Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/92 kr. 1
  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Fa Yɛn Bible Ho Nhoma no Di Dwuma Nyansam
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nhoma a Yɛde Bɛma Wɔ Asasesin a Wɔka Kasa Pii Wom Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 12/92 kr. 1

So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?

1 Ɛnyɛ dɛnkyɛmmo ne aboɔden abo fɛ nkutoo nti na ɛma ɛsom bo, na mmom ɔbrɛ ne sika kɛse a ne hwehwɛ ne ne tu gye nso nti. Yehowa ne Yesu Kristo ho nimdeɛ som bo kɛse sen saa mpo, na yɛn nhoma ahorow no nkutoo ne nea ɛwɔ wiase no mu a ɛde ɔsoro nyansa kyerɛkyerɛ honhom fam ahode yi mu kɔ akyiri. (Rom. 11:33; Fil. 3:​8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ sɛ yɛwɔ yɛn nhoma no ho nokware anisɔ?

2 Nnipa ankorankoro ne mmusua horow dodow bi yi ntoboa to hɔ daa a wɔde bɛkɔ Ahenni Asa so de akɔto Ahenni adwuma no ho ntoboa nnaka no biako mu. Ankorankoro yi ntoboa afoforo ma wiase nyinaa adwuma no bere a wotua nhoma anaa nsɛmma nhoma a wogye wɔ Ahenni Asa so ka no.

3 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ada anisɔ adi ne sɛ yɛn ankasa bɛkenkan nhoma ahorow no na yɛahyɛ afoforo nkuran wɔ asɛnka mu sɛ wɔnyɛ saa. Nhoma a ɛsom bo a yɛde ma wɔ asɛnka mu no te sɛ dɛnkyɛmmo a ne bo yɛ den. Sɛ onii a ogyee nhoma no hu bo a ɛsom nkutoo a na ɔbɛkyerɛ ho anisɔ yiye. Enti ɛho hia sɛ yɛsan kɔ wɔn a yɛmaa wɔn nhoma no nkyɛn na yɛde yɛn ho ma de boa afiewuranom ma wonya nhoma no mu mfaso denam Bible adesua nhyehyɛe no so. Sɛ yɛde yɛn nhoma ahorow no yɛ adesua a, ɛboa nkurɔfo ma wohu nea Bible no kyerɛkyerɛ, na kwan no bue ma wɔn sɛ wɔne Yehowa bɛhyehyɛ abusuabɔ. Sɛnea yɛde yɛn nhoma no di dwuma no na ɛkyerɛ mfaso ankasa a wobenya afi mu.

4 Ɛnyɛ nea nhoma a yegyaw to ɔpon a wɔhyehyɛ nhoma wɔ so so wɔ Ahenni Asa so ne yɛn fie no redi n’atirimpɔw ho dwuma, na wonhu bo a ɛsom no. Ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma dedaw, brochure ahorow, nhoma ahorow, ne nkratawa di dwuma yiye. Bere bɛn ne nea etwa to a yɛkan nhoma ahorow a na yɛwɔ wɔ yɛn asafo no mu no? Ebia yɛn ho bedwiriw yɛn sɛ yebehu nea abesum hɔ no dodow. So nhoma a yɛwɔ no nsɛee​—kyɛ a akyɛ no mma ɛnnanee akokɔsrade, ɛntetewee, anaa nneɛma nkekaa mu? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara de eyi mema wɔ asɛnka mu. Bere a yɛde yɛn adwene si nhoma a yɛde rema mprempren so mpo no, yebetumi asi gyinae sɛ ɛtɔ mmere bi a, yɛde nhoma foforo bi bedi dwuma.

5 Bɔ mmɔden fa nhoma di dwuma wɔ asɛnka mu, a wonim sɛ eyi yɛ adwinnade a ɛsom bo a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛmfa nyɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ntɛmntɛm. Nea edi kan no, sɛ wunni nhoma no bi a, worentumi mfa mma. Enti bɔ mmɔden tɔ nhoma a mowɔ no biako anaa abien na fa saa nhoma no di dwuma wɔ asɛnka mu a wunsuro. Bere nyinaa nya nhoma a ɛdɔɔso a wode befi ɔsram no ase, na kogye foforo bere a wode nea wowɔ no amema no.

6 Yɛn nhoma ahorow no som bo yiye bere a yɛde ma nnipa a wɔkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware ho anisɔ no. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa de nea wɔde ama yɛn no bedi dwuma nnamyɛ ne anigye so, na yɛnam saayɛ so akyerɛ sɛnea yebu yɛn nhoma no sɛ ɛsom bo yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena