɔ May ne June mu de abien agye ¢60 na yɛde biako agye ¢40 no ho asɛm. Nhoma dodow ahe na wode mae wɔ May mu? Yɛwɔ anidaso sɛ wubetumi ama pii asen saa wɔ June mu. Yebetumi akae ofiewuranom sɛ June ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsatu titiriw yi mu.
3 Nhoma ahorow a mode bedi dwuma no begyina nea mowɔ wɔ mo asafo no mu no so. Wɔaka akyerɛ mpanyimfo sɛ sɛ wonni bi wɔ wɔn asafo no mu a, wommisa asafo ahorow a ɛbemmɛn no. Enti yegye di sɛ ebi wɔ mo asafo no mu. Hwɛ sɛ wubegye bi afi wɔn a wɔhwɛ nhoma so no nkyɛn, sɛ wunnyee bi dedaw a. Ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛsɛ sɛ nhoma biara a yɛde ma ɔmanfo no yɛ nea ɛho tew na ɛyɛ fɛ.
4 Bere a wode Nkɔmmɔbɔ Asɛmti, “So Yɛrehyia Harmagedon?” redi dwuma no, ɔkwan bɛn so na wode nhoma no bɛma? Yɛde Adiyisɛm 21:1, 4—“asase foforo” bedi Harmagedon akyi aba, na ewie yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no. Yegye di sɛ ɛmfa ho sɛ nhoma ahorow bɛn na wode di dwuma no, wubehu sɛ nhoma no ka akatua a ɛne daa nkwa wɔ Paradise asase so ho asɛm wɔ ne nkratafa ahorow no bi mu. Gye bere san kenkan nhoma no mu nsɛm a wode bedi dwuma no na hu nea wobɛtwe adwene asi so wɔ wo Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ no akyi.
5 Ebia mowɔ nhomawa pii wɔ hɔ. Sɛ saa a, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wode bi bɛhyɛ wo adansedi bag mu wɔ ɔsram yi mu? Sɛ ebinom antumi annye nhoma abien a yɛde rema no a, ebia wubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 64 no biako ne nsɛmma nhoma abien anaa nhomawa a ekura nkratafa 32 abien ne nsɛmma nhoma abien ama wɔn de agye ¢20, Wubetumi de nhomawa (brochure) no mu biara nso ama. Wɔ ne nyinaa mu no, mma wo werɛ mfi sɛ wobɛkyerɛw anigyefo a wunyaa wɔn no din ne sɛ ebia wogyee nhoma anaasɛ dabi, na san kɔsra wɔn ntɛm ara na ma wɔn anigye no nnya nkɔso.
6 So wobɛpɛ sɛ wuhu sɛ nnipa a wo ne wɔn sua Bible no ntease ne wɔn nimdeɛ a wɔwɔ wɔ Kyerɛwsɛm mu no yɛ kɛse? Dɛn nti na wonkamfo nkyerɛ wɔn sɛ wɔnkenkan nhoma dedaw no bi? Na sɛ woyɛ obi a wode wo ho abɔ Yehowa ahyehyɛde no ho foforo a wunnya nkenkanee saa nhoma yi mu binom a, ebia wobɛpɛ sɛ wode eyinom ka nhoma a ɛwɔ wo nhomakorabea no ho na woakenkan anaasɛ wode ayɛ nhwehwɛmu ahorow bere a wunya hokwan no.
7 Yɛbɔ mpae sɛ yebetumi de nhoma ne nhomawa fɛfɛ pii a yɛwɔ wɔ yɛn afi mu ne Ahenni Asa so no adi dwuma wɔ June yi mu de akyerɛkyerɛ ɔmanfo a wɔpɛ sɛ wotie Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no. Fi wo koma nyinaa mu fa wo ho hyɛ nhoma abien ɔsatu titiriw no mu wɔ June mu.