Sankɔhwɛ Tiawa a Etu Mpɔn
1 So woyɛ sankɔhwɛ daa anaa ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ esiane sɛ wunnim nea wobɛka nti? Enhia sɛ wobɔ hu. Nneɛma abiɛsa bɛboa wo ma woatumi ayɛ: (1) ahosiesie pa; (2) tumi a wubetumi abɔ Bible mu nsɛm kakra a ɛnyɛ den mu asɛntitiriw biako anaa abien ho nkɔmmɔ; ne (3) ɔpɛ a wubenya sɛ wubetie ofiewura no adwenkyerɛ.
2 Sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ sankɔhwɛ a, susuw asɛm ko a ɛbɛfata sɛ wo ne ofiewura no bɛbɔ ho nkɔmmɔ ho. So ɔyɛ sukuuni? Sukuufo pii benya bere abɔ Bible mu nsɛm ho nkɔmmɔbɔ bere a wɔapɔn sukuu no. Ɛda adi sɛ wubenya ebinom a wobetie Ahenni nkrasɛm no. So wubisaa asɛm bi wɔ wo nsrahwɛ a atwam no awiei, anaa ofiewura no kyerɛɛ asɛm pɔtee bi ho anigye? San hwɛ nsɛm a wokyerɛw too hɔ no mu, na fa Reasoning nhoma no hwehwɛ nsɛm a wubehia de ayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn no. Sɛ wokɔ ne nkyɛn a, da anigye ne adamfofa su adi. Fa ofiewura no din kyia no.
3 Sɛ wode Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bi maa ofiewura no a, wubetumi de wo sankɔhwɛ no agyina asɛm biako anaa abien a asete nyɛ den a woapaw afi nsɛmma nhoma bi mu no so. Sɛ wode kratawa bi na ɛmae wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, ebia wubetumi aka kratawa no ankasa ho asɛm anaa wobɛtwe adwene asi nsɛmma nhoma anaa brochure bi mu asɛm a ɛfata so de atoa so.
4 Sɛ wode “Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu” na ɛmae a, ka no tiawa sɛ:
◼ “Bere a etwa to a mebae no, yɛkaa Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo a asomdwoe wom ho ho asɛm. Sɛnea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ no, Onyankopɔn Ahenni no de tebea pa bɛba. Wususuw sɛ dɛn na wɔhwehwɛ na yɛayɛ wiase foforo a asomdwoe wom no mufo?” Ma ofiewura no nkasa, na munsusuw asɛm a ɛwɔ Dwom 37:9, 11, 29 no ho.
5 Sɛ wode “Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? no na ɛmae a, nsɛm tiawa yi betumi ama moafi nkɔmmɔbɔ ase:
◼ “Wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ a etwa no awiei no, mede kratawa a wɔato din sɛ Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? maa wo. Nkyekyem a ɛto so abiɛsa no bisa anigye nsɛm bi: ‘Dɛn nti na nnipa wu? Ɛhe na awufo wɔ? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ wobetumi atra ase bio?’ Asɛmti ketewa a edi hɔ a wɔato din sɛ ‘Owu, ne Nea Ɛba Bere a Yɛawu’ no bua asemmisa no mu biara. Mikura kratawa no biako wɔ ha. Hyɛ nea ɛka wɔ nkyekyem anan no mu nsow.” Afei bere a ofiewura no hwɛ mu no, kenkan nkyekyem no a kyerɛw nsɛm abien no ka ho, na bisa ofiewura no adwene wɔ ho. Yɛ komm tie nea ɔbɛka no, na munsusuw ho.
6 Wɔ nkɔmmɔbɔ no mu no, ebia ofiewura no bɛka nsɛm bi a ɛnyɛ nokware. Enhia sɛ wobɛka biribiara a ɔka ho biribi. Mmom no, bata asɛm a mususuw ho no ho. Wubetumi ateɛ adwene biara a ebia okura a ennyina kyerɛwsɛm so wɔ sankɔhwɛ ahorow a wobɛyɛ akyiri yi mu.
7 Nea ɛbɛyɛ biara no, san kɔsra onigyefo biara denam sankɔhwɛ tiawa a etu mpɔn a wobɛyɛ wɔ May mu no so.