Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/15 kr. 3-4
  • Honhom Kronkron No A Yebehu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Honhom Kronkron No A Yebehu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛwnsɛm No ne Honhom Kronkron No
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Onyankopɔn Honhom Betumi Anya Wo So Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ Tumi
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/15 kr. 3-4

Honhom Kronkron No A Yebehu

SO WUNIM sɛ honhom kronkron no nya yɛn mu biara asetra so tumi? Na so na wunim sɛ ebetumi ama nkɔso kɛse aba w’asetra mu? Ebia eyi bɛyɛ wo nwonwa. Nokwarem no, ebia wubebisa sɛ: ‘Hena anaasɛ dɛn ne honhom kronkron no?’

Sɛ woyɛ Kristoman asɔre ahorow no biako muni a, ebia woate sɛ ɔsɔfo bi bɔ akokoaa bi asu “wɔ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron no din mu.” (Mateo 28:19, New English Bible) Sɛ wobisa asɔfo pii sɛ wɔnkyerɛ dekode a honhom kronkron no yɛ a, wobua ntɛm ara sɛ: ‘Honhom kronkron no ne Baasakoro no mu onipa a ɔto so abiɛsa, ɔne Onyankopɔn a ɔne Agya no, ne Awurade Yesu Kristo yɛ pɛ wɔ akwan nyinaa so.’

Nanso, na wonni ntease yi wɔ Yɛn Bere yi mu mfeha kakra a edi kan no mu. Nhwɛso bi ni: Bɛyɛ mfeha abiɛsa wɔ Yesu asomafo no wu akyi no, Gregory a ofi Nazianzus kyerɛwee sɛ: “Ebinom susuw sɛ [honhom kronkron no] yɛ tumi (energeia) bi, ebinom susuw sɛ ɛyɛ abɔde bi, ebinom susuw sɛ ɛyɛ Onyankopɔn, ebinom ntumi nhu eyinom mu nea honhom kronkron no yɛ.”

Ɛnnɛ, Kristoman mu asɔre pii gye adwene a Baasakorofo kura wɔ honhom kronkron no ho tom. Nanso, so saa na Bible no kyerɛ? Anaa ɛyɛ adwenkyerɛ kɛkɛ a egyina atetesɛm so? Nokwarem no, Bible no nka honhom kronkron no ho asɛm te sɛ nea ɛka Onyankopɔn ne Yesu ho asɛm no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Bible mu no, honhom kronkron no nni din a wɔde frɛ no.

So ɛno yɛ asɛm a ɛho nhia? Dabi, din yɛ ade a ɛho hia wɔ Bible no mu. Onyankopɔn sii sɛnea n’ankasa din ho hia so dua bere a ɔka eyi no, sɛ: “Mene [Yehowa], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi, na m’ayeyi nso, meremfa mma ahoni.” (Yesaia 42:8) Wosii sɛnea Yesu Kristo din ho hia no so dua ansa na wɔrewo no, bere a ɔbɔfo bi kaa eyi kyerɛɛ Maria no: “Na woato ne din Yesu.” (Luka 1:31) Sɛ Agya no ne Ɔba no din ho hia saa a, dɛn nti na honhom kronkron no nni din a wɔde frɛ no? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ asɛm yi nkutoo ma obi bisa sɛ ebia honhom no ne Agya no ne Ɔba no yɛ pɛ ampa anaa.

Kyerɛwnsɛm No ne Honhom Kronkron No

Wɔka “honhom kronkron” no ne “me [Nyankopɔn] honhom” ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no anaasɛ “Apam Dedaw” no mu. (Dwom 51:11; Yoel 2:28, 29) Yɛkenkan sɛ honhom kronkron no betumi ahyɛ obi ma, aba ne so, na asi no so. (Exodus 31:3; Atemmufo 3:10; 6:34) Wobetumi ayi Onyankopɔn honhom kronkron no bi afi obi so de akɔma obi foforo. (Numeri 11:17, 25) Honhom kronkron no betumi aba obi so, na atumi ama wayɛ nneɛma a nnipa ntumi nyɛ.​—Atemmufo 14:6; 1 Samuel 10:6.

