Yɛ Biribiara Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
1 Hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea adɔfo bɛbɔ fekuw! (1 Kor. 16:17, 18) Yɛyɛ saa wɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam, ne ɔmantam nhyiam ase, ne asɛnka mu. Yɛsan hyiam bɔ fekuw wɔ mmere foforo mu, te sɛ bere a yɛma afoforo bɛsra yɛn wɔ yɛn fie no. Sɛ yɛyɛ saa a, yeyi ahɔhoyɛ adi hyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. (Rom. 12:13; 1 Pet. 4:9) Sɛ woreyɛ ayeforo apontow ho nhyehyɛe a, ma afotu pa a ɛwɔ October 1, 1984 Ɔwɛn-Aban mu no ntra w’adwene mu.
2 Apontow Ahorow: Sɛ ‘yɛredidi oo, sɛ yɛrenom oo, sɛ yɛyɛ biribiara oo,’ ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ ade nyinaa hyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ (1 Kor. 10:31-33) Ebinom mfa afotu yi nyɛ adwuma, na nsɛnnennen kɔ so ba esiane apontow a ɛyɛ akɛse dodo sɛ wobetumi ahwɛ so yiye nti. Ɛtɔ da bi a, wɔto nsa frɛ nnipa ɔhaha ba apontow akɛse a wɔde wiase anigyede ka ho ase. Ɛtɔ da bi a wɔma wɔn a wɔba ase no tua ɛhɔnom a wɔba no ho sika anaa nneɛma foforo ho sika. Apontow a ɛtete saa no sɛ wiase dwumadi paa, na adwene a ɛwɔ akyi no mfata na ɛne Bible mu nnyinasosɛm nhyia.—Rom. 13:13, 14; Efe. 5:15-20.
3 Wɔabɔ amanneɛ sɛ Adansefo pii tumi kogye baabi hyiam, a anigyede a ɛmfata na ɛyɛ wiase de a wɔnhwɛ so yiye na ɛkɔ so wɔ hɔ. Wɔayɛ dwumadi a ɛtete saa a wɔtoo din “Yehowa Adansefo” dapɛn awiei, wɔ ahɔhodan ne beae a nkurɔfo kogye wɔn ani. Esiane sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛhwɛ kuw akɛse a ɛtete saa so nti, ɛde ɔhaw ahorow ba. Ɛtɔ mmere bi a ɛkowie anuɔdensɛm, asanom ntraso, ne ɔbrasɛe mpo mu. (Efe. 5:3, 4) Akyinnye biara nni ho sɛ apontow a ɛtete saa nhyɛ Yehowa anuonyam. Mmom no, ɛde ahohorabɔ ba asafo no din pa so, na ɛto afoforo hintidua.—1 Kor. 10:23, 24, 29.
4 Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnkyerɛ ahɔhoyɛ, nanso nea ɛsɛ sɛ wɔma ehia wɔn titiriw ne honhom fam nkuranhyɛ a wɔde bɛma wɔn ho. (Rom. 1:11, 12) Mpɛn pii no apontow nketewa na eye paa. Yɛn Som Adwuma nhoma no ka wɔ kratafa 135 sɛ: “Ɛtɔ bere bi a ebia wɔbɛto nsa afrɛ mmusua pii akɔ ofie bi mu ama Kristofo fekubɔ. . . . Ntease mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ eyi no te nka sɛ nea wɔyɛ no ho asodi da wɔn so. Bere a eyi wɔ wɔn adwene mu no, Kristofo a wɔwɔ nhumu ahu nyansa a ɛwom sɛ wɔbɛto nnipa ne bere dodow a wɔde yɛ saa no ano hye.” Yesu daa no adi sɛ sɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn nnamfo nkuran honhom mu a, nneɛma pii a yɛde bɛkeka ho no nhia.—Luka 10:40-42.
5 Ɛyɛ ade pa sɛ yɛbɛda ahɔhoyɛ adi akyerɛ mfɛfo Kristofo. Nanso, nsonsonoe kɛse wɔ nhyiam korokorowa bi a yɛyɛ wɔ yɛn fie, ne apontow kɛse a wiase honhom da adi wɔ ase a yɛyɛ wɔ dan bi a yɛakogye mu. Sɛ woto nsa frɛ afoforo sɛ worebɛsom wɔn ahɔho a, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wubetumi ahwɛ nea ɛkɔ so no so koraa.—Hwɛ August 15, 1992 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 17-20.
6 Nokwarem no, Yehowa de onuayɛ a yebetumi anya nkuranhyɛ a abotɔyam wom na ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so yɛ nnwuma pa adom yɛn. (Mat. 5:16; 1 Pet. 2:12) Sɛ yɛanyɛ nneɛma antra so na yɛde ntease di dwuma wɔ apontow ahorow mu a, bere nyinaa yɛbɛhyɛ yɛn Nyankopɔn anuonyam ahyɛ afoforo den.—Rom. 15:2.