Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma No Ho Anigye A Yebedi Akyi So
1 So ɛnyɛ anigye sɛ yebehu sɛ nnipa mpempem pii agye You Can Live Forever in Paradise on Earth, nhoma foforo no bi dedaw? Adanse nyinaa kyerɛ sɛ saa Bible sua mmoa yi bɛyɛ adwinnade a ɛsom bo sen biara a yɛde bedi dwuma wɔ asɛnka mu bere a anoboaboa no kɔ so no.—Yes. 60:8, 22.
2 Nanso nhoma no a wode bɛma yɛ adeyɛ a edi kan ara kwa. Ɛsɛ sɛ wudi akyi kɔyɛ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua a enya nkɔso. Esiane sɛ wɔasiesie Live Forever nhoma no ama Bible adesua yɛ nti, yebetumi de anigye ne ahotoso ayɛ adwuma yi.
3 Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛsan akɔ nnipa a wɔwɔ anigye no nkyɛn. Ɛwom sɛ ebia wogyee nhoma no de, nanso da biara da asetra mu ɔhaw ne dadwen a ɛde ba betumi ama anigye no asa ntɛm, sɛnea wɔyɛɛ ho nhwɛso wɔ Yesu ogufo ho bɛ no mu mpo no. (Mat. 13:18-23) Ebia ebegye sankɔhwɛ ahorow pii ansa na wo ne nnipa binom afi adesua ase, nanso adawurubɔfo pii nya bi wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu denam ofie Bible adesua a wonnye ho hwee a wɔka sɛ wɔne wɔn bɛyɛ no so.
NYANSAHYƐ AHOROW A EYE
4 Nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi ama anigye wɔ Live Forever nhoma no mu akɔ so abɛyɛ Bible adesua? Wubetumi aka sɛ: “Nhoma yi bua nsemmisa atitiriw a nkurɔfo taa bisa wɔ Onyankopɔn ne Bible ho no pii. Sɛ nhwɛso no, nyamesom pii kyerɛkyerɛ sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ abɔnefo ayayade daa wɔ ogya mu. Dɛn na wugye di wɔ asɛm yi ho? [Ma ommua.] Nnipa anokwafo ho dwiriw wɔn sɛ wohu sɛ Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo, kɔɔ hell! [Monkenkan Asomafo no Nnwuma 2:31 wɔ Engiresi Authorized Version no mu na munsusuw ho.] So wuhu sɛ, sɛ yegye hell ho adwene a atrɛw yi tom a, na ɛsɛ sɛ yegye di sɛ na Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ, Yesu, yɛ ɔbɔnefo. Ɛda adi sɛ ɛno bɛma Onyankopɔn Asɛm no ayɛ atoro. Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia w’ani begye sɛ wubehu Bible mmuae a ɛyɛ nokware wɔ asemmisa ‘Hell Yɛ Beae Bɛn?’ no ho.” (Live Forever kratafa 81) Edu ha a adawurubɔfo binom pɛ sɛ wɔne ofiewura sesa nhoma na wɔde nhoma a wɔahyɛ mmuae no agyirae wom ma no. Bere a moasusuw nkyekyem abiɛsa a edi kan no ho akyi no, twe adwene si nsonsonoe a ɛda wɔn nhoma ne wo de no ntam no so na kyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ so sɛ wobesiesie wɔn ho ne hia a ɛho hia.
5 Ɔkwan foforo betumi ayɛ eyi: “So woasusuw ho pɛn sɛ wobɛtra ase daa? [Ma ommua.] Ɛwom, pii ani rennye adwene a ɛne sɛ wɔbɛyɛ saa no ho esiane amanehunu, nsɛmmɔnedi ne ɔkɔm a ɛrehaw yɛn dedaw no nti.” Bere a wɔdan kɔ nkratafa 11-13 no, wubetumi aka sɛ: “Nanso fa no sɛ wubetumi atra ase daa wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu—so ɛno renyɛ anigye? [Ma ommua.] Nanso, sɛ́ yɛbɛyɛ saa no hwehwɛ biribi wɔ yɛn hɔ. Hyɛ nea nkyekyem 19 ka no nsow. [Kenkan.] Ma menkyerɛ wo sɛnea wɔasiesie nhoma yi na aboa wo ma woayɛ saa.”
6 So wode Live Forever nhoma no biako anaa nea ɛboro saa ama dedaw? Sɛ saa a, hwɛ sɛ wobɛsan akɔsra wɔn na di anigye a woanya no akyi. Akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ nhoma yi afã horow pii a ɛyɛ anigye no bɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubefi ofie Bible adesua a enya nkɔso ase, sɛ wonyɛɛ adesua no bi da mpo a. Srɛ Yehowa na ɔmmoa wo, na afei yɛ wo fam de na fa Bible adesua mmoa foforo fɛfɛ yi di dwuma boa obi foforo nso ma onsua asetra a enni awiei wɔ Paradise wɔ asase so ho anidaso no ho ade.