Dɛn na yebetumi agyina nsɛm a ɛtete sɛɛ yi so aka? Nokwarem no, honhom kronkron no nyɛ onipa. Wɔbɛyɛ dɛn atumi afa obi fã bi de akɔma obi foforo? Bio nso, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ bere a na Yesu wɔ asase no, Yudafo anokwafo no buu honhom kronkron no sɛ onipa a ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Ɛda adi sɛ wɔansom honhom kronkron no. Mmom no, wɔsom Yehowa nkutoo, Nea Yesu ankasa frɛɛ no “m’Agya” ne “me Nyankopɔn” no.​—Yohane 20:17.

Bible no fã a wɔfrɛ no Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no, anaasɛ “Apam Foforo” no ka sɛ honhom kronkron no betumi ‘ahyɛ’ obi ma anaasɛ ‘atra ne so,’ te sɛ nea wose wɔfrɛ no Apam Dedaw no ka no. (Asomafo no Nnwuma 2:4; Luka 2:25-27) Wɔde honhom kronkron ‘mae,’ ‘wohwie gui,’ ‘wɔkyekyɛe.’ (Luka 11:13; Asomafo no Nnwuma 10:45; Hebrifo 2:4) Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, asuafo no nyaa Onyankopɔn honhom “no bi.” (Asomafo no Nnwuma 2:17) Kyerɛwnsɛm no ka honhom kronkron a wɔde bɔ asu na wɔde sra nso ho asɛm.​—Mateo 3:11; Asomafo no Nnwuma 1:5; 10:38.

Bible mu nsɛm a ɛtete sɛɛ no kyerɛ sɛ honhom kronkron no nyɛ onipa. Wosi adwene yi so dua bere a yehu sɛ wɔka honhom kronkron no ho asɛm ka nneɛma afoforo a ɛnyɛ onipa ho no. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka sɛ na “gyidi ne honhom kronkron ayɛ” Stefano “ma.” (Asomafo no Nnwuma 6:5) Na ɔsomafo Paulo kamfoo ne ho kyerɛe sɛ Onyankopɔn somfo wɔ “ahotew mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamye mu, honhom kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu” mu.​—2 Korintofo 6:4-6.

Ɛwom, ɛtɔ da bi a, Bible no ka honhom kronkron no ho asɛm sɛ onipa. Sɛ nhwɛso no, Yesaia kae bere bi sɛ atuatewfo bi ‘hyɛɛ Onyankopɔn honhom kronkron no yaw.’ (Yesia 63:10) Paulo kae sɛ wobetumi ‘ahow ne werɛ.’ (Efesofo 4:30) Na kyerɛw nsɛm dodow bi ka sɛ honhom kronkron no kyerɛkyerɛ, ɛkyerɛ kwan, ɛkasa, na edi adanse. (Yohane 14:26; 16:13, 14; 1 Yohane 5:7, 8) Nanso, Bible no nso ka nneɛma afoforo a enni nkwa, te sɛ nyansa, owu, ne bɔne, ho asɛm sɛ onipa. (Mmebusɛm 1:20; Romafo 5:17, 21) Eyi yɛ kwan a emu da hɔ a ɛtɔ mmere bi a, Kyerɛwnsɛm no fa so da nsɛm adi.

Ɛnnɛ, yɛka Bible no ho asɛm saa ara, bere a yɛka sɛ ɛka biribi anaasɛ ɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bi no. Sɛ yɛka nsɛm a ɛtete sɛɛ a, yɛnkyerɛ sɛ Bible no yɛ onipa, anaa yɛkyerɛ saa? Saa ara nso na Bible no nkyerɛ sɛ honhom kronkron no yɛ onipa bere a ɛka nsɛm a ɛtete sɛɛ no.

Ɛnde, dɛn ne honhom kronkron no? Ɛnyɛ onipa. Mmom no, Onyankopɔn ankasa adeyɛ tumi a ɔde di dwuma de yɛ n’apɛde. (Genesis 1:2) Nanso ɔkwan bɛn so na honhom kronkron no nya yɛn asetra so tumi? Na ɔkwan bɛn so na yɛn ankasa betumi anya ne dwumadi mu mfaso kɛse?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena