Tra Ase Daa Nhoma no a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Sankɔhwɛ Mu
1 Ná ɔsomafo Paulo nim sɛnea ɛho hia sɛ ɔyɛ nsi wɔ wɔn a wɔkyerɛɛ nokware no ho anigye ho dwumadi mu. Ɔde wɔn totoo afifide a ennyinii, a ehia sɛ wogugu so nsu dodɔw ho daa no ho. (1 Kor. 3:6-9) Ɛnnɛ nso, anigyefo hia ɔhwɛ a yɛnam boasetɔ so de ma no, bere a yɛsan kɔsra wɔn sɛ yekodi wɔn honhom mu nkɔso ho dwuma no.
2 Eye sɛ yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ nnipa a yɛkɔ wɔn nkyɛn behia nkae nsɛm mpɛn pii na aboa wɔn ma wɔakae nkɔmmɔ a yɛne wɔn abɔ dedaw no mu nsɛntitiriw. Enti, sankɔhwɛ biara mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde bere tiaa bi san hwɛ nea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ wɔ nsrahwɛ a atwam mu no mu, na yɛde yɛn adwene si nsɛm a ofiewura no ani gyee ho titiriw no so. Ma ofiewura no mfa ne ho nhyɛ nkɔmmɔbɔ no mu, na hu n’anigyede ne n’ahiade ahorow ntɛm ara.
3 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ, sɛ ebia wode “Tra Ase Daa” nhoma no mae anaa dabi no, ebia wobɛpɛ sɛ wofa ɔkwan tẽẽ yi so fi adesua ase:
◼ “Nnipa pii a yɛne wɔn kasa no nam nhoma yi so anya wɔn Bible nsemmisa ho mmuae.” Afei sɛ wubue Tra Ase Daa no fã a wɔahyehyɛ Emu Nsɛm wɔ hɔ no a, wubetumi abisa sɛ: “Asɛmti bɛn na w’ani gye ho yiye?” Bue ti a ofiewura no kyerɛɛ ho anigye no, na kyerɛ no sɛnea kratafa biara ase hɔ nsemmisa no fa nkyekyem a wɔama no nɔma no ho, na ama watumi ate nkyekyem no mu biara mu nsɛntitiriw ase. Ka nsɛm kakraa bi, na hyɛ da yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba.
4 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ni:
◼ “M’ani gyee dapɛn a etwaam no nkɔmmɔbɔ no ho ankasa. Nnipa pii abisa nea enti a yɛkɔ so ba wɔn afie mu no ho asɛm. Misusuw sɛ w’ani begye asɛm a wɔaka wɔ nhoma yi, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So kratafa 29 no ho. [Kenkan nkyekyem 11.] Sɛ yegyina nea yɛakenkan wɔ ha yi so a, dɛn na wobɛka sɛ wɔhwehwɛ sɛ yɛyɛ na yɛn som asɔ Onyankopɔn ani? [Ma ofiewura no mmua, na afei kamfo no.] Yesu nna no mu no, na ebinom wɔ hɔ a wosusuwii sɛ wɔn nyamesom sɔ Onyankopɔn ani. Hyɛ nea wɔka faa wɔn ho wɔ ti yi nkyekyem 2 no nsow.” Kenkan nsɛm a wɔaka wɔ hɔ no, na ka ho asɛm.
5 Sɛ wosan kɔsra obi a womaa no “Tra Ase Daa” nhoma a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Bere a etwa to a mebaa ha no, yɛbɔɔ wiase tebea horow a ehia sɛ wɔsakra no no ho nkɔmmɔ. So woadwen nea enti a Onyankopɔn ma nsɛmmɔnedi ho kwan no ho pɛn?” Ma ommua, na bue kratafa 99, nkyekyem 2, na hyɛ adesua nsemmisa no nsow. Monkenkan nkyekyem yi nsusuw ho, na monkenkan kyerɛw nsɛm no. Wonam nhoma no mu mfonini ahorow a woapaw, sɛ nhwɛso no, nea ɛwɔ nkratafa 78, 84-5, 119, 147, 149-53, ne 156-8 no a wubebue no so betumi atoa nkɔmmɔbɔ no so.
6 Baabi a Yegyaw Kratawa: Ɛtɔ mmere bi a, yegyaw kratawa wɔ nsrahwɛ a edi kan mu. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ ahorow a, wubetumi asusuw kratawa no mu nkyekyem biako anaa abien ne emu kyerɛw nsɛm ho. Afei kyerɛ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm no biako mu kɛse wɔ Tra Ase Daa nhoma no mu. Sɛ onipa no da anigye adi a, ebia wobɛpɛ sɛ wode Tra Ase Daa nhoma no ma no, na woayɛ nhyehyɛe akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
7 Bere a yɛde nokwaredi di Kristofo gyidi mu afifide a ennyinii a yegugu so nsu ho dwuma no, Onyankopɔn bɛma anyin ma ɛde ayeyi ne anuonyam abrɛ n’ankasa.—1 Kor. 3:7.