Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/98 kr. 1
  • Yehowa Honhom Ka Yɛn Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Honhom Ka Yɛn Ho
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Sɛnea Onyankopɔn Honhom Betumi Anya Wo So Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 5/98 kr. 1

Yehowa Honhom Ka Yɛn Ho

1 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛwɔ adwuma kɛse yɛ. Yesu kae sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” (Marko 13:10) Sɛ yɛhwɛ no nnipa fam a, ɛte sɛ nea eyi rentumi nyɛ yiye, nanso ɛnte saa. Yɛwɔ amansan yi mu tumi a ɛsen biara taa yɛn akyi—Onyankopɔn honhom.—Mat. 19:26.

2 Afeha a Edi Kan no Mu Adanse: Bere a Yesu de Yesaia nkɔmhyɛ reka n’ankasa ho asɛm no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] honhom wɔ me so . . . sɛ memmɛka asɛmpa.” (Luka 4:17, 18) Ansa na ɔreforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ honhom kronkron bɛma wɔn ahoɔden saa ara de adi adanse “akɔpem asase ano nohɔ.” Ɛno akyi no, honhom kronkron no maa Filipo kɔkaa asɛm no kyerɛɛ Etiopiani piani bi, honhom no somaa Petro kɔɔ Roma asraafo ha so panyin bi hɔ, na ɛmaa Paulo ne Barnaba kɔkaa asɛm no wɔ Amanaman mu. Hena na na osusuw sɛ nkurɔfo a wofi mmeae a ɛte saa begye nokware no? Nanso wogyei.—Aso. 1:8; 8:29-38; 10:19, 20, 44-48; 13:2-4, 46-48.

3 Nnɛyi Adanse: Adiyisɛm nhoma no si so dua sɛ honhom kronkron no ho wɔ nnɛyi asɛnka adwuma no mu denam eyi a ɛka so: “Honhom no ne ayeforo no se: Bra! . . . Na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adi. 22:17) Honhom no akanyan Kristo ayeforo kuw no ne wɔn ahokafo “nguan foforo” no ma wɔaka asɛm no akyerɛ nnipa nyinaa. (Yoh. 10:16) Ɛsɛ sɛ yɛda akokoduru adi wɔ yɛn asɛnka mu, a yɛntwentwɛn yɛn nan ase da sɛ yɛbɛkɔ nnipa ahorow nyinaa nkyɛn, na ɛsɛ sɛ yenya ahotoso daa sɛ Onyankopɔn honhom bɛboa yɛn. 1998 Yearbook no de adanse a edi mũ ma sɛ Onyankopɔn honhom no da so ara ka n’asomfo ho. Hwɛ nea afi mu aba no! Wɔ ɔsom mfe abien a atwam mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔɔ nnipa bɛboro 1,000 asu da biara.

4 Nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn honhom bɛkɔ so aka yɛn ho bere a yɛka Ahenni ho asɛm no akosi baabi a Yehowa pɛ no. Ɛsɛ sɛ saa nimdeɛ yi hyɛ yɛn nkuran, na ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so de yɛn ho hyɛ Ahenni adwuma a ɛho hia sen biara no mu denneennen.—1 Tim. 4:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena