Hwɛ Hu Sɛ Wobɛsan Akɔ
1 “Mfe abien ne akyi ni, makenkan [Creation nhoma no] mpɛn anan, na m’ani kɔ so sɔ adesua a emu dɔ, nyansa, ne nsɛm a wɔbɔre hui a wogyinaa so yɛɛ nhoma no. Mesrɛ sɛ monkɔ so ntintim nhoma no. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ wiase no nya nhoma yi bi. Sɛ etumi ba saa a, faako a yefi ho anwiinwii ne adwene a atu afra ne gyidi a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ no to betwa ntɛm.” Mmaranimfo bi a onyin reyɛ ama wagyae adwuma na ɔkyerɛw asɛm yi a wɔabɔ ho amanneɛ wɔ April, 22, 1992 Awake! kratafa 32 no.
2 Bere a wodi nhoma yi ho adanse pa no, so ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔpɛ sɛ yebefi koma nyinaa mu aboa ma yɛde Creation nhoma no ama anigyefo pii sɛnea yebetumi? Ɛnde ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ ahorow de akanyan nhoma titiriw yi ho anigye daa.
3 Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛasua adannandifo nkyerɛkyerɛ pii no ho ade akɔ akyiri. Nanso, ɛno ho nhia na yɛanya adanse a tumi wom ama nnipa komapafo de akyerɛ sɛ adannandi ɔkyerɛkyerɛ no yɛ ɔkwan foforo a Satan nam so sɛe adesamma Bɔfo Yehowa Nyankopɔn no din. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛsan akɔ hɔ, a wusuro sɛ ebia worentumi mmuae nsɛm bi ɛho animdefo na wonim a afiewuranom binom betumi abisa no nti. Nhoma no ankasa de asɛm biara a ɛka ho adanse pii ma.
4 Afei nso, nsɛm a ɛsom bo wom fi ti 16 kosi ti 20 a ɛka Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ nnyinaso a ɛfa faako a adesamma fi, Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi ne onipa, ne nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ adesamma paw nnɛ ho no ho asɛm. Enti nsɛm a eye pii wom a yɛde bɛyɛ sankɔhwɛ ahorow.
5 Sɛ wote nka sɛ wotwentwɛn wo nan ase ɔkwan bi so sɛ wobɛsan akɔ wɔn a wode nhoma no bi maa wɔn no mu binom nkyɛn a, ebia wubetumi de asafo no muni bi a ne ho akokwaw kɛse, anaa onim adannandi ɔkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii aka wo ho akɔ. Onii no betumi ayɛ onua bi a ɔkɔ sukuu a ahia sɛ ɔde bere bi sua asɛm yi ho ade, ma enti onim mprempren adannandi ɔkyerɛkyerɛ ho nsɛm pii. Ɔkwan foforo so no, ebia na obi wɔ mo asafo no mu a bere bi na ogye adannandi di, nanso wasua Bible no mu nokware no fi saa bere no, na mprempren obetumi aboa yiye ma moakyerɛ sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no yɛ atoro.
6 Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛtwe adwene asi Creation nhoma no ti 19 so, na gyina Bible no mu daakye ho anidaso no so yɛ wo sankɔhwɛ no. Saa ti no kura nsɛm pii a wubetumi de ahyɛ obi nkuran ma wasusuw Bible mu bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no ho. Ebia wubetumi de ɔfã a efi ase wɔ kratafa 236 wɔ asɛmti ketewa “The Earth Transformed” ase no adi dwuma, na wode “An End to Poverty” ne “No More Sickness, No More Death” a ɛwɔ nkratafa 238-9 no atoa so.
7 Nhoma fɛfɛ yi aboa nnipa pii ma wɔahu nkwa kwan no. Yebetumi akɔ so aboa afoforo ara denam hyɛ a yɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan nea Creation nhoma no ka fa nkwa ne sɛnea ɛbaa ha ho, na wɔasusuw ho no so.