Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn Fa Hyɛ Anigye No Mu Den
1 Nea ɛka ɔkasa biara a wɔasiesie no yiye ho ne ne nnianim asɛm a ɛkanyan anigye, emu asɛm ankasa a aba wom, ne n’awiei a ɛkanyan nnipa. Ɔkasa no nnianim asɛm kyere atiefo no adwene, nanso sɛ emu nsɛm ankasa ne n’awiei nka ho a, ɛrenni mu. Ɛte saa ara wɔ yɛn som adwuma no ho. Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkanyan yɛn ofiewura no anigye wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn de kɔ so hyɛ saa anigye a edi kan no mu den.
2 Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Asemmisa a ɛkanyan adwene bɛn ara ni! So wunnye ntom sɛ nnipa pii dwen saa asɛm yi ho nnɛ? Ɛno nti na wɔde nyansahyɛ mae wɔ atifi hɔ asɛm no mu sɛ bisa saa asɛm yi wɔ nsrahwɛ a edi kan no awiei, a adwene no ne sɛ wubebua bere a wokɔyɛ sankɔhwɛ no.
3 Wubetumi aka sɛ:
◼ “Mikyia wo. Bere a etwa to a yɛkasae no, ma a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan ho asɛm sɔree, na mehyɛɛ bɔ sɛ mɛsan aba abɛka ho nsɛm bi akyerɛ wo. Nnipa pii te nka sɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa a, anka ɔbɛma amanehunu aba awiei. Ebia woate nka saa ara. [Ma ofiewura no mmua.] Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa. [Kenkan 1 Yohane 4:8.] Onyankopɔn wɔ ntease pa nti a wama amanehunu akɔ so de abesi nnɛ no. Wɔkyerɛkyerɛ nea enti a wayɛ saa no biako mu wɔ 2 Petro 3:9. [Kenkan.] Wɔaka nneɛma afoforo nti a ɔyɛ saa no wɔ brochure yi mu.” Afei bue So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa brochure no nkratafa 12-14, na munsusuw asɛm bi a n’ani gye ho ho.
4 Ebia afiewuranom binom ani begye nkyerɛkyerɛmu fefeefe ho, na ebia nsrahwɛ pii ho behia ansa na wɔagye mmuae no atom koraa. Asafo ti no nhoma ahorow a ekura nkratafa 192 a yɛde redi dwuma wɔ February mu no bi kura ti bi a yebetumi agyina so asusuw asɛm no ho pii.
5 Bere a wode nkɔmmɔbɔ no ba awiei no, bisa asɛm foforo na ka kyerɛ ofiewura no sɛ, sɛ wosan ba a, w’ani begye ho sɛ wo ne no besusuw asɛm bi a ɛyɛ anigye ho. Nnipa pii bɛpɛ sɛ wohu nea ɛba obi so wɔ owu mu. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe na wo ne no nkosusuw saa asɛm no ho wɔ bere pa bi mu?
6 Sɛ woma nnyinasosɛm atitiriw abiɛsa tra w’adwenem a, ɛbɛboa. Yɛ fakaa. Ebia ɛnyɛ ofiewura no su sɛ obeyi bere pɔtee bi asi hɔ ama Bible mu nkɔmmɔbɔ. Ma nkɔmmɔbɔ no nyɛ tiawa. Ntra hɔ nkyɛ dodo anaasɛ nka nneɛma pii ho asɛm mfiase no. Wɔ tebea pii mu no, ani begye wo nsrahwɛ ahorow no ho kɛse sɛ woka nsɛm kakraa bi wɔ bere tiaa bi mu a. Da anigye ne adamfofa su adi. Ma ofiewura no nhu sɛ w’ani gye ne ho ankasa.
7 Yɛn botae a edi kan pɛɛ ne sɛ yɛne ofiewura no bɛbɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ. Afei yɛpɛ sɛ yefi ofie Bible adesua a ɛsow aba ase wɔ nhoma a ɛfata, te sɛ Tra Ase Daa nhoma no mu. Sɛ wode boasetɔ hyɛ anigye a edi kan no mu den denam sankɔhwɛ ahorow a etumi mpɔn a woyɛ so a, wubetumi anya saa anigye no.