Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/15 kr. 5-6
  • Sɛnea Onyankopɔn Honhom Betumi Anya Wo So Tumi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Onyankopɔn Honhom Betumi Anya Wo So Tumi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Kronkron no ne Asɛnka Adwuma No
  • Asubɔ ne Honhom Kronkron No
  • Honhom Kronkron no wɔ W’asetra Mu
  • Onyankopɔn Honhom ne Wo
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Honhom Kronkron No A Yebehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/15 kr. 5-6

Sɛnea Onyankopɔn Honhom Betumi Anya Wo So Tumi

“MFIASE no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase yɛ sakasaka ne hunu, na esum wɔ ebun no ani, na Onyankopɔn Honhom nenam nsu no ani.” (Genesis 1:1, 2, Revised Standard Version) Kyerɛwnsɛm mu asɛm yi si ɔkwan titiriw bi a obiara a ɔte ase no nam so anya honhom kronkron no so mfaso so dua. Saa honhom no yɛɛ adwuma wɔ adebɔ mu, na ne dwumadi nti, asase no dan ofie a ɛyɛ fɛ maa adesamma.

Nanso nnipa betumi anya honhom kronkron no so mfaso pii. Abebusɛm bi a efi honhom mu se: “Monnan mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo, mɛma moahu me nsɛm.” (Mmebusɛm 1:23) Yɛn bere yi mu no, Onyankopɔn “nsɛm” a wɔaboaboa ano wɔ Kyerɛw Kronkron a mmarima a ‘honhom kronkron de wɔn kɔe no’ na wɔkyerɛwee no mu. (2 Petro 1:21; Marko 12:36; 2 Timoteo 3:16) Bere biara a obi a odwo kenkan Bible no, onya honhom kronkron no so mfaso.

Honhom Kronkron no ne Asɛnka Adwuma No

Sɛ Yehowa Ɔdansefo bi ba wo fie sɛ ɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa a, honhom kronkron no betumi anya w’asetra so tumi wɔ ɔkwan foforo so. Yɛyɛ dɛn hu? Bere a Yesu Kristo fii ase kaa asɛmpa no, ɔkaa nsɛm a odiyifo Yesaia kae no de faa ne ho sɛ: “[Yehowa] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa menkyerɛ ahiafo, memmɛka [Yehowa] anisɔ afirihyia.” (Luka 4:18, 19; Yesaia 61:1, 2) Yiw, wɔde honhom kronkron sraa Yesu sɛ ɔnka asɛmpa no nkyerɛ.

Afei nso, Yesu ka siei sɛ asɛmpa no ka bɛkɔ so wɔ ne wu akyi. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Bere tiaa bi ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔde ahyɛde yi maa n’akyidifo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Enti, Kristo sorokɔ akyi no, n’asuafo toaa asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a honhom de ahyɛ wɔn nsa no so. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa nnɛ de suasua saa asuafo a wodi kan no.

Asubɔ ne Honhom Kronkron No

Yesu kae sɛ sɛ obi gye asɛmpa no di a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no asu wɔ “Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” Enti honhom kronkron san nya asuafo afoforofo so tumi. Nea asɛm ‘wɔ din mu’ kyerɛ ankasa ne sɛ “denam ne tumi so” anaasɛ “ne dibea a wohu.”a Enti, asubɔ wɔ Agya no din mu kyerɛ sɛ yebegye Onyankopɔn tumidi atom wɔ yɛn asetra mu a yɛrennye ho kyim. Asubɔ wɔ Ɔba no din mu kyerɛ sɛ yebegye Yesu atom sɛ Ogyefo, Nhwɛsofo, ne Ɔhene. Na asubɔ wɔ honhom kronkron no din mu kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto honhom no so na yɛabrɛ yɛn ase ahyɛ ne tumi ase.b

Honhom Kronkron no wɔ W’asetra Mu

Awerɛhosɛm ne sɛ nsisi, abrabɔ bɔne, basabasayɛ, ne amumɔyɛ a yehu wɔ “Kristofo” nsase so da nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu pii ko tia honhom kronkron no ankasa adi. Nanso wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ase no nya nhyira pii. Ade biako ne sɛ wobu nea wɔkenkan wɔ Bible a wɔde honhom kronkron kaa nnipa ma wɔkyerɛwee no mu aniberesɛm, na wɔde di dwuma wɔ wɔn asetra mu. Enti, wɔwɔ nyansa, nhumu, atɛmpa, wɔn ani atew, wɔwɔ nimdeɛ ne adwempa. (Mmebusɛm 1:1-4) Eyinom yɛ nneɛma a ɛsom bo wɔ yɛn mmere a ɔhaw wom yi mu.

Honhom kronkron no boa saafo no nso ma wodi ɔhaw ahorow a emu yɛ den so. Tete no, Onyankopɔn kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛnea wobetumi ayɛ adwuma a ɛyɛ den yiye awie. Yehowa kae sɛ ɛnyɛ “tumi so, ɛnyɛ ahoɔden so, na [ne] honhom so.” (Sakaria 4:6) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn ne ne honhom no ase a, wɔbɛboa yɛn nso ma yɛatumi ayɛ nnwuma a ɛyɛ den, na yɛadi akwanside ahorow a anka ɛbɛyɛ den dodo ama yɛn no so.​—Mateo 6:33; Filipifo 4:13.

Bio nso, Onyankopɔn honhom boa yɛn ma yenya ahofadi a wiase no nni. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn honhom ase no de wɔn ho fi atoro som, gyidi hunu, daakye ho hu, ne nneɛma afoforo pii a ɛde nnipa yɛ nkoa no mu. Onyankopɔn honhom yɛ tumi a ɛma wɔyɛ adepa ampa! Etumi sakra nnipa mpo. Bible no ka eyi ho asɛm bere a ɛka asɛm yi no: “Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.” (Galatifo 5:22, 23) Sɛ obiara brɛ ne ho ase ma Onyankopɔn honhom no a, anka hwɛ sɛnea wiase yi bɛyɛ soronko!

Sɛ nnipakuw no, Kristofo nso kura ‘asomdwoe hama honhom biakoyɛ mu.’ (Efesofo 4:3) Biakoyɛ ne asomdwoe yɛ su a ɛho yɛ na nnɛ. Nanso ɛwɔ faako a Onyankopɔn honhom yɛ adwuma. Nokwarem no, wɔ Yehowa Adansefo mu no, honhom kronkron no biakoyɛ hama no aka nnipa a wofi mmusua, ɔkasa ne aman horow nyinaa mu abom sɛ “anuanom.”​—1 Petro 2:17.

Onyankopɔn Honhom ne Wo

So wuhu mfaso a ɛwɔ nyansa a Onyankopɔn de ma ne nokware ahofadi a wubenya no so? So ɛrenyɛ anigye sɛ wubenya ɔsoro mmoa de adi ɔhaw ahorow ho dwuma na woanya ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi? Ɛnde brɛ wo ho ase hyɛ Onyankopɔn honhom kronkron tumi ase? Nanso ɔkwan bɛn so na obi betumi ayɛ saa?

Ma Onyankopɔn Asɛm, Bible, nnya w’adwene ne wo koma so tumi. Wo ne wɔn a wɔma honhom kronkron no nya wɔn asetra so tumi no mmɔ fekuw. Yɛ nhyehyɛe mprempren sua ɔsoro apɛde na yɛ. Ɛnde, “anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, honhom kronkron ahoɔden mu.”​—Romafo 15:13.

[Ase hɔ nsɛm]

a Fa toto Engiresi asɛm “mmara no din mu” no ho. Hwɛ Mateo 10:41 nso, faako a Yesu de nsɛm “odiyifo din mu” ne “onipa trenee din mu” dii dwuma no.

b Hwɛ ɔkasa a Petro ma kyerɛɛ Yudafo no wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu, bere a ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ne honhom kronkron no adwuma afã horow pii mu wɔ gyidifo a wɔabɔ wɔn asu asetra mu no mu no. Ne kasa no akyi no, wɔbɔɔ nnipa 3,000 asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu.​—Asomafo no Nnwuma 2:14-42

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena