Kɔ So Nya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! So Mfaso
Mprempren a yɛregyae Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no kra no, ebehia sɛ yɛbɔ mmɔden hwɛ hu sɛ nea ɛba biara mu biako pɛ mpo rempa yɛne wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no ti so.
Nea Yɛn Ankasa Begye: Sɛ nea w’ankasa kra no sa a, ma wɔmfa bi nka nea wugye wɔ baabi a mugye nsɛmma nhoma no ho. Ɛsɛ sɛ awofo kra nsɛmma nhoma dodow a ɛfata na ama abusua no muni biara anya n’ankasa de. Wo din a wobɛkyerɛw agu w’ankasa wo de so no remma wo werɛ mfi wo ho na woamfa amma wɔ asɛnka mu. Sɛ mo nsa ka nsɛmma nhoma a wɔde brɛ mo no a, anuanom a wɔhwɛ so no de nea aba no mu biara bɛba Ahenni Asa so ntɛm ara.
Nsɛmma Nhoma a Yɛde Bɛma Nkurɔfo Daa: Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔde nsɛmma nhoma bɛma anigyefo a wɔpɛ sɛ wonya ebiara a ɛba no bi no daa. Nsɛmma nhoma a w’ankasa wode bɛkɔ akɔma saafo no bɛma woanya hokwan adi anigye a wɔda no adi no ho dwuma na woafi Bible adesua ase.—Hwɛ October 1998 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8.
Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko: Sɛ obi da nokware anigye adi nanso ɔte asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu a, yebetumi ama ne nsa aka nsɛmma nhoma no bi denam ebi a yɛbɛma wɔakra no so. Sɛ wuntumi nkɔma obi a ɔte mo asafo no asasesin mu nsɛmma nhoma daa nanso n’ani gye ho ankasa sɛ ne nsa bɛka bi a, wo ne Asafo Ɔsom Boayikuw no nsusuw ho. Sɛ wɔpene so a, wubetumi ama onigyeni no akra nsɛmma nhoma no bi. Wubetumi de nkratasin (M-I ne M-101) a wɔde kra nsɛmma nhoma no ayɛ saa.
Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira mmɔden a yɛbɔ nyinaa sɛ yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no bɛbɔ Ahenni no dawuru no so.