Yɛ Bible Adesua Ahorow wɔ Tra Ase Daa Nhoma no Mu
1 Ɔbea bi reka Tra Ase Daa nhoma no ho asɛm no, ɔteɛm sɛ: “Bible no ankasa akyi no, mahu sɛ nhoma yi ka nokware na ɛkanyan nnipa sen nhoma biara a makenkan pɛn!” Yɛn nyinaa gye tom sɛ saa nhoma yi yɛ nhoma ahorow a eye sen biara a wɔatintim pɛn sɛ wɔde bɛboa nkurɔfo ma wɔate Bible no ase, ne titiriw no, akanyan wɔn ma wɔabɛyɛ wɔn a wɔde nnamyɛ kamfo Yehowa no mu biako.
2 Wɔ 1982 a ɛne afe a woyii Tra Ase Daa nhoma no adi no mu no, na adawurubɔfo 22,494 yɛ Bible adesua 24,960 wɔ Ghana. Mprempren, adawurubɔfo 37,676 yɛ Bible adesua 58,590. Ɛde besi nnɛ no, wɔatintim Tra Ase Daa nhoma no mfuamfua ɔpepem 62 wɔ kasa horow 115 mu. Nkɛntɛnso a nhoma yi renya wɔ yɛn wiase nyinaa adwuma no so bɛn ara ni!
3 Fa Botae Horow Sisi W’anim: Nkɔso kɛse a aba yi fi Yehowa nhyira ne ɔpɛ a ne nkurɔfo wɔ sɛ wɔde Bible mu nkwagye nkrasɛm no bɛboa nnipa komapafo no. (Rom. 10:13-15; 1 Tim. 2:4) Yehu ntɛmpɛ a mmere no gye ne hia a ehia sɛ yɛde nsiyɛ bɔ Onyankopɔn Ahenni dawuru no.
4 Ɛwom sɛ ahyehyɛde no rekɔ n’anim de, nanso sɛ ankorankoro no, dɛn na yɛreyɛ? So yɛasi yɛn bo sɛ yebenya asuafoyɛ adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa akosi ase? Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ yɛde botae horow sisi yɛn ankasa anim. So yebetumi de nsiyɛ kɛse asan akɔsra anigyefo? Dɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ wubefi Bible adesua foforo ase wɔ March mu?
5 Hena na Obetumi Ayɛ Bible Adesua?: Adawurubɔfo pii a wɔn nsɛm tebea sonsonoe anya anigye a ɛne Bible adesua a wɔyɛ wɔ Tra Ase Daa nhoma no mu. Sɛnea wɔkyerɛw no a asete nyɛ den no ma adesua no yɛ yɛ mmerɛw kɛse, na ɛma adawurubɔfo afoforofo mpo tumi nya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa. Bio nso, yɛn mu pii asua, ma enti yenim emu nsɛm. Ɔdawurubɔfo bi a na ɔnyɛɛ Bible adesua da ansa na ɔde Tra Ase Daa nhoma no redi dwuma no de anisɔ kyerɛwee sɛ: “Mewɔ adesua abiɛsa, na merebefi nea ɛto so anan ase. Merentumi nna mo ase sɛnea ɛsɛ wɔ Bible adesua a moama ne yɛ ayɛ mmerɛw no ho.”
6 Mmofra nso de nnamyɛ renya Bible adesua adwuma no mu kyɛfa kɛse denam Tra Ase Daa nhoma no a wɔde redi dwuma no so. Onua abarimaa bi gyaw nhoma no to ne pon so wɔ sukuu. Eyi abue kwan ma ɔne afoforo abɔ nkɔmmɔ a ɛfata na ɔyɛ Bible adesua pii. Mmofra binom nso afa ɔkwan a ɛyɛ tee no so denam bisa a wobisa awofo a wohyia wɔn wɔ afie afie adwuma no mu no sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔne wɔn mma nyɛ Bible adesua no so. Yɛn mma nsua dodo sɛ wɔbɛka Yehowa bɔhyɛ a ɛfa daa nkwa wɔ paradise asase so ho no ho asɛm.
7 Sɛ́ ebia yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, anigye a ɛsen biara a obi betumi anya wɔ ɔsom adwuma no mu biako ne sɛ ɔbɛyɛ ofie Bible adesua. Enti momma yɛn mu biara mmɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmfa hokwan biara nni dwuma nka yɛn anidaso ho asɛm wɔ baguam. Fa Tra Ase Daa nhoma no boa afoforo ma wonsua sɛnea wobetumi anya yɛn Nyankopɔn Yehowa a wɔkamfo no mu kyɛfa.—Dw. 148:12, 13.