Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam
1 So yɛte nka sɛ odwontofo no bere a ɔkaa eyi no: “[O Yehowa], . . . wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ”? (Dw. 36:5, 9) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo ma wɔakyerɛ anisɔ ama Yehowa sɛ yɛn Bɔfo na wɔahyɛ no anuonyam? Ɛdenam Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a yɛde bɛma wɔ June mu no so. Eyi yɛ nhoma a ɛda nsow ankasa efisɛ ɛde adanse a emu yɛ den ma sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɛkyerɛ nea enti a adannandi ntumi nyɛ nokware no pefee. Ɛma wɔde ho to Bible no so nso sɛ Onyankopɔn Asɛm. Nokwarem no, yɛpɛ sɛ obiara hu sɛnea adebɔ na ɛnyɛ adannandi hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.
2 Asɛm a wɔka kyerɛ tẽẽ tiawa bi ni.
Bere a woakyia ofiewura no awie no, fa kratafa 6 hɔ mfonini kyerɛ no na bisa sɛ:
◼ “Ɛyɛɛ dɛn na nkwa baa asase yi so? Ebinom ka sɛ ne nyinaa bae ara kwa. Bible no ka sɛ Onyankopɔn na ɔmaa ne nyinaa bae. Wususuw ho dɛn? [Gyina ma ommua.] Nhoma yi de mmuae a ɛne Bible ne nyansahu mu nokwasɛm ahorow hyia pɛpɛɛpɛ ma. Mepɛ sɛ mede eyi ma wo sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi ahwehwɛ adanse no nyinaa mu na w’ankasa woasi gyinae.”
3 Anaasɛ, bere a woada wo ho adi awiei no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔ nnɛyi nyansahu wiase yi mu, so ɛyɛ papa sɛ yebegye adebɔ adi anaasɛ wususuw sɛ yɛbaa ha mpofirim ara kwa? [Gyina ma ommua.] Hwɛ nea Bible no ka wɔ asɛm yi ho. [Kenkan Hebrifo 3:4.] So worennye ntom sɛ ɔdansifo na osi ɔdan biara? Ɛnde, so amansan yi ankasa betumi aba ara kwa?” Fa Creation nhoma no kratafa 114 hɔnom mfonini no kyerɛ no, na afei twe adwene si nea wɔaka wɔ nkyekyem 2 wɔ kratafa 115 no so. Bere a wode nhoma no ama awie no, ka kyerɛ no sɛ da foforo a wobɛba no mubesusuw asemmisa a ɛne, Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma onipa ne asase no ho?
4 Anaasɛ bere a woakyia ofiewura no awie no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wususuw sɛ na yɛn nananom a wodi kan no te dɛn? [Gyina ma ommua.] So na wɔte sɛ ‘kontromfi-onipa’ yi? [Bue Creation nhoma no kratafa 83.] Hyɛ nea Bible no ka wɔ Asomafo no Nnwuma 17:26 no nsow. [Kenkan.] Ɛnde, ‘kontromfi-onipa’ no mfonini ahorow no gyina dɛn so?” Twe adwene si kratafa 89 hɔnom mfonini no ase asɛm no so. Ka kyerɛ ofiewura no sɛ obetumi anya nhoma no a ɔbɛkenkan no mu mfaso na woahu asemmisa yi ho mmuae.
5 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so ne sɛ wode “Creation” nhoma no akyi bɛkyerɛ na woaka sɛ:
◼ “Ɛnnɛ yɛrebisa yɛn mpɔtam hafo sɛ, So adannandi so na onipa nam baa ha anaa ɔnam adebɔ so? Wususuw ho dɛn? [Gyina ma ommua.] Ɛwom sɛ nhomanimfo akɛse pii gye adannandi tom sɛ nokwasɛm de, nanso nhomanimfo akɛse afoforo nnye nni. Hwɛ nea obi a na kan ɔyɛ ahunmu kwantufo bi kae. [Twe adwene si nsɛm a ɛwɔ nkratafa 122-3 no so.] Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hwehwɛ adanse no mu na ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yegye di—adannandi anaasɛ adebɔ.” Bisa asɛm bi a wubetumi abua wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ no mu ansa na woafi hɔ akɔ.
6 So wopɛ sɛ woboa afoforo ma wohu yɛn Bɔfo no ne n’atirimpɔw a ɔdɔ wom ma n’abɔde no ho nokwasɛm a ɛyɛ anigye no? Creation nhoma no betumi aboa wo ma woayɛ saa. Ɛhyɛ yɛn Bɔfo Kunini, Amansan Hene Yehowa no anuonyam denam ne nnwuma a ɛkamfo kyerɛ na ɛma wohu n’atirimpɔw a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ ɔbɛtew ne din ho na wahyira adesamma denam Kristo Ahenni no so no so.