Ɔsom Nhyiam ma December
Dapɛn a Efi Ase November 30
Dwom 49
15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Afei nso, fa nsemmisa ne mmuae di asɛm “Yɛ Akwampaefo Boafo wɔ December ne January Mu” ho dwuma ɔhyew ne anigye so. Wɔ afe a etwaam no amantam nhyiam horow no nyinaa akyi no, anuanom pii tumi yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma. Wɔhyɛ pii nkuran sɛ wɔnyɛ saa wɔ December ne January mu. Ka mo asafo no mu asɛnka ho nhyehyɛe ne nhyehyɛe atitiriw a wɔbɛyɛ ama akuw akɛse wɔ December ne January mu ho asɛm.
15 min: “Tumi a Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So kratawa no, na wɔnhyɛ aba a ɛwom, nsɛm a asete nyɛ den a tumi wom a wɔde bedi dwuma wɔ asɛnka mu no nsow.
15 min: “To Nhyɛase wɔ Wo Nsrahwɛ a Edi Kan Mu.” Onua a odi ɔfã yi ho dwuma no yɛ ɔyɛkyerɛ anan a ɛkyerɛ nnianim nsɛm abien a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 2 ne 3 no mu biako, ne nkyekyem 4, 5, ne 6 no mu nsɛntitiriw no mu biara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛkyerɛ a etwa to no kyerɛ sɛnea wobetumi de Bible no ne God’s Word nhoma no nyinaa ama wɔ nsrahwɛ a edi kan mu.
Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 7
Dwom 141
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Twe adwene si adaka no mu asɛm a ɛfa baa dwumadibea address ahorow ho no so. Kamfo adawurubɔfo wɔ kyɛfa a wɔrenya wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu ho. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a wobetumi aka wɔ mo asafo no asasesin mu ho nyansahyɛ ma.
15 min: “So Wudi Akwankyerɛ Akyi?” Ɔkasa a ɔhwɛfo guamtrani ma a egyina Ɔwɛn-Aban, Vol. 111, No. 19 no nkratafa 30-1 so. Ma ɛmfa mo asafo no mu ahiade ahorow pɔtee ho: asɛnka akontaabu a wɔde bɛma, Ahenni Asa so siesie, asɛnka nhyiam a wɔbɛba bere ano, mmofra a wɔremma wɔnyɛ basasbasa wɔ Ahenni Asa so, ne nea ɛkeka ho. Kamfo wɔn wɔ baabi a ɛfata, na boa wɔn nyinaa ma wonhu sɛnea asafo mũ no nyinaa nya mu mfaso horow na asomfo a wɔapaw wɔn no adwuma yɛ mmerɛw bere a wodi akwankyerɛ ahorow so no.
20 min: “So Wubu Yɛn Nhoma no sɛ Ɛsom Bo?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho.
Dwom 27 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 14
Dwom 179
15 min: Asafo mu nkaebɔ a sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Fa anigye kamfo asafo no wɔ sika a wɔde boa mo asafo no ne nea wɔde to Asafo Ahenni Asa Foto mu ne nea wɔde ma Asafo ti wiase nyinaa adwuma nso no ho. Ka asɛnka nhyehyɛe titiriw ma nnapɔnna bere no ho asɛm wɔ faako a ɛfata. Ɛsɛ sɛ awofo de Sukuu brochure no nkratafa 17-21 siesie wɔn mma a wɔkɔ sukuu no titiriw ma nsɛmpɔw a ebetumi asɔre wɔ nnapɔnna bere no mu.
20 min: “Ɔkwan a Yɛbɛfa So Akanyan Anigye.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Yɛ akwan a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 5 ne 6 mu no ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔyɛkyerɛ ahorow no nyɛ tiawa a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi akyi.
10 min: “Paw Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛfata.” Okunu ne ɔyere a wɔresiesie wɔn ho ama asɛnka ntam nkɔmmɔbɔ.
Dwom 198 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Week Starting December 21
Dwom 54
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛm a wobetumi abɔ ho nkɔmmɔ adi dwuma dapɛn yi ho ɔyɛkyerɛ. Fa nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ dapɛn a etwaam no Ɔsom Nhyiam ase no di dwuma.
20 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe anaa momma August 1, 1992 Ɔwɛn-Aban nkratafa 28-30 no mu asɛm, “Monsan Mmra Me Nkyɛn, na Mɛsan Maba mo Nkyɛn” sɛ ɔkasa.
15 min: Nea Enti a Yenni Awoda. Ɔpanyin ne abarimaa agyanka bi a onnii mfe dumiɛnsa a ɔyɛ nhwɛso pa ntam nkɔmmɔbɔ. Abarimaa kɔ ɔpanyin nkyɛn kobisa mmoa a ɛbɛma wadi nhyɛso a n’atipɛnfo de ba no so sɛ ɔnkɔ awodadi apontow ase so. Onim sɛ ɛnteɛ nanso ɔbɛpɛ sɛ otumi kyerɛkyerɛ mu pefee kyerɛ afoforo. Ɔpanyin nam ayamye ne kasa a asete nyɛ den so ne abarimaa no susuw September 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 30-1 ne Reasoning nhoma no nkratafa 68-70 mu asɛm ho.
Dwom 24 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 28
Dwom 104
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: Onipa a Ɔsen Biara nhoma no a yɛde Bɛma Yɛn Hann Ahyerɛn wɔ January mu. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmma nsɛm a wɔde bɛkɔ asɛnka ntra wɔn adwenem yiye. Fa nsɛm a wɔbɛka a egyina atiri a wɔasua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase dedaw wɔ ɔsram no mu ho nyansahyɛ ma.
15 min: Asɛm “Adwenemtew ne Trenee a Yɛde Bɛtra Ase” a wosusuw ho. Hyɛ anuanom nkuran sɛ wonni kan nyɛ nhyehyɛe ahorow na wɔakotie da koro nhyiam titiriw dwumadi wɔ 1993 ɔsom afe no mu. Sɛ wunim da ne beae a wɔbɛyɛ nhyiam no a, ka kyerɛ wɔn. Afei nso, hyɛ dapɛn awiei asɛnka adwuma a wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu ho nkuran.
Dwom 4 ne mpaebɔ a wɔde wie.