Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Live Forever Nhoma So
1 Daa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ paradise asase fɛfɛ so! Akyɛde kɛse a efi Yehowa hɔ bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ ne dɔ no ka yɛn ma yɛka anidaso yi ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu denam You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma foforo no so.
2 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebesiesie yɛn ho yiye na yɛaka daa nkwa wɔ paradise wɔ asase so ho asɛm na yɛde nhoma foforo yi ama no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa di kan kenkan ansa. Akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ nsɛm bi a ɛyɛ anigye a wode kɔ asɛnka a wubetumi de aka Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no ho. Hu a yebehu nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin no mu bɛboa yɛn ma yɛahu ti anaa asɛm a yɛde bedi dwuma de akanyan wɔn anigye wɔ Yehowa daa nkwa ho bɔhyɛ no mu. Hwɛ mfonini ahorow a ɛbɛma ofiewura ani agye nokware no ho. Ma eyi ntra w’adwene mu bere a wode nhoma foforo no rema wɔ w’asasesin mu no.
ASƐNKA A WƆAHYƐ HO NYANSA
3 Mfonini ahorow a ɛwɔ ti 19 no ye ma asɛnka. Bere a woakenkan Dwom 37:29 no, wubetumi aka sɛ: “Wugye di sɛ asase so tebea bɛyɛ dɛn sɛ treneefo tra ha daa a? [Ma ofiewura kwan ma ommua.] Mesrɛ wo hwɛ mfonini ahorow ne nsɛm a efi ase fi nhoma foforo yi kratafa 156 no.” Afei sɛ ɔwɔ bere a kyerɛ no Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo mu nneɛma no bi sɛnea wɔayɛ ho nhwɛso wɔ nkratafa 156-158, 161 ne 162 no. Boa ofiewura ma onhu sɛ nsɛm a wɔaka no gyina Kyerɛwsɛm so. Afei ebia wubetumi de Yesaia 55:11 awie, de akyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato bɔhyɛ ahorow yi so. Fa nhoma no ma gye ntoboa ¢20.
4 Ti 1 ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no hyia yiye. Bere a woakyia ofiewura no, wubetumi aka sɛ: “Nea enti a maba wo nkyɛn ne sɛ, me ne wo rebɛkyɛ bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛyɛ asase yi paradise na wama onipa nkwa a enni awiei no. Nnipa pii te nka sɛ, sɛ́ onipa betumi atra ase daa wɔ asase so no yɛ adaeso ara kwa. Wususuw ho dɛn? [Ma ommua.] Nyansahufo kyerɛ sɛ wɔyɛɛ onipa wɔ ɔkwan bi so a ɛsɛ sɛ ɔtra hɔ daa. Saa nnipa yi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nipadua mu nkwaboaa a ebi tumi si ananmu ma ɛsan yɛ foforo no kɔ so daa. [Hwɛ Nokware nhoma, kratafa 28 nkyekyem 3; Engiresi Nyan!, April 22, 1977, nkratafa 3-5 na woanya eyi ho nsɛm pii.] Bible gye ɛno tom na ɛka tra a onipa bɛtra ase daa wɔ paradise asase so ho asɛm pefee wɔ ahotoso mu. Hwɛ nea wɔaka wɔ ha wɔ Dwom 37:29. [Sɛ bere wɔ hɔ a, wubetumi akenkan kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 45:18; Yohane 3:14-16, 36; Adiyisɛm 21:3, 4 nso, na woaka ho asɛm.] Ebia ebinom begye bɔhyɛ yi ho kyim. Nanso, esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ntumi nni atoro nti, ɛsɛ sɛ yegye di. N’asɛm a ɛwɔ Yesaia 55:11 no si so dua. [Kenkan.] So ɛno nyɛ bɔhyɛ a ɛyɛ anigye? [Ma ommua.] M’ani begye sɛ megyaw nhoma foforo a ne din ne You Can Live Forever in Paradise on Earth yi ama wo. Ti 1 kyerɛkyerɛ nea enti a ase a wɔbɛtra daa nyɛ adaeso ara kwa no mu pii. Nhoma no yɛ wo de a ne bo yɛ ¢20.”
5 Sɛ worekasa akyerɛ obi a ɔkyerɛ sɛ onnye Onyankopɔn nni a, wubetumi aka sɛ: “Nea enti a mabɛsra wo nnɛ ne sɛ, me ne wo rebesusuw nsɛm a ɛfa daakye ho ho. So woasusuw ho pɛn sɛ ebia ebetumi ayɛ yiye sɛ onipa bɛtra ase daa? [Ma ommua.] Ebinom mpɛ sɛ wobegye eyi adi efisɛ wɔte nka sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Enti, wobu ase a wɔbɛtra daa sɛ adaeso ara kwa. Nhoma yi ka asɛm bi a ɛyɛ anigye a ɛma wonya wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ mu gyidi ne nea wogyina so gye ne bɔhyɛ ahorow no di. [Bue kratafa 35 na kenkan nkyekyem 3.] Enti, bere a ɔbɔɔ asase ne onipa no, na ɔwɔ atirimpɔw. [Kenkan Dwom 37:29.] Wasi so dua akyerɛ yɛn sɛ n’atirimpɔw no nsakrae. [Kenkan Yesaia 55:11.] M’ani begye sɛ megyaw nhoma foforo yi ama wo a ne bo yɛ ¢20.”
6 Esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn nti, yɛwɔ pii a ɛsɛ sɛ yɛda ho ase. Kyerɛ anisɔ ma ne dɔ ayamye no denam afoforo a wode Live Forever nhoma foforo no bɛboa wɔn no so. Asɛmpa a ɛne ase a wɔbɛtra daa no nyɛ adaeso ara kwa.