Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/92 kr. 1
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ahorow Di Dwuma Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛmma Nhoma Ahorow Di Dwuma Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Kɔ So Nya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Bere Biara
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 11/92 kr. 1

Fa Nsɛmma Nhoma Ahorow Di Dwuma Yiye

1 Sɛ wokɔ baabi a wɔtɔn nsɛmma nhoma ahorow a, wuhu nsɛmma nhoma ahorow bebree a ɛka biribiara ho asɛm, fi mfonini a wɔde yi aseresɛm so kosi mfiridwuma ho nyansahu so. Worentumi nkenkan ne nyinaa da. Ɛwom sɛ nsɛm a mfaso wɔ so wɔ nsɛmma nhoma ahorow bi mu de, nanso nea ɛwɔ pii mu no mfata. Emu pii mu nsɛm nye na ɛsɛ sɛ wɔkwati.

2 Hwɛ abirabɔ ara a ɛwom bere a wɔde toto Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho no! Wɔde nsɛmma nhoma ahorow yi hwehwɛ nokware a wobetumi de agye nnipa a wɔyɛ Onyankopɔn dɔ ho biribi nyinaa nkwa, na wɔde bɔ no dawuru.

3 Yebetumi de Nyan! no bi ama nnipa ahorow nyinaa ma ayɛ yiye, efisɛ ɛdɔɔso na ɛka nneɛma ahorow pii ho asɛm. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ebiara a ɛba no kratafa 4 no, ‘ɛma abusua mũ no nyinaa adwenem bue.’ Ɛka nneɛma ahorow pii, a nnipa, nyamesom ne nyansahu ka ho ho asɛm. Ɛhwehwɛ nsɛm mu kɔ akyiri na ɛda nea nsɛm a esisi nnɛ kyerɛ ankasa adi. Nea ɛsen biara no, ‘ɛma wonya Ɔbɔadeɛ no nhyehyɛe foforo a asomdwoe ne ahobammɔ wom ho bɔhyɛ no mu awerɛhyem.’

4 October 8 Awake! ka asɛmti “You Can Overcome Negative Emotions” (Wubetumi Adi Nkate Horow a Ɛmfata So) ho asɛm. Nkate horow a ɛte sɛɛ asɛe nnipa pii asetra. Nsɛmma nhoma yi a yɛde bɛma denam adwene a yɛbɛtwe asi emu Bible afotu a ɛma awerɛkyekye so no betumi ama wɔatie. Ɛdefa October 22 de no ho no, ɛsɛ sɛ yetumi ma wotie yɛn denam adwene a yɛbɛtwe asi awerɛkyekye nsɛm a ɛwɔ nsɛm a ɛtoatoa so, “A New World That Satisfies All” (Wiase Foforo a Ɛma Nnipa Nyinaa Nya Akomatɔyam) mu no so. Sɛ wunni October nsɛmma nhoma ahorow no bi a, fa September de di dwuma.

5 Ɔwɛn-Aban no ada no adi pefee sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni ne Paradise nhyira horow a ɛde bɛba no ho dawurubɔfo a agye din wɔ wiase nyinaa. October 1 de no bebua asemmisa a ɛpɛɛpɛɛ nneɛma mu a ɛne “So Adesamma Hia Mesia Bi Ampa?” Eyi bɛma yɛanya hokwan fɛfɛ de aka yɛn Ahenni anidaso no akyerɛ. “Abusua Asetra Nnɛ​—Emu Ɔhaw no Ano a Wogyina” ho nsɛm a ɛwɔ October 15 de no mu no bɛboa yɛn ma yɛne mmusua mufo a wɔpɛ sɛ wonya asetra mu nhyɛso ahorow mu ahotɔ no afi nkɔmmɔbɔ ahorow ase.

6 Yɛpɛ sɛ anigyefo komapafo nya nsɛmma nhoma ahorow a ɛsom bo yi bi daa. Sɛ morebɔ nsɛmma nhoma ahorow no so mfaso pii no ho nkɔmmɔ a, bɔ mmɔden hwɛ sɛ ebia onipa no ani gye ho ampa. Sɛ wunya onigyefo bi nea edi kan a, wubetumi asi gyinae sɛ woankasa de nsɛmma nhoma ahorow no kakra bɛkɔ akɔma no sɛ nsɛmma nhoma ahorow a wɔde ma afoforo daa no fã, na wonam saayɛ so adi anigye no ho dwuma. Kyerɛ no sɛ wobɛma wɔde nsɛmma nhoma ahorow no afa post office abrɛ no sɛ nea wakra. Sɛ onipa no pene so a, wubetumi ahyehyɛ kratasin a wɔde kra no.

7 Yebetumi akamfo yɛn nsɛmma nhoma ahorow no akyerɛ obiara, efisɛ yenim bo a ɛsom. Yɛwɔ biribi pa, na afoforo a yɛne wɔn bɛkyɛ no kyerɛ sɛ yesuasua Kristo.​—Mmeb. 3:27; Heb. 13:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena