Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/92 kr. 1
  • Kamfo Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kamfo Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn No
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Creation Nhoma No So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Hyɛ Nneɛma Nyinaa Bɔfo No Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Hwɛ Hu Sɛ Wobɛsan Akɔ
    Yɛn Ahenni Som—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 10/92 kr. 1

Kamfo Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn No

1 Asase ani a ɛyɛ fɛ, owiatɔ a ɛyɛ fɛ, wim a nsoromma ayɛ hɔ ma anadwo, nnomaa nnwom dɛdɛ​—hena na wode nneɛma a ɛyɛ anigye yi ho nkamfo ma no? Yiw, ɛkanyan yɛn ma yɛkamfo ɔbɔadeɛ Nyankopɔn no. Yefi koma nyinaa mu pene asɛm a wɔka wɔ Adiyisɛm 4:11 no so. Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne nneɛma nyinaa bɔfo nti, ɔfata sɛ yɛkamfo no.

2 Wɔ adanse a Onyankopɔn adebɔ nnwuma de ma nyinaa akyi no, nnipa ama adwene a ɛne sɛ nkwa bae ara kwa, anaa adannandi a ntease nnim na ɛde bae no anya nkɔso. Atoro kɛse yi abu nnipa abomfiaa ne wɔn abam, na ɛyɛ abususɛm a ɛde ahohorabɔ ba yɛn Bɔfo Kɛse no so.​—Ɔsɛnk. 12:1; Rom. 1:​20, 25.

3 Sɛ Yehowa nkoa anokwafo no, yɛwɔ hokwan a yɛde bɛda yɛn Bɔfo no ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa ho nokware no adi wɔ October mu. Yɛde nhoma Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? no bɛma nnipa a wɔda nokware anigye adi sɛ wobehu baabi a nkwa fi, ne n’atirimpɔw ho nokware ahorow no nyinaa. Nhoma yi siesie yɛn ma yɛde faako a nkwa fi ho nokware ho anoyi ma akokoduru so.

4 Nsasesin Atitiriw: Afie afie adansedi akyi no, yebetumi abɔ mmɔden titiriw sɛ yɛne nnipa a wɔkyerɛ adannandi anaa adebɔ ho asɛm ho anigye titiriw bi no bɛkasa, na yɛakɔ wɔn nkyɛn wɔ wɔn adwumam anaasɛ sukuu mu. Sɛ nhwɛso no, Adansefo nkumaa atumi de Creation nhoma no ama, bere a wɔde kyerɛɛ wɔn sukuu akyerɛkyerɛfo no. Ɔdansefo abofra bi de Creation nhoma no bi maa ne kyerɛkyerɛfo, na ne ho dwiriw no bere a ohui sɛ na ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no asua nhoma no fefeefe nko, na mmom wafi ase de kyerɛ ade wɔ sukuu nso no. (w90 9/1 kr. 32; w86 10/1 kr. 32) Dɛn nti na wonkɔ w’akyerɛkyerɛfo ne wo yɔnko sukuuni biara a wote nka sɛ n’ani begye nhoma fɛfɛ yi akenkan ho no nkyɛn.

5 Wubetumi abɔ mmmɔden titiriw sɛ wobɛkɔ kɔlege sukuufo ne akyerɛkyerɛfo a wɔte mo asasesin no mu nkyɛn. Nnwumayɛfo te sɛ mmaranimfo ne nnuruyɛfo akyerɛ nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ne nsɛm a wohu wɔ Creation nhoma no mu ho anisɔ. (yb87 kr. 54) Ebia wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn no nso bɛpɛ sɛ wonya nhoma a mfonini fɛfɛ wom yi bi sɛ nea wɔde bɛyɛ nhwehwɛmu.

6 Yefi nyansa mu de Creation nhoma no bɛma obiara a yehyia no a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye no. Bere a mususuw nhoma no mu asɛm biako anaa nea ɛsen saa pɔtee a ɛde nkyerɛkyerɛ ma, na ɛhyɛ Ɔbɔadeɛ no mu gyidi den ho no, mubenya nnipa komapafo a ebia wɔpɛ sɛ wosua pii. Yɛpɛ sɛ yɛde Creation nhoma no ma saafo yi, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛne wɔn yɛ nhyehyɛe kosua mu ade.

7 Ɛmmra sɛ, ɛnyɛ sɛnea ntease nni adannandi ɔkyerɛkyerɛ no mu no nko na adwinnade fɛfɛ yi bɛboa nnipa pii ma wɔahu, na mmom ɛbɛboa wɔn nso ma wɔanya nkwa akyɛde no ho anisɔ. Nhoma yi bɛkanyan wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛtra ase daa de ahyɛ Nkwamafo ne nea “Ɔyɛɛ ɔsoro ne asase” no anuonyam.​—Dw. 146:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena