Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
1 Sɛ wokɔ baabi a wɔtɔn atesɛm nkrataa a, dɛn na wuhu? Nsɛmma Nhoma. Dɛn na w’ani bɔ so wɔ kwankyɛn aguadidan bi mu? Nsɛmma Nhoma. Enti, dɛn na nnipa bebree kenkan? Nsɛmma Nhoma. Nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ da no adi sɛ mmofra a wɔadi fi mfe 10 kosi 18 no mu 10 biara mu 9, ne mpanyimfo a wɔn dodow te saa ara, kenkan anyɛ yiye koraa no, nsɛmma nhoma biako ɔsram biara. Wiase no ani gye nsɛmma nhoma ho.
2 Yebetumi ama nnipa komapafo ani agye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho? Yiw, sɛ YƐN ani gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho a. Dɛn na ebetumi aboa yɛn? Susuw saa nyansahyɛ ahorow yi ho:
◼ Kenkan Nsɛmma Nhoma No: Ɔhwɛfo kwantufo biako bɔɔ amanneɛ sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo a wɔwɔ ne mansin no mu 3 biara mu 1 pɛ na ɛkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛba no fi ti kosi ti. Woyɛ saa? Sɛ wokenkan emu asɛm biara a, bisa wo ho sɛ, ‘Hena na n’ani begye saa asɛm yi ho—ɛna bi, obi a ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ, oguadini, abofra?’ Hyɛ asɛm biako anaa abien a wubetumi aka akyerɛ bere a wode nsɛmma nhoma no rema nsow wɔ w’ankasa de mu. Afei susuw sɛnea wubetumi de ɔkasamu biako anaa abien pɛ akanyan asɛm no ho anigye.
◼ Nya Nsɛmma Nhoma Dodow Pɔtee a Wogye: Ma onua a ɔhwɛ nsɛmma nhoma so no nhu nsɛmma nhoma biara dodow pɔtee a wopɛ sɛ wugye. Saa kwan yi so no, wo ne w’abusua benya nsɛmma nhoma a ɛbɛso mo bere nyinaa.
◼ Yɛ Nsɛmma Nhoma Da a Wɔyɛ no Daa Ho Nhyehyɛe: Asafo ahorow pii ahyɛ da atu da bi asi hɔ ama nsɛmma nhoma adansedi titiriw. Wubetumi aboa asafo no Nsɛmma Nhoma Da no? Sɛ ɛnte saa a, bɔ mmɔden sɛ bere ne bere mu no, wode bere a wode yɛ ɔsom adwuma no bi bɛyɛ nsɛmma nhoma adansedi wɔ mmɔnten so, na fa nsɛmma nhoma mema wɔ afie afie ne wɔn a woma wɔn bi daa.
◼ Ma W’ani Nnye “Ɔwɛn-Aban” ne “Nyan!” Ho: Sɛ woretu kwan anaasɛ worekodi gua a, fa nsɛmma nhoma no bi kɔ. Fa ma bere a wo ne mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, mfɛfo sukuufo, anaa akyerɛkyerɛfo kasa no. Awarefo bi a wɔtaa de wimhyɛn tutu akwan de nsɛmma nhoma a aba foforo biako mu asɛm ne wimhyɛn no muni a ɔte bɛn wɔn no fi nkɔmmɔbɔ ase. Wɔanya osuahu bebree a ɛyɛ anigye. Mmofra bi de nsɛmma nhoma a wosusuw sɛ wɔn akyerɛkyerɛfo ne wɔn mfɛfo sukuufo ani begye ho kɔ sukuu daa. Sɛ worekodi nneɛma bi ho dwuma a, fa bi kɔ, na fa ma aguadifo no bere a woadi wo nneɛma ho dwuma awiei no. Yɛn mu bebree tɔ pɛtro daa; dɛn nti na yɛmma nea ɔtɔn pɛtro no nsɛmma nhoma? Ma ɛmmɛn wo, bere a abusuafo bɛsra wo, bere a woforo bɔs anaa keteke, anaasɛ bere a woretwɛn obi no. Wubetumi asusuw mmere foforo a ɛfata ho?
◼ Siesie Asɛm a Wɔka Kyerɛ De Ma Nsɛmma Nhoma Tiawa: Yɛ w’adwene sɛ wobɛkasa kakraa bi, nanso ka no yiye. Ka no anigye so. Du ne koma mu. Ka biribi pɔtee ho asɛm. Fa nsɛmma nhoma no mu asɛm biako ka ho asɛm tiawa, na fa ma. Ɔkwan a wɔfa so de ma a eye sen biara ne sɛ wubebisa asɛm bi a nkurɔfo ani gye ho, na afei woadan adwene akɔ asɛm bi a ɛde Kyerɛwnsɛm mu mmuae ma so. Susuw sɛnea wubetumi ayɛ eyi ho nhwɛso kakraa bi ho:
3 Sɛ woreka asɛm bi a ɛfa nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim ho a, wubetumi abisa sɛ:
◼ “Dɛn na ɛbɛma yɛatumi ada anadwo a yensuro nsɛmmɔnedi?” Ebia ofiewura no bɛda nneɛma a ɛbɛyɛ yiye ho adwenem naayɛ bi adi. Wubetumi abua sɛ nnipa bebree te nka saa ara, na fa ka ho sɛ wowɔ nsɛm bi a wugye di sɛ n’ani begye ho. Afei dan kɔ asɛm no mu ɔfa bi a ɛfata so.
4 Sɛ wode asɛm bi a ɛfa abusua asetra ho rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Nnipa bebree hu sɛ ɛyɛ den ankasa sɛ wobenya wɔn asetrade na wɔatete wɔn mmusua nnansa yi. Wɔakyerɛw asɛm no ho nhoma bebree, nanso abenfo no mpo adwene nhyia wɔ yɛn haw ahorow no ano aduru ho. So baabi wɔ hɔ a yebetumi akɔ akonya akwankyerɛ a edi mũ?” Afei twe adwene si nsɛmma nhoma no mu asɛm pɔtee bi a ɛda nyansa a ɛwɔ Bible mu adi so.
5 Wubetumi afa saa kwan yi so bere a woreka asetram haw bi ho asɛm:
◼ “Nnipa bebree wɔ ɔhyɛ ase nnɛ. Onyankopɔn ampɛ da sɛ yɛbɛtra ase wɔ saa kwan yi so.” Afei kyerɛ sɛnea asɛm a egyina Bible so a ɛwom no betumi aboa yɛn ma yɛagyina asetram haw ahorow ano seesei, na ama ano aduru a ɛbɛtra hɔ daa daakye ho anidaso.
6 Na ntoboa nso ɛ? Sɛ nkurɔfo bisa nea enti a yɛmfa nsɛmma nhoma mma kwa a, wubetumi aka sɛ: “Ɛwom sɛ wɔn a wɔatu wɔn ho ama na wɔyɛ yɛn nhoma no de, nanso ntoboa kakra a woyi no boa ma wotua ho ka no bi.”
7 Mmɔnten so Adansedi Tu Mpɔn: Ɛyɛ January 1940 Informant (Yɛn Ahenni Som) mu na wɔhyɛɛ adawurubɔfo nkuran nea edi kan sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe ntu da titiriw bi nsi hɔ dapɛn biara mfa nsɛmma nhoma nyɛ mmɔnten so adansedi adwuma. Woyɛ mmɔnten so adansedi bere ne bere mu? Sɛ woyɛ a, ɔkwan a wofa so no tu mpɔn ankasa? Wɔahu sɛ adawurubɔfo bi gyinagyina ɔkwan bi a adagyew nni so nkyɛn a wɔredi nkɔmmɔ bere a nnipa pii twam a wonhu wɔn. Sɛ́ anka mo nyinaa begyina faako akurakura nsɛmma nhoma no, ɛyɛ nea etu mpɔn kɛse sɛ mobɛtetew mo ntam na moahyia nkurɔfo. Sɛ onipa biako pɛ hyia obi a onnim no a, ebia obegyina kakra na watie, nanso nnipa kakraa bi na wobefi wɔn pɛ mu abɛn nnipakuw bi a wɔn ani abere redi nkɔmmɔ. Esiane sɛ nkurɔfo pii adwene ba yɛn so wɔ mmɔnten so nti, ɛho hia kɛse sɛ yesiesie yɛn ho yiye hyɛ ntade a ɛfata Onyankopɔn asomfo.—1 Tim. 2:9, 10.
8 Wɔn a Yɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa: Wɔn a wɔwɔ nkurɔfo a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa no ma nsɛmma nhoma bebree, ɛwom mpo sɛ wɔyɛ nsasesin no mu adwuma bere nyinaa de. Nkurɔfo a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa a yebenya no yɛ ɔkwampa a ɛma yenya ofie Bible adesua ahorow.
9 Sɛ woyɛ sankɔhwɛ daa de nsɛmma nhoma kɔma a, wubehu sɛ anigye ne ayɔnkofa a ɛwɔ wo ne ofiewura no ntam mu bɛyɛ den. Dodow a muhu mo ho yiye no, dodow no ara na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wo ne no bɛbɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm ho nkɔmmɔ. Eyi betumi ama moafi ofie Bible adesua a ɛsow aba ase. Bɔ mmɔden sɛ wobɛka nsɛmma nhoma kra ho asɛm wɔ sankɔhwɛ biara a wobɛyɛ mu. Na kae sɛ, bere biara a wobɛto ofiewura no, wubetumi abu ho akontaa sɛ sankɔhwɛ.
10 Na onuawa bi de nsɛmma nhoma kɔma ɔbea bi a na ogye bi daa, nanso ɔkae sɛ: “Minnye nea woka kyerɛ me no nni.” Bere bi a onuawa no san kɔsraa no no, ɔkɔtoo ne kunu wɔ fie. Bere a ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ wɔ adamfofa kwan so akyi no, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobefi Bible adesua ase. Onuawa no faa wɔn mmabarima baasa a wɔbɛkaa adesua no ho nnamfo. Awiei koraa no, ɛna no ne ne mmabarima no hyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa ma wɔbɔɔ wɔn asu. Ɛde besi nnɛ no, abusua no mufo 35 na wɔagye nokware no. Nea ɛde eyi nyinaa bae ne kɔ a onuawa no kɔɔ so kɔsraa obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa no!
11 Akwan pii wɔ hɔ a yɛbɛfa so anya wɔn a yɛde nsɛmma nhoma bɛma wɔn daa. Wubetumi afi bi ase denam nkurɔfo a woma wɔn nsɛmma nhoma a wobɛyɛ ho kyerɛwtohɔ na woayɛ nhyehyɛe asan de nea aba foforo akɔma wɔn adapɛn abien biara no so. Ɔkwan biako ne sɛ wode nsɛm a ɛwɔ asɛmti “Nea Ɛbɛba no Mu Nsɛm” ase no bedi dwuma. Sɛ wosan kɔ a, ka kyerɛ ofiewura no sɛ wo nsa aka asɛm a wokaa ho asɛm kyerɛɛ no bere bi no. Anaasɛ, sɛ woreyɛ sankɔhwɛ no a, wubetumi aka sɛ: “Bere a mekenkanee saa asɛm yi no, misusuwii sɛ w’ani begye ho . . .” Afei ka mu asɛm kakra na fa ma. Sɛ wuwie nsrahwɛ no a, hyɛ nneɛma nketewa anum yi nsow wɔ w’afie afie kyerɛwtohɔ kratasin no so: (1) ofiewura no din, (2) n’address, (3) da a wokɔsraa no, (4) nsɛmma nhoma ko a wode maa no, ne (5) emu asɛm a wokaa ho asɛm. Adawurubɔfo binom atumi anya nnipa pii a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa anya bɛyɛ 40 anaa nea ɛboro saa wɔ wɔn kratasin so!
12 Mmeae a Wodi Gua: Adawurubɔfo a wɔyɛ adwuma wɔ mmea a wodi gua no ma nsɛmma nhoma bebree. Woasɔ aguadidan ahorow mu adwumayɛ ahwɛ pɛn? Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔ asafo ahorow bi mu no, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no fã yi mu no sua koraa. Mfiase no, ebinom suro sɛ wɔbɛkɔ aguadifo nkyɛn, nanso sɛ wɔsɔ hwɛ kakra a, wohu sɛ ɛyɛ anigye, na mfaso wɔ so. Dɛn nti na wummisa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw anaa ɔkwampaefo bi ma ɔmmoa wo mma wumfi ase?
13 Mfaso pii wɔ adwuma a wɔyɛ fi aguadidan biako mu kɔ foforo mu no mu. Anyɛ yiye koraa no, nnipa kakraa bi na wɔnto wɔn wɔ nnɔnhwerew a wɔde tɔn nneɛma no! Aguadifo taa kyerɛ obu, sɛ wɔn ani nnye Bible no ho papa mpo a. Fi ase ntɛm; ɛda adi sɛ wobegye wo fɛw so. Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ wontaa nto aguadifo wɔ fie, enti wode bere tiaa bi resrasra wɔn wɔ wɔn adwuma mu de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo abrɛ wɔn. Ka kyerɛ no sɛ aguadifo bebree ani gye yɛn nsɛmma nhoma no ho efisɛ wɔpɛ sɛ wohu nsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase wɔ ne bere mu, nanso wonnya bere pii mfa nkenkan ade. Nsɛmma nhoma no de nsɛm a ɛma wosusuw nneɛma ho wɔ ɔkwan foforo so koraa ma a ɛmfa nyamesom, amammuisɛm, anaa aguadi nkutoo ho. Ebia wubetumi ne anigyefo a wubenya wɔn wɔ mmeae a wodi gua ayɛ nhyehyɛe ama wɔn nsɛmma nhoma daa.
14 Munsiesie Mo Ho Sɛ Abusua: Mubetumi de bere bi asi hɔ wɔ bere a moreyɛ mo abusua adesua no de asusuw nsɛmma nhoma a aba foforo no mu nsɛm a ɛbɛyɛ papa sɛ mode bɛyɛ adwuma wɔ mo asasesin no mu ho. Abusuafo—a mmofra no ka ho—betumi abobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ no so ahwɛ mmiako mmiako na wɔahwɛ sɛnea wobedi nsɛm a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano so, te sɛ: “Minni adagyew,” “Yɛn ankasa yɛwɔ yɛn som,” anaa “M’ani nnye ho.” Sɛ obiara boa wɔ ɔkwampa so a ebetumi ama ayɛ yiye sɛ abusua mũ no nyinaa benya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa daa.
15 Nhoma Adesua So Ahwɛfo Betumi Aboa: Bere biara a ebetumi ayɛ yiye no, monyɛ Nsɛmma Nhoma Da ho asɛnka nhyiam horow wɔ mmeae a moyɛ nhoma adesua mmom sen sɛ mobɛma asafo mũ no nyinaa ahyiam wɔ Ahenni Asa so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwɛ asɛnka nhyiam horow so no siesie wɔn ho yiye na wɔde nyansahyɛ pɔtee bi ma ekuw no. Nea ebetumi aka eyinom ho ne sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ma ho ɔyɛkyerɛ, ne asɛm biako anaa abien a efi nea aba foforo mu a wobetumi de akanyan ɛhɔfo anigye a wɔbɛka akyerɛ. Ɛsɛ sɛ asɛnka nhyiam horow no—a kuw no mufo kyekyɛ ka ho—yɛ tiawa, a ɛmmoro simma 10 kosi 15. Ɛsɛ sɛ adesua so ahwɛfo hwɛ hu sɛ wɔwɔ asasesin a ɛbɛso wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a kuw no mufo benya adwuma ayɛ wɔ asɛnka bere no nyinaa mu.
16 Kyerɛ Nsɛmma Nhoma no Ho Anisɔ: Asɛm “Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a Yɛde Bedi Dwuma Yiye” a wotintimii wɔ August 1993 Yɛn Ahenni Som mu no kaa asɛm a ɛho hia yi: ‘Sɛ yɛamfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no amma wɔ ɔsram biako anaa abien ntam wɔ bere a wotintim no akyi mpo a, na ɛnkyerɛ sɛ mfaso nni so bio. Bere mma hia a emu nsɛm ho hia no so ntew. Nsɛmma nhoma dedaw a yɛboaboa ano gu hɔ a yɛmfa nni dwuma da no kyerɛ sɛ yɛn ani nsɔ nnwinnade a ɛsom bo yi. Sɛ́ anka yebeyi dedaw no agu baabi na yɛn werɛ afi no, ɛrenyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mmɔden yiye de amema anigyefo?’
17 Nnipa komapafo bebree na wɔrehwehwɛ nokware no nnɛ. Ebetumi aba sɛ nsɛmma nhoma no biako mu nsɛm ne nea wohia na ama wɔahu nokware no! Yehowa ama yɛn asɛm a ɛyɛ anigye sɛ yɛnka, na yɛn nsɛmma nhoma no di dwuma titiriw wɔ asɛm no a yɛde bedu afoforo nkyɛn no mu. W’ani begye nsɛmma nhoma no kyekyɛ ho kɛse daakye? Wode nyansahyɛ ahorow yi bi bedi dwuma dapɛn yi ara awiei? Sɛ woyɛ saa a wubenya nhyira kɛse.
Nyansahyɛ Ahorow a Mfaso Wɔ So:
◼ Di kan kenkan nsɛmma nhoma no, na hu emu nsɛm no.
◼ Paw asɛm bi a ɛka biribi a wo mpɔtam hɔfo bebree ani gye ho.
◼ Siesie asɛm a wɔka kyerɛ a ɛbɛfata nnipa ahorow te sɛ, mmarima, mmea, anaa mmofra. Kyerɛ sɛnea nsɛmma nhoma no fa ofiewura no ho, ne sɛnea abusua mũ no nyinaa ani begye ho.
◼ Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ asɛnka wɔ bere a nnipa dodow no ara wɔ fie. Asafo ahorow bi yɛ anwummere anwummere nsɛmma nhoma adansedi ho nhyehyɛe.
◼ Ma asɛm a woka kyerɛ no nyɛ tiawa na ɛnyɛ tee.
◼ Nkasa ntɛmntɛm pii. Sɛ nea ɔretie wo no ani nnye ho a, kasa a wobɛkasa ntɛmntɛm no remmoa. Bɔ mmɔden sɛ womma wo ho mpopo, na ma ofiewura no nka bi.
Nsɛmma Nhoma a Yɛde Bɛma Wɔ Afie Afie:
◼ Serew wɔ adamfofa kwan so na fa ɛnne a ɛda ayamye adi kasa.
◼ Kyerɛ nsɛmma nhoma no ho anigye.
◼ Kasa brɛoo na ma emu nna hɔ.
◼ Ka ade biako pɛ ho asɛm; kanyan ho anigye tiawa, na kyerɛ ofiewura no ɛso mfaso.
◼ Ka emu asɛm biako pɛ ho asɛm.
◼ Ka nsɛmma nhoma biako pɛ ho asɛm, na fa foforo no ka ho ma.
◼ Fa nsɛmma nhoma no hyɛ ofiewura no nsam.
◼ Ma ofiewura no nhu sɛ wobɛsan aba.
◼ Sɛ wɔannye nsɛmma nhoma no a, fa nkɔmmɔbɔ no bra awiei adamfofa so wɔ ɔkwampa so.
◼ Kyerɛw anigyefo din ne nea wogyei nyinaa wɔ afie afie kyerɛwtohɔ no so.
Hokwan Ahorow a Yebetumi Anya De Nsɛmma Nhoma Ama:
◼ Afie afie adansedi
◼ Mmɔnten so adansedi
◼ Aguadidan ahorow mu adwumayɛ
◼ Wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa a yɛbɛsan akɔsra wɔn
◼ Anwummere anwummere adansedi
◼ Bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ
◼ Bere a yɛkɔsra kan Bible asuafo
◼ Bere a yɛretu kwan, yɛredi gua
◼ Bere a yɛne abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, mfɛfo sukuufo, ne akyerɛkyerɛfo kasa
◼ Wɔ bɔs anaa keteke mu, wɔ adan a wɔtwɛn mu