Nsɛmma Nhoma Ka Ahenni no Ho Asɛm
1 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, wɔde nsi a yɛde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no nim yɛn yiye. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a yɛkyekyɛ no di dwuma titiriw wɔ nnipa ɔpepem pii a yɛboa wɔn ma wosua Onyankopɔn atirimpɔw ade no mu. Nokwarem no, emu nsɛm no yɛ nsɛmpa, efisɛ ɛka Onyankopɔn soro Ahenni ho asɛm sɛ adesamma anidaso koro pɛ.
2 Nsɛmma nhoma no di nkurɔfo ahiade ankasa ho dwuma—nkate fam, asetram, ne honhom fam. Bere a abrabɔ ne abusua gyinapɛn ahorow resɛe wɔ baabiara no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! boa nkurɔfo ma wotu mpɔn wɔ wɔn asetra mu denam kyerɛ a ɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma no so. Yɛn ani begye sɛ yɛbɛma wɔakra nsɛmma nhoma wɔ April ne May mu.
3 Nkurɔfo Ani Gye Ho Ankasa: Ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no wɔ wiase kasa ahorow nyinaa mu. Esiane eyi nti, wonim yɛn nsɛmma nhoma no yiye. Nneɛma bi a enti nkurɔfo ani gye ho ni:
◼ Sɛ́ nsɛmma nhoma a ɛka nokware no, ɛma papa ne bɔne mu nsonsonoe da adi pefee.
◼ Ɛma wonya paradise a trenee te mu a ɛreba ho anidaso a egyina Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde asase bɛhyɛ N’ahenni nniso ase no so.
◼ Ɛka nsɛm pii a ɛyɛ ne bere mu de a nkurɔfo a wofi mmusua ne aman ahorow nyinaa mu ani gye ho no ho asɛm.
◼ Emu nsɛm mu da hɔ, ɛde nkyerɛkyerɛ ma, ɛyɛ nokware, ɛnna nkurɔfo ho adwemmɔne adi na ennyae nneɛma mu nsiesie.
◼ Emu mfonini a ɛyɛ fɛ no ma wɔkyerɛ ho anigye ntɛm, na emu nkyerɛwee a wohu no yiye no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkenkan.
4 Kyekyɛ Pii: Nsɛmma nhoma kyekyɛ a etu mpɔn no gyina nsi a yɛde besiesie yɛn nsɛm a yɛka kyerɛ, yɛn bere nhyehyɛe, ne yɛn asɛnka nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ so kɛse. Wɔde nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so mae wɔ September 1995 ne October 1996 Yɛn Ahenni Som no mu, na ɛbɛyɛ papa sɛ yebetĩ mu de adi dwuma.
5 Hu Nsɛmma Nhoma no mu Nsɛm: Bere a wokenkan nea ɛba biara no, susuw obi a n’ani begye ho sɛ obenya bi ho. Hwehwɛ nsɛm pɔtee anaa kyerɛw nsɛm a wubetumi afa aka asɛm wɔ asɛm a wobɛka akyerɛ no mu. Susuw asɛmmisa a wubetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase de akanyan asɛm no ho anigye ho.
6 Ma Asɛm no Mfa Onipa no Ho: Siesie asɛm a wɔka kyerɛ tiawa a ɛnyɛ den a wubetumi asakra mu ma afata ɔbarima, ɔbea, ne ɔpanyin anaa abofra, sɛ́ ɔyɛ ɔmannifo anaa ɔhɔho no.
7 Taa Kyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan!: Esiane sɛ nsɛmma nhoma no tumi kɔ bag, sika kotoku, anaa atade kotoku mu nti, yebetumi de bi aka yɛn ho bere a yɛretu kwan anaa yɛrekodi gua no. Sɛ wo ne abusuafo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, anaa akyerɛkyerɛfo rekasa a, fa bi ma wɔn. Yi da bi si hɔ dapɛn biara fa yɛ nsɛmma nhoma adansedi.
8 Kyerɛ Nsɛmma Nhoma no Ho Anisɔ: Ɛsom bo daa. Ne bere a etwam no mmrɛ hia a emu nsɛm hia no ase. Nokwarem no, sɛ yɛbɔ mmɔden titiriw sɛ yɛde nsɛmma nhoma a yɛn nsa ka no nyinaa bɛma a, ɛho nhia sɛ nea akyɛ no ano bɛboa ayɛ pii wɔ yɛn nhomakorabea.
9 Mmɔnten So Adansedi Tu Mpɔn: Eyi yɛ akwampa a yɛfa so de nsɛmma nhoma no ma nnipa pii no biako. Adawurubɔfo bi gyina akwan a nnipa fa so kɛse nkyɛn yɛ adwuma wɔ aguadi nna mu.
10 Asasesin a Nnwuma Wom Sow Aba: Sɛ yɛredi adanse wɔ sotɔɔ ahorow mu a, ɛyɛ a yɛnto nnipa bi. Adwumayɛfo dodow no ara bu ade, na wɔn mu pii de anigye gye nsɛmma nhoma no. Fa nsɛm a ɛfata adwuma pɔtee ko a worekɔ mu no kyerɛ.
11 Nnipa Pɔtee Bi a Yɛbɛma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa Betumi Asow Aba: Esiane sɛ wotintim nsɛmma nhoma no ɔsram fã biara nti, ɛfata koraa sɛ yɛbɛsan akɔ wɔn a wɔkenkan no nkyɛn de nea aba foforo no akɔma wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛsra wɔn daa a ɛnyɛ sɛ nsɛmma nhoma nko na yɛde rekɔma wɔn, na mmom sɛ́ yɛbɛkanyan onipa no anigye wɔ Bible no mu. Nnipa pɔtee bi a yɛbɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no tumi boa kɛse ma yefi Bible adesua ase.
12 Yɛ Pii Wɔ April ne May Mu: Nnipa ɔpepem pii a wofi komam kenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no anya mu ahotoso. Etumi ka Ahenni no ho asɛm araa ma enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛde bi bɛka yɛn ho, na yɛde hokwan biara a yebenya ma wɔkra bi. Ɛmmra sɛ April ne May asram no bɛyɛ asram a ɛda nsow wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu!