Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/92 kr. 8
  • Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛkanyan Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛkanyan Anigye
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Gyidi a Yɛbɛma Wɔanya wɔ Adesamma Bɔfo No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Creation Nhoma No So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Bible no so Mfaso wɔ Nnɛyi Wiase Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 10/92 kr. 8

Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Ɛkanyan Anigye

1 Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ho anigye kɛse bere nyinaa. Kyerɛ a yɛbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ nsɛm ho no kyerɛ sɛ yebu wɔn adwenkyerɛ. Asɛm no a yɛda no adi ne nsɛm a yebisa betumi akanyan wɔn adwene, na ama wɔanya ɔpɛ sɛ wobesua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ma adesamma ho ade pii.

2 October mu no, yɛbɛtwe adwene asi nokware a ɛfa adebɔ ho no so bere a yɛde Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no ma no. W’ankasa gye bere kenkan nhoma yi, na paw nsɛm pɔtee bi a wubesi so dua. Sɛ morebɔ Creation nhoma no mu nsɛm ho nkɔmmɔ a, bue mu na fa ma ofiewura no. Twe adwene si nsɛmti ne mfonini ahorow pɔtee bi so. Fa anigye kyerɛ bo a nhoma a emu yɛ dɛ yi som.

3 Bere a wode anigye ada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ:

◼ “Wɔ nnɛyi nyansahu wiase yi mu no, so ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn bi a ɔbɔɔ yɛne asase fɛfɛ a yɛte so yi wɔ hɔ? [Ma ommua.] Sɛ yesusuw asase no ne amansan mũ no nyinaa kɛse ne emu anwonwade ahorow ho a, yɛn ani sɔ nneɛma a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ wom ne sɛnea wɔyɛɛ no no. So eyi nni adanse sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ? Hwɛ nea Bible no ka wɔ asɛm yi ho. [Monkenkan Hebrifo 3:4.] Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ obi a ɔkyerɛ sɛnea wosi ɔdan ne ɔdansifo na wosi ɔdan biara. [Yi Creation nhoma no na bue mfonini a ɛwɔ kratafa 114 no.] Yɛn amansan no kanyan ehu! So wususuw sɛ anka ɛno ankasa betumi aba ara kwa?” Afei bue kratafa 122, na monkenkan watch mfonini ase hɔ nsɛm no. Wubetumi de kratafa 127 mfonini no ne kyerɛwsɛm mu nsɛm a ɛwɔ hɔ no nso adi dwuma. Wubetumi anya nsɛm afoforo a ɛboa wɔ Reasoning nhoma no nkratafa 84-8.

4 Anaasɛ wubetumi aka sɛ:

◼ “Wususuw sɛ dɛn na ehia na adesamma anya nokware asomdwoe ne anigye wɔ asase yi so? [Ma ommua.] Bible no se ɛsɛ sɛ yesuro Onyankopɔn na yegye no tom sɛ ɔsoro ne asase Bɔfo.” Monkenkan Adiyisɛm 14:7, na afei bue Creation nhoma no nkratafa 140 ne 141, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monkenkan nkyekyem 24 ne 25, faako a ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔyɛɛ asase no sɛ nnipa ntra so no. Sɛ ofiewura no anigye kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ motoa nkɔmmɔbɔ no so a, bue ti 19 na kyerɛkyerɛ sɛnea ɛrenkyɛ na asase so paradise bi aba no mu.

5 Sɛ ofiewura no nnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Nnipa pii te nka saa ara, ne titiriw esiane wiase no mu amanehunu nyinaa no nti. Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔma amanehunu ho kwan? So wubetumi anya nkyerɛkyerɛmu bi a ntease wom?” Wubetumi agyina mmuae ko a ɔbɛma no so atoa so denam Creation nhoma no ti 16 a wode bedi dwuma de atoa nkɔmmɔbɔ no so no so. Anaa, sɛ wamfa anigye kɛse antie a, wubetumi asi September 15, 1992 Ɔwɛn-Aban no mu asɛm, “Dɛn Nti na Nnipa Pa Hu Amane?” no mu asɛm biako anaa abien pɔtee bi so dua. Wubetumi anya mmoa foforo a ebua asemmisa yi wɔ Reasoning nhoma no nkratafa, 399-400. Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛbɛfata sɛ wugyaw kratawa, Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So ma no.

6 Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛkanyan anigye wɔ Ahenni nkrasɛm no ho nko, na mmom sɛ́ yebefi Bible adesua ase nso. Hwɛ anigye ara a yɛwɔ sɛ yɛanya nhoma yi a mfonini fɛfɛ wom, a ɛkyerɛkyerɛ adebɔ ho nokware mu, na ɛhyɛ yɛn Bɔfo Kɛse no anuonyam! Ɛmmra sɛ yɛde bedi dwuma yiye de akanyan nnipa komapafo a yehyia wɔn wɔ October mu no anigye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena