Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/92 kr. 6
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Akanyan Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Akanyan Anigye
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • San a Yɛbɛsan Akɔkanyan Bible no ho Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 12/92 kr. 6

Ɔkwan a Yɛbɛfa So Akanyan Anigye

1 Yehu wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu sɛ ‘kanyan’ kyerɛ sɛ wusiesie anaa woma enyin. Nanso asɛmfua yi betumi akyerɛ adwuma, ɔhwɛ ne adesua so a wɔnam ma enya nkɔso nso. Asuafo a yɛbɛyɛ no yɛ yɛn som adwuma no botae atitiriw no mu biako. (Mat. 28:19, 20) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kanyan anigyefo a yehu wɔn wɔ asɛnka mu no.

2 Ɛtaa gye nsrahwɛ pii na ama ankorankoro komapafo anyin wɔ honhom mu. Ɛsɛ sɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn ma yɛyɛ daa Bible adesua.

3 So wosan kɔsra wɔn a wɔda anigye kɛse adi no nkutoo? Enhia sɛ wode nhoma ma obi ansa na woasan akɔsra no. Nkɔmmɔbɔ pa a wo ne onipa no susuw Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ho wom no ma wunya biribi pa a wubegyina so ayɛ sankɔhwɛ.

4 Fa Nkratawa Fi Bible Adesua Ahorow Ase wɔ Sankɔhwɛ Ahorow Mu: Yɛn nkratawa no mu nsɛmti ahorow no fa yɛn bere yi ho. Esi hia a ehia sɛ yenya Bible mu nimdeɛ na yɛde di dwuma no so dua.

Wubetumi aka sɛ:

◼ “Nnaano yɛkaa nneɛma bi nti a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Bible no so ho asɛm. Daakye bɛn na Bible no ka ho asɛm?” Fi ase kenkan Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu kratawa no kratafa 3 no nkyekyem a ɛto so abien no. Monkenkan kyerɛw nsɛm no. Bisa ofiewura no sɛnea ɔte nka wɔ nea worekenkan no ho. Munsusuw asɛmti ketewa “Sɛnea Ebetumi Ayɛ Yiye Ama Wo” a ɛwɔ kratafa 5 no ho mfa nwie.

5 Wubetumi de Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? kratawa no ayɛ saa ara.

Wubetumi aka sɛ:

◼ “Sɛnea yɛde bere tiaa bi asusuw ho dedaw no, nnipa pii nni Onyankopɔn mu ahotoso. Sɛ nhwɛso no, wobisa sɛ, ‘Sɛ́ Onyankopɔn wɔ tumi kɛse saa a, dɛn nti na ɔma kwan ma nnipa wu?’ Kratawa yi betumi aboa ma yɛabua saa asemmisa no.” Twe adwene si ɔfã a kratafa 2 nkyekyem anan na efi ase no so. Sɛ mokenkan nkyekyem biara wie a, bisa asɛm bi a ɛfa nea moakenkan no ho, na munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔamfa emu nsɛm no ankasa amma mu no ho. Sɛ mprempren mo asafo no wɔ Awufo Ahonhom brochure foforo no bi wɔ hɔ a, mubetumi de adi dwuma saa ara.

6 Adesua no a Wobɛtoa So: Sɛ wofa akwan a wɔahyɛ ho nyansa wɔ ha no so a, na worefi ofie Bible adesua ase. Nea ɛbɛyɛ na moatoa nkɔmmɔbɔ no so daa no, bisa ofiewura no wɔ wo nsrahwɛ no awiei sɛ: “So wuhui sɛ yɛde simma kakraa bi na ebuaa nsemmisa a ɛho hia no? Dapɛn a edi hɔ no yebetumi de bere a ɛdɔɔso kakra sen saa aka owusɔre anidaso no anaa asɛmti foforo a w’ani gye ho ho asɛm.” Wubetumi de nsemmisa a ɛwɔ nsɛm yi mu no biako pɛ adi dwuma wɔ bere biara a wobɛkɔ hɔ no mu. Wɔ bere a ɛfata mu no, wubetumi adan akɔ brochure bi so anaa woafi adesua ase wɔ Tra Ase Daa nhoma no mu.

7 Hwɛ akomatɔyam kɛse a ɛyɛ sɛ yɛne obi a ɔhwehwɛ nokware no ampa yɛ Bible adesua. Ɛmmra sɛ ɔkwan a yɛbɛfa so akanyan anigyefo a yehu wɔn ho nyansahyɛ ahorow a wɔde ama a yɛde bedi dwuma no bɛma yɛatumi ayɛ ɔsom adwuma a ɛsow aba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena