Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/92 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma October

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma October
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 5
  • Dapɛn a Efi Ase October 12
  • Dapɛn a Efi Ase October 19
  • Dapɛn a Efi Ase October 26
Yɛn Ahenni Som—1992
km 10/92 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma October

Dapɛn a Efi Ase October 5

Dwom 84

15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a ɛfata. Munsusuw asɛm “So Yebetumi Ama Wɔasan Anya Anigye?” no ho, na yɛ sɛnea wobetumi ayɛ nsrahwɛ a ɛte saa ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

15 min: “Kamfo Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn No.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Di kan yɛ nhyehyɛe ma mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa nka nhoma ahorow a wɔabɔ din wɔ nkyekyem 4 no mu osuahu ahorow nkyerɛ, na ɔdawurubɔfo foforo betumi aka osuahu a ɛwɔ nkyekyem 5 no. Si sɛnea ehia sɛ wɔde nhumu di dwuma bere a wɔde nhoma a ɛsom bo yi rema no so dua.

15 min: “Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛkanyan Anigye.” Wo ne atiefo nsusuw sɛnea mubedi nyansahyɛ ahorow no so wɔ mo asasesin no mu ho. Yɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien anaa abiɛsa a ntease wom, a wɔasiesie no yiye.

Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 12

Dwom 79

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Kamfo asafo no wɔ mmoa a wofi ayamye mu de ma wɔ mo asafo no ahiade ahorow, ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma nso ho no ho. Ma wɔnka Creation nhoma no a wɔde ama ho osuahu ahorow a wɔasiesie nkyerɛ sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So.” Ɔpanyin ma nkyekyem 1-11 ho ɔkasa. Ma wonhu nea enti ɛnsɛ sɛ wobu pene a wɔpene so sɛ wɔbɛma oduruyɛfo asa wɔn ba yare wɔ tebea horow a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 5-7 mu no ho adwene no sɛ nsɛm a wogyae mu siesie.

15 min: “Hwɛ Hu sɛ Wobɛsan Akɔ.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Yɛ nkyekyem 6 mu asɛm a moasusuw ho no ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye. Si sɛnea ehia sɛ wɔsan kɔ anigyefo a wɔadi kan ahyia wɔn dedaw wɔ ɔsram no mu so dua.

Dwom 10 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 19

Dwom 125

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka mo hɔnom asɛnka mu osuahu tiawa bi, anaa nsɛm a wobetumi abɔ ho nkɔmmɔ dapɛn yi wɔ asɛnka mu.

15 min: “Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So.” Nkyekyem 12-28 ho asemmisa-ne-mmuae ho nkɔmmɔbɔ. Fa adwene si nsemmisa a epue wɔ nkyekyem 12 ne 20 ho mmuae so. Si so dua sɛ ahosiesie a awofo bedi kan ayɛ na wɔn ba anya ayaresabea ayaresa no taa ma wotumi kwati mogya a wɔde bɛma.

15 min: “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No a Yebesua.” Nsemmisa ne mmuae. Kanyan nhoma yi mu adesua a ebefi ase wɔ November 30 dapɛn no mu ho anigye.

10 min: Asafo no Dwumadi a Wɔbɛsan Ahwehwɛ Mu. Ɔhwɛfo guamtrani ne ɔsom adwuma sohwɛfo de Congregation Analysis Report (S-10) a wɔde manaa Asafo ti September no anim akontaa nkyerɛwee di dwuma de susuw afe a etwaam no mu asafo no dwumadi ho. Monkamfo adawurubɔfo ne akwampaefo wɔ wɔn mmɔdenbɔ a ɛne wɔn ho a wɔde bɔɔ afɔre wɔ ɔsom mu, ne nokwaredi a wɔde baa nhyiam horow no ho. Monhyɛ da nka nea mobɔɔ mmɔden yiye wom ho asɛm. Sɛ mfe a atwam no nkontaabu wɔ mo nneɛma mu a, mubetumi de atoto emu dwumadi ho. Afei nso, monka mmeae a mubetumi anya nkɔso wɔ 1993 ɔsom afe no mu ho asɛm.

Dwom 43 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 26

Dwom 51

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Kyerɛ nsɛmma nhoma a mowɔ a mode bɛma wɔ asɛnka mu, na fa asɛm biako anaa abien a wɔbɛbɔ ho nkɔmmɔ a ɛbɛkanyan mo hɔfo ho nyansahyɛ ma. Yɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo ama denam Kyerɛwnsɛm mu asɛm a wɔbɛka akyerɛ, te sɛ nea wɔde aba asɛm no mu wɔ kratafa a etwa to no atifi no mu biako so yɛ ɔyɛkyerɛ. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔmfa wɔn ankasa Onipa a Ɔsen Biara nhoma mmra dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam.

15 min: “Biakoyɛ Mu a Yebekura Sɛ Kristofo a Wonni Afã Biara.” Asemmisa-ne-mmuae a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma wɔde susuw asɛm no ho. Si sɛnea ehia sɛ wokura abrabɔ a ɛho tew mu, na wɔde nnam yɛ asɛnka adwuma pii so dua. Boa anuanom ma wonhu sɛnea ehia sɛ wɔde anifere bua afã biara a yenni ho nsemmisa.

15 min: Fa Nsɛmma Nhoma Di Dwuma wɔ November Mu. Ɔkasa tiawa bi a esi sɛnea Nyan! ne Ɔwɛn-Aban no som bo so dua. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo kenkan nea aba foforo no ntɛm ara na ama wɔde anigye akasa bere a wɔrekamfo akyerɛ afoforo no. Wobetumi aka ne kra ho asɛm wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu bere biara a ɛfata no. Tebea horow bi mu no, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛka ne kra ho asɛm wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo betumi de nsɛmma nhoma ama, na wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan de nea edi hɔ no abrɛ no, ma enti odi kan nya obi a obefi ase akɔma no bi daa ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 48 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena