Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/95 kr. 5-6
  • Kɔmputa Ho Nimdeɛ Ho Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔmputa Ho Nimdeɛ Ho Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Kɔmputa So Amumɔyɛsɛm!
    Nyan!—2012
  • Adwinnade Bi A Mfaso Wɔ So A Ɛboa Nkyerɛase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Yɛn Ahenni Som—1995
km 9/95 kr. 5-6

Kɔmputa Ho Nimdeɛ Ho Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya

1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo nkuran sɛ wɔmmma nneɛma nntwetwe wɔn adwene, efisɛ “wɔatwa bere no tiaa.” (1 Kor. 7:29) Bere a nneɛma nhyehyɛe dedaw yi awiei bɛn no, hwɛ sɛnea egye ntɛmpɛ sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan,’ na ‘yɛatɔ bere a ɛfata’! Bere som bo.—Mat. 6:33; Efe. 5:16.

2 Wɔakamfo mfiridwuma ho nimdeɛ sɛ ade a ɛmma wɔnsɛe bere koraa. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a ɔde kɔmputa yɛ adwuma mia ne potwom bi so pɛ a, ne nsa tumi ka nsɛm bebree ntɛm ara. Mpɛn pii no kɔmputa tumi de anibu kakraa bi yɛ nneɛma a wɔfa akwan foforo so de nnɔnhwerew anaa adapɛn pii yɛ no. Sɛ wɔde di dwuma yiye a, ɛyɛ adwinnade a mfaso wɔ so.

3 Ɛmma Wɔnsɛe Bere Ampa?: Nea ɛne eyi bɔ abira no, nea ɔde mfiridwuma ho nimdeɛ a ɛte saa di dwuma no nsa renka a ɔnhwere nneɛma pii—sika ne bere. Ebia ebehia sɛ ɔde nnɔnhwerew pii sua sɛnea ɔbɛma kɔmputa no ayɛ nnwuma a ɛyɛ mmerɛw koraa no. Afei nso, obi a ɔma afiri no ho nimdeɛ ankasa daadaa no no betumi asɛe bere a anka obetumi de adi dwuma yiye no. Ɛsɛ sɛ yenya adwene a ɛkari pɛ, na yɛma Paulo afotu no mu nnyinasosɛm a ese yɛnnantew sɛ “anyansafo, na yɛntɔ bere a ɛfata mfa” no tra yɛn adwenem.—Efe. 5:15, 16, NW; hwɛ 1 Korintofo 7:31 nso.

4 Ankorankoro bi a wokura adwempa ayɛ nhyehyɛe bi wɔ kɔmputa so a wɔde kora asafo no kyerɛwtohɔ so. Nokwarem no, obi ankasa na ɛsɛ sɛ osi sɛnea ɔde ne kɔmputa bedi dwuma ho gyinae. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde asafo no kyerɛwtohɔ ahorow a wɔde ɛho nkrataa ama no hyɛ kɔmputa so, efisɛ mmofra anaa nnipa foforo a wonni ho kwan sɛ wohu no betumi ahu. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw asafo no kyerɛwtohɔ ahorow—sika ho kyerɛwtohɔ, Asafo mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin, ne nea ɛkeka ho—hyɛ nkrataa a Asafo ti no de ama no so, na ɛnsɛ sɛ wɔde asafo no nkrataa yi so nsɛm hyɛ kɔmputa mu. Wɔ saa kwan yi so no, yɛbɛbɔ asafo no kokoam kyerɛwtohɔ ho ban.

5 Ɛsɛ sɛ ahwɛfo a wɔntoto wɔn asɛyɛde ase no da nhumu adi bere a wɔrekyekyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam dwumadi no. Ɛho hia sɛ wɔma ɔfã pɔtee bi mu nsɛm a wobedi ho dwuma no tra wɔn adwenem. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛremfata sɛ osuani biara kɛkɛ bedi asɛm bi ho dwuma wɔ sukuu no mu. Ɛsɛ sɛ wosusuw dwumadi no atirimpɔw ne fata a onii no fata, ne sɛnea asɛm a wobesusuw ho no te nso ho. Ɛnsɛ sɛ wogyaw ɛho gyinaesi ma kɔmputa no.

6 Ɛnsɛ sɛ onua bi a wɔama no dwumadi bi sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asafo nhyiam ase no de ne ho to asɛm a obi foforo, titiriw, obi a onnim no asiesie so, esiane sɛ ɔde ahyɛ kɔmputa so, na dwuma a ɔde bedi no bɛma ɛho adwuma a ɔbɛyɛ so atew nti. Ɛnyɛ Kristofo a wɔntoto wɔn asɛyɛde ase no adwene ne sɛ wobesiesie Bible mu ɔkasa anaa nhyiam afã horow de ato kɔmputa bi a nnipa pii nsa ka so nsɛm so na afoforo de adi dwuma. Nanso, Asafo ti no CD-ROM so Watchtower Library no betumi ayɛ nnwinnade a ɛsom bo a onua bi nsa betumi aka na aboa no ma ɔde bere kakra a ɔwɔ no ayɛ nhwehwɛmu a etu mpɔn.

7 Ɛdefa kɔmputa so nsɛm, edin ahorow, ne ɛho nkrataa a wɔyɛ kyekyɛ ma anuanom, ne Ɔsom Nhyiam ne Teokrase Ɔsom Sukuu afã horow a wɔnam mfiri anaa akwan foforo so siesie na wɔkyekyɛ ho no: Mpɛn pii no ɛyɛ papa sɛ anuanom besiesie wɔn ankasa nsɛm, bere a wɔma mfaso a wɔn asafo no benya afi mu tra wɔn adwenem no. (1 Tim. 4:13, 15) Ɛnsɛ sɛ yɛde asafo no mu abusuabɔ pɛ sika fam mfaso da.

8 Na kyerɛw nsɛm a wɔde adi dwuma wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Nhoma Adesua mu no nso ɛ? Ebetumi ayɛ nea mfaso wɔ so sɛ adawurubɔfo bɛkyerɛw wɔn ankasa nsɛm ne agyiraehyɛde ahorow wɔ Bible no ne nhoma a yɛresua no ankasa mu. Wɔ asafo nhyiam ase no, sɛ wɔde nhoma no mu Kyerɛwnsɛm a emu nsɛm nnim mu nsɛm a wɔde ahyɛ kɔmputa so atintim di dwuma a, entumi nhyɛ afoforo nkuran sɛ wɔmfa Bible no ankasa nhwehwɛ kyerɛw nsɛm no. Nanso Kyerɛwnsɛm a yebebue ahwɛ bere a yɛyɛ Bible adesua anaa yɛwɔ asafo nhyiam ase no yɛ ntetee a yenya no fã, na esiesie yɛn ma yɛde Bible di dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so. Mpɛn pii, titiriw bere a yɛkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwoware no, etu mpɔn kɛse sɛ yɛbɛkenkan no tẽẽ afi Bible no mu, titiriw bere a yɛhyɛ atiefo nkuran sɛ wɔnhwɛ Bible no mu nni yɛn akyi wɔ akenkan no mu no.

9 Asiane Akɛse Foforo: Sɛnea wɔaka wɔ August 1, 1993, Ɔwɛn-Aban no kratafa 17 no, kɔmputa mu ade bi a wɔkora nsɛm wɔ so (electronic bulletin board) a obi de kɔmputa hu so nsɛm no betumi ama watɔ honhom mu asiane kɛse mu. Sɛnea omimfo bi betumi de biribi a wɔde sɛe kɔmputa so nsɛm ahyem no, saa ara na awaefo, asɔfo, ne nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsɛe afoforo abrabɔ anaa wɔyɛ wɔn biribi foforo no betumi de wɔn nsusuwii bɔne no ahyɛ nea wɔkora nsɛm wɔ so no so. Sɛ wɔanhwɛ kɔmputa mu ade a wɔde kora nsɛm yi, nea wɔato din mpo sɛ “Yehowa Adansefo Nkutoo” a Yehowa asomfo anokwafo nkutoo de di dwuma no so yiye a, ebetumi ama Kristofo a wɔde di dwuma no abɔ ‘fekubɔne.’ (1 Kor. 15:33) Asafo ti no nsa aka amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ wɔde kɔmputa a nnipa pii nsa ka so nsɛm a wose ɛyɛ nnipa ankorankoro bi de abɔ wɔn tirim aka honhom fam nneɛma ho nsɛm nko, na mmom wɔnam so de afotu bɔne ama, atrɛw nseku ne atosɛm mu, de nsusuwii a ɛnteɛ ahyɛ afoforo adwenem, ama nsemmisa ne adwenem naayɛ a ɛsɛe ebinom gyidi asɔre, na wɔde atrɛw Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a ankorankoro bi de ma nso. Sɛ wohwɛ no aniani a, ɛte sɛ nea nsɛm no bi yɛ anigye na aba wom, nanso ebia na awuduru ayɛ mu ma. Kristofo hwɛ kwan sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de honhom mu aduan a ɛyɛ ne bere mu de ne nkyerɛkyerɛ bɛma. (Hwɛ July 1, 1994, Ɔwɛn-Aban nkratafa 9-11.) Kristoni wɔ asɛyɛde a anibere wom sɛ ɔbɔ ne gyidi ho ban wɔ nkɛntɛnso bɔne nyinaa ho, na wɔ eyi mu titiriw no, ɛsɛ sɛ ohu onii a ɔne no rebɔ fekuw no.—Mat. 24:45-47; 2 Yoh. 10, 11.

10 Ɔwɛn-Aban no mu asɛnkoro no sii hia a ɛho hia sɛ yedi nneɛma a afoforo ayɛ ho mmara so so dua. Nnwumakuw a wɔhyehyɛ kɔmputa so nsɛm mu dodow no ara wɔ eyinom ho mmara, na wɔde sɛnea wobetumi de ɛso nsɛm no adi dwuma mmara kwan so ho tumi krataa ma. Tumi krataa no taa ka sɛ nea watɔ no ntumi mfa ɛso nsɛm no bi mma afoforo; nokwarem no, amanaman no mmara a ɛfa nneɛma a afoforo ayɛ ho ka sɛ mmara mma kwan sɛ wɔyɛ saa. Ɛnhaw nnipa adifudepɛfo pii sɛ wobebu mmara no so. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo tie wɔn ahonim wɔ mmara ho nsɛm mu, na wɔde Kaesare de ma Kaesare.—Mat. 22:21; Rom. 13:1.

11 Nnwumakuw akɛse bi tɔn kɔmputa a wɔde ɛso nsɛm ahyehyem dedaw na tumi krataa ka ho. Nanso, mmeae bi a wɔtontɔn kɔmputa mfa tumi nkrataa mma efisɛ ɛso nsɛm a wɔde ahyehyem no nyɛ nea mmara ma ho kwan, kyerɛ sɛ, sɛ nea ɔtɔ no de ɛso nsɛm no di dwuma a, obu mmara no so. Ɛdefa eyi ho no, ɛsɛ sɛ Kristofo kwati sɛ wobeyi nsɛm a mmara kyerɛ sɛ ɛyɛ afoforo de (sɛnea Asafo ti nhoma ahorow te no) afi kɔmputa mu ade a wɔkora nsɛm wɔ so no so a ne wuranom mmaa ho kwan wɔ mmara so.—Heb. 13:18.

12 Ɛsɛ sɛ yɛde mfaso a yenya fi mfiridwuma ho nimdeɛ a yɛde di dwuma biara mu no toto asiane a ebetumi afi dwuma a yɛde di mu aba no ho. Sɛnea yebetumi de television adi dwuma anya so mfaso no, nkɛntɛnso bɔne a ɛrenya wɔ nnipa so nnɛ no ama wiasefo mpo akyerɛ sɛ ɛhaw adwene yiye. Kɔmputa a nnipa pii nsa ka so nsɛm wɔ wiase nyinaa, na ebetumi ama wɔanya nsɛm a ɛsom bo a enni ano wɔ fie ne adwumam. Ɛma nnwuma ne ahyehyɛde ne ankorankoro a ehia sɛ wohu nea ɛkɔ so wɔ wɔn ankasa nneɛma anaa adwuma mu pɛpɛɛpɛ wɔ wiase a yɛte mu a ɛrekɔ n’anim ntɛmntɛm mu no nya mmoa kɛse a wohia no. Bere koro no ara, ɔhaw te sɛ nguamansɛm, nitan ho nsɛm a ɛpaapae nnipa mu, ne sɛnea wodi nsɛmmɔne ho nsɛm fefeefe wɔ kɔmputa a nnipa pii nsa ka so nsɛm no so.

13 Enti, ntease a ɛho hia pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ Kristoni nya adwene a ɛkari pɛ wɔ kɔmputa ho nimdeɛ ho. Nnipa pii renya New World Translation, Insight apo no, ne GetVerse a Asafo ti no de ama wɔ kɔmputa diskɛt so no so mfaso. Afoforo anya CD-ROM no so Watchtower Library a Asafo ti no ayɛ a nsɛm foforo a wotumi de yɛ nhwehwɛmu ka ho a wɔde redi dwuma no so mfaso. Bere a obi hu sɛ mfaso wɔ mfiridwuma ho nimdeɛ bi so no, ɛsɛ sɛ nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ a ɔde di dwuma na wanya mfaso afi mu no ma ɔhwɛ yiye na ɔbɔ ɔne afoforo ho ban wɔ ne fã biara a enye ho. Ɛho hia sɛ yɛkari pɛ na amma mfiridwuma ho nimdeɛ a empira a yɛde di dwuma no ansɛe yɛn bere a yɛahyira so no pii anaa antwetwe yɛn adwene amfi yɛn adwuma ne botae titiriw no so.—Mat. 6:22; 28:19, 20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena