September Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase September 4
Dwom 148
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.
20 min: “Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Bible Adesua.” Asemmisa-ne-mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo de susuw asɛm no ho. Kenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din nyinaa, na kyerɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho. Ka nkɔso a Bible adesua adwuma anya wɔ mo asafo mu wɔ mfe anum a atwam no mu ho asɛm, na ka nsɛm a ɛne mo ahiade hyia fa wie.
15 min: “Boa Afoforo Ma Ɛnyɛ Mfaso Mma Wɔn.” Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho, na afei ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien.
Dwom 204 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 11
Dwom 216
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika ho amanneɛbɔ.
22 min: “Kɔmputa Ho Nimdeɛ Ho Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya.” Krataa a ɛhyem. Nsemmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem atitiriw, te sɛ 4-8 ne 12-13, sɛnea bere bɛma kwan.
18 min: “Botae Bɛn na Wode Asisi Wo Mma Ani So?” Nsemmisa ne mmuae. Ma abofra biako anaa baanu a wɔyɛ nhwɛso pa anaa mpanyimfo a wɔasom Yehowa fi wɔn mmofraberem nka sɛnea wɔn awofo boaa wɔn ma wɔpaw Ahenni ho nneɛma ho botae horow a ɛfata ho asɛm.
Dwom 187 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 18
Dwom 168
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So.” Ɔkasa a emu yɛ hyew a egyina krataa a ɛhyem no nkyekyem 1 kosi 13 so a ɔsom adwuma sohwɛfo ma.
20 min: “San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo.” Munsusuw nsɛm a wɔahyɛ nyansa sɛ yɛnka wɔ sankɔhwɛyɛ mu no ho. Onua a odi eyi ho dwuma ne adawurubɔfo baanu anaa baasa bɔ nea wɔbɛka no ho nkɔmmɔ, na afei ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nsɛm a wɔbɛka akyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 25
Dwom 177
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Yɛ Biribiara Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Fa nsɛm foforo a egyina August 15, 1992, Ɔwɛn-Aban nkratafa 15-20 so ka ho.
10 min: “Wo Mu Nhwehwɛmu a Yehowa Yɛ—Dɛn Nti na Mfaso Wɔ So?” Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɔpanyin ma.
15 min: “Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So.” Wo ne atiefo mmɔ nkyekyem 14 kosi 17 ho nkɔmmɔ. Si so dua sɛ yɛbɛbɔ mmɔden kɛse akyekyɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ October mu. Esiane sɛ wotintim nsɛmma nhoma no wɔ kasa horow pii mu nti, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ nnipa a wɔka aman foforo so kasa sɛ wotintim nsɛmma nhoma no wɔ wɔn kasa mu. (Ɛsɛ sɛ wɔbɔ asafo a wɔka ɔman no kasa a wɔde saa asasesin no ama wɔn no amanneɛ.) Wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu no, yɛn nsɛmma nhoma no a yɛkyekyɛ no betumi ayɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yɛbɛfa so akanyan anigye, efisɛ ɛma wɔte nsɛm foforo dapɛn biara. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma wɔakra bi wɔ nsrahwɛ biara mu. Ma abusua bi nyɛ sɛnea wɔbobɔ nsɛm so kɔka no ho ɔyɛkyerɛ, sɛnea wɔka wɔ nkyekyem 14 no. Afei nso, da nyansahyɛ ahorow bi a eye a ɛbɛma wɔatumi ama nea wɔde ma akɔ anim adi.
Dwom 193 ne mpaebɔ a wɔde wie